Afe 2015 Teokrase Ɔsom Sukuu no Bɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Atu Mpɔn
1 Ɔdwontofoɔ Dawid twerɛɛ sɛ: “Ma m’anom nsɛm ne m’akomam nsusuiɛ nyɛ wo fɛ, O Yehowa, me Botan ne me Gyefoɔ.” (Dw. 19:14) Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛn anom asɛm yɛ Yehowa fɛ. Enti hokwan biara a yɛbɛnya aka nokorɛ no wɔ asafo no mu ne asɛnka mu no yɛ biribi a yɛmpɛ sɛ yɛtoto no ase koraa. Teokrase Ɔsom Sukuu no yɛ ɔkwan baako a Yehowa fa so tete yɛn ma asɛnka adwuma no. Yɛyɛ sukuu yi nnawɔtwe biara wɔ asafo bɛboro 111,000 mu wɔ wiase afanan nyinaa. Saa ntetee yi aboa anuanom mmarima ne mmaa, mpanin ne mmɔfra, ma wɔtumi kyerɛkyerɛ yie, na wɔfa akwannuasa nyinaa so ka asɛm no akokoɔduro so ma ɛtɔ asom.—Aso. 19:8; Kol. 4:6.
2 Afe 2015 sukuu dwumadie no mu nsɛm bi fi Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, Ɛdeɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu? ne Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nwomawa no mu. Afei wɔate berɛ a yɛde bɛyɛ Bible akenkan mu nsɛntitire ne Dwumadie 1 no so. Yɛrebɛkyerɛkyerɛ nsakraeɛ ahodoɔ yi ne sɛnea yɛbɛyɛ sukuu no mu.
3 Bible Akenkan Mu Nsɛntitire: Onuabarima a ɔbɛyɛ dwumadie yi de simma 2 na ɛbɛyɛ. Ɔbɛhwɛ nnawɔtwe Bible akenkan no mu ayi asɛm baako bi a ɛbɛboa asafo no. Sɛ ɔsiesie ne ho yie a, ɔbɛtumi de simma mmienu no aka biribi a anuanom bɛnya so mfasoɔ. Ɔwie a, ɔde simma 6 bɛma asafo no na obiara de anibuo 30 anaa nea ɛnnu saa aka nea wasua afi nnawɔtwe no Bible akenkan mu. Ɛgye ahosiesie ne ahosodie na yɛatumi de anibuo 30 aka biribi a ɛtɔ asom, nanso ɛyɛ ntetee pa ma yɛn nyinaa. Ɛma afoforɔ nso nya kwan ka nea wɔasua afi nhwehwɛmu a wɔayɛ mu.
4 Dwumadie 1: Wɔate berɛ a yɛde yɛ Bible akenkan no so aba simma 3 anaa nea ɛnnu saa, na akenkan no rennɔɔso. Wɔma wo Bible akenkan a, gye berɛ kenkan fa so mpɛn pii. Woresiesie wo ho a, kenkan no den na hwɛ sɛ wobɛbobɔ nsɛmfua no yie ma emu ada hɔ, na akɔ yɔɔ na nteaseɛ aba mu. Ɛyɛ Yehowa asomfoɔ nyinaa asɛdeɛ sɛ wɔsua akenkan yie, efisɛ akenkan di akoten paa wɔ yɛn som mu. Yɛn mmɔfra pii tumi kenkan adeɛ ma emu da hɔ. Yɛhu saa a, yɛn ani gye paa. Awofoɔ, yɛkamfo mo sɛ moboa mo mma ma wɔtumi kenkan adeɛ ma ɛtɔ asom saa!
5 Dwumadie a Ɛtɔ so 2: Anuanom mmaa de simma 5 bɛyɛ saa dwumadie yi. Ɛsɛ sɛ wɔnwene wɔn asɛm no fa asɛmti a wɔde ama wɔn no ho. Sɛ dwumadie no fi Ɛdeɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu? anaa Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nwomawa no mu a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ no te sɛ nea wɔwɔ asɛnka mu ma ɛne tebea a ɛwɔ mo asasesin mu no hyia. Sɛ ɛwɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm mu a, osuani no bɛsua asɛm no na wahwɛ twerɛsɛm a ɔde bɛdi dwuma, na wakyerɛ asuadeɛ a ɛwɔ asɛm no mu. Sɛ ɔwɔ twerɛsɛm foforɔ a ɛfa asɛm no ho a, ɔbɛtumi de aka ho. Sukuu sohwɛfoɔ no bɛma no ɔboafoɔ baako.
6 Dwumadie a Ɛtɔ so 3: Wɔde dwumadie yi bɛma onuabarima anaa onuawa ma ɔde simma 5 ayɛ. Sɛ onuawa na ɔbɛdi ɔfã yi ho dwuma a, ɔbɛyɛ no te sɛ Dwumadie a Ɛtɔ so 2 no. Sɛ onuabarima na ɔbɛyɛ, na dwumadie no wɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no mu a, ɛsɛ sɛ ɔma no sɛ ɔkasa ma ɛfa atiefoɔ ho. Osuani no bɛnwene n’asɛm no afa asɛmti a wɔde ama no no ho, na ɔbɛpaw twerɛsɛm a ɔbɛkenkan na wakyerɛ asuadeɛ a ɛwɔ ne dwumadie no mu.
7 Ɔkwan Foforɔ a Anuanom Mmarima Bɛfa so Ayɛ Dwumadie a Ɛtɔ so 3: Sɛ dwumadie no wɔ Ɛdeɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu? anaa Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nwomawa no mu, na onuabarima na ɔbɛdi ho dwuma a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no te sɛ obi a ɔreyɛ abusua som anaa ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu. Sukuu sohwɛfoɔ no bɛma osuani no ɔboafoɔ, na wakyerɛ no sɛnea ɔbɛyɛ dwumadie no. Onuabarima no ne ne busuani anaa onuabarima foforɔ na ɛbɛyɛ. Sɛ osuani no wɔ twerɛsɛm foforɔ a ɛfa asɛmti no ho a ɔpɛ sɛ ɔde ka ho a, ɔbɛtumi ayɛ saa. Ɛwom ara a, wɔde ɔfã yi bɛma asafo mu panin ma wayɛ. Ɛba saa a, ɔpanin no ara bɛtumi akyerɛ sɛnea ɔbɛyɛ dwumadie no ne nea ɔne no bɛyɛ. Sɛ anuanom hu sɛ asafo mu panin ne ne busuani anaa onuabarima foforɔ reyɛ dwumadie no a, wɔbɛtumi asua nneɛma pii afi ahokokwa a ɔde kyerɛkyerɛ no mu.
Wɔde afotuo ma wo a, gye tom, fa yɛ adwuma, na nya nkɔsoɔ
8 Afotuo: Osuani biara wie ne dwumadie a, sukuu sohwɛfoɔ no bɛkamfo no na wahwɛ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nwoma no mu de nyansahyɛ bi a ɛfata ama no. Ɔde simma 2 na ɛbɛyɛ wei. Sɛ sukuu sohwɛfoɔ no reto nsa afrɛ osuani no a, ɔrenka ɔkasa sũ a ɔbɛdi ho dwuma. Nanso sɛ ɔyɛ dwumadie no wie a, sukuu sohwɛfoɔ no bɛkamfo no na wakyerɛ ɔkasa sũ a ɔdii ho dwuma no. Afei sukuu sohwɛfoɔ no bɛkyerɛ nea enti a osuani no yɛɛ dwumadie no yie. Sɛ ɛho bɛhia sɛ osuani no di ɔkasa sũ no ho dwuma bio a, ɔbɛto ne bo ase akyerɛ nea enti a ɛbɛyɛ papa sɛ ɔma n’ani kũ saa ɔkasa su no ho.
9 Ɔkasa sũ a osuani biara bɛdi ho dwuma no ho nsɛm wɔ Ɔsom Sukuu nwoma no kratafa 79 kɔsi 81. Sɛ mopɔn adesua a, sukuu sohwɛfoɔ no bɛtwerɛ biribiara a ɛsɛ sɛ ɔtwerɛ ahyɛ osuani no nwoma no mu na wabisa no sɛ ɔtumi yɛɛ ɛho dwumadie (exercise) no anaa. Saa berɛ no, sukuu sohwɛfoɔ no bɛtumi akamfo osuani no, na sɛ afotuo ne nyansahyɛ foforɔ bi wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma no a, wayɛ saa. Sɛ wantumi anyɛ no da no ara a, ɔbɛtumi ayɛ no berɛ foforɔ. Ɛsɛ sɛ yɛbu mmoa a ɛte saa sɛ biribi a ɛbɛboa osuani no ma wanya nkɔsoɔ wɔ Onyankopɔn som mu.—1 Tim. 4:15.
10 Sɛ sukuuni bi di boro ne berɛ so a, ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfoɔ no anaa ne boafoɔ yɛ biribi ma no hu. Ɔbɛtumi abɔ dɔn anaa ɔde ne nsa bɛbɔ biribi so de akyerɛ sɛ ne berɛ aso. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ osuani no bɔ n’asɛm no mua na ɔfi asɛnka adwa no so.—Hwɛ Ɔsom Sukuu nwoma no kr. 282, nky. 4.
11 Sɛ biribiara nsi wo kwan a, ɛnneɛ yɛhyɛ wo nkuran sɛ twerɛ wo din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. (Hwɛ Ɔsom Sukuu nwoma no kr. 282, nky. 6.) Ntetee a yɛnya wɔ sukuu no mu no boa ma yɛde akokoɔduro ka Ahennie no ho asɛmpa, na yɛde nidie ne obuo ma wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no. Sɛ Yehowa hwɛ sɛ teokrase sukuu no atete nkurɔfoɔ ma wɔreyi ne din ayɛ a, na n’ani agye!—Dw. 148:12, 13; Yes. 50:4.