Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/83 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu No Ho Anisɔ A Yebenya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu No Ho Anisɔ A Yebenya
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwankyerɛ Ahorow Ma Sukuu So Ahwɛfo
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Afe 2015 Teokrase Ɔsom Sukuu no Bɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Atu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Fa Onyamesom Pa Ahofama Tete Wo Ho sɛ Wo Botae
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 7/83 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu No Ho Anisɔ A Yebenya

1 Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa hu bo a Teokrase Ɔsom Sukuu no som no. Wɔ mfirihyia aduanan a atwam no mu no, Sukuu no de ntetee a nsa ntumi nka wɔ baabi foforo biara ama Onyankopɔn Ahenni no ho asomfo nyinaa na ama yɛn ho akokwaw wɔ yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. So wo ankasa wunnyaa mfaso mfii wo ho a wode ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no mu?

2 Efi January 1, 1983, no wɔyɛɛ nsakrae wɔ ɔkwan a wɔfa so de afotu ma asuafo wɔ sukuu no mu no mu. So woahyɛ eyi nsow? Sɛnea wubehu wɔ asɛmti “Counsel and Remarks” ase wɔ Theocratic Ministry School Schedule ma 1983 mu no, nhyehyɛe foforo no ne sɛ “Sukuu sohwɛfo no de afotu pɔtee bi bɛma, a ɛho nhia titiriw sɛ odi afotu ho nhyehyɛe a wɔada no adi nnidiso nnidiso wɔ Ɔkasa Ho Afotu kratasin no so no akyi. Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si mmeae horow a ehia sɛ osuani no nya nkɔso wɔ hɔ no so.” Eyi kyerɛ sɛ sukuu sohwɛfo no de n’ankasa nhumu bedi dwuma de akyerɛ nea ɔde afotu bɛma wɔ ho.

3 Osuani a ɔyɛ foforo behia nkuranhyɛ, na enti obetumi akamfo no wɔ mmɔden a wabɔ wɔ ne dwumadi a edi kan no ho no. Wɔ osuani foforo no kasa a ɛto so abien akyi no, sukuu sohwɛfo no betumi de nkamfo ama wɔ ɔkasa mu su bi a na eye ho na afei ɔde afotu ama wɔ nea osuani no betumi ayɛ ho adwuma ho. Sɛ osuani no dwumadi no yɛ akenkan a, afotu no renyɛ nea ɛho hia titiriw sɛ edi Ɔkasa ho Afotu kratasin no akyi nnidiso nnidiso na mmom ebia ebedi nsɛm te sɛ ɛnne nnyigyei, adwene a ɛwom so duasi, ɔkasa mu home anaa nokware a asɛm no yɛ, wɔ faako a ɔde nkyerɛkyerɛmu ma wɔ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ n’akenkan no mu ho no. Wɔ asuafo a wɔn ho akokwaw kɛse no fam no, bere a ɔde nkamfo ama wɔ su bi a eye a ɔdaa no adi wɔ ne kasa no mu ho akyi no, ebia sukuu sohwɛfo no bɛtwe adwene asi su bi a anna adi anaa ɛho hia sɛ ɔde n’adwene si so kɛse so. Ɔkwan foforo so no, ebia sukuu sohwɛfo no bɛtwe adwene asi su a edi hɔ a wɔakyerɛ wɔ afotu kratasin no so no so na wakyerɛ nea enti a na eye.

4 Sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ɔde nkamfo ma ansa na wakyerɛ sɛnea ohuu no anaa ɔde afotu ama wɔ nea ɛho hia sɛ onya nkɔso wom anaa ɔyɛ ho adwuma na onya nkɔso kɛse wom no ho. Ebia osuani bi kasa bɛyɛ nea etu mpɔn araa ma nkamfo kɛkɛ na ɔfotufo no de bɛma wɔ ɔkasa su ahorow abien ho de akyerɛ nea enti a na eye.

5 Wɔ afotu no mu no, sukuu sohwɛfo no bɛma nea ɛyɛ osuani no ahiade mprempren no atra n’adwene mu. Bere a egyina nea wɔakyerɛw wɔ kratasin no so wɔ dwumadi a etwa to a ɔyɛe a ɛyɛ “D” anaa “Ɛ” so no, osuani no behu sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nkɔso a obenya wɔ ɔkasa su pɔtee bi mu ho adwuma anaasɛ ɔbɛyere ne ho anya nkɔso kɛse wom. Wɔ asuafo a wɔn ho akokwaw fam no, sɛ wɔkyerɛw “E” wɔ kratasin no so wɔ nsɛm abien anim wɔ wɔn dwumadi a etwa to a wɔyɛe no mu a, ebia wɔbɛma afã bi a wonnya nkyerɛw hɔ “E” wɔ afotu ho kratasin no so no atra wɔn adwene mu bere a wɔresiesie wɔn ho ama wɔn dwumadi a edi hɔ no.

6 Yegye di sɛ w’ani sɔ nsakrae ahorow yi a wɔyɛe na aboa osuani biara ma wanya nkɔso kɛse wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no. Ɔkwan bɛn so na wokyerɛ anisɔ ma Teokrase Ɔsom Sukuu no? Kae: kɔ a wobɛkɔ daa, wo ho a wode bɛhyem kɛse, Bible akenkan nhyehyɛe no a wubedi akyi, dwumadi biara a wɔde ma wo a wobɛma w’ani abere ho na wode mpaebɔ asiesie wo ho yiye akodi ho dwuma, ne afoforo a ɛkeka ho, nyinaa yɛ nea ɛkyerɛ sɛnea w’ani sɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no. Momma ɛnkɔ so mmoa yɛn nyinaa wɔ mfe a ɛda yɛn anim no mu ma yennya nkɔso kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ho betumi akokwaw kɛse wɔ nokware a yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo no mu.​—1 Tim. 4:15, 16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena