Fa Onyamesom Pa Ahofama Tete Wo Ho sɛ Wo Botae
1 Teokrase Ɔsom Sukuu no kɔ so tete yɛn ma ‘yekura nokwasɛm no mu pɛpɛpɛɛ.’ (2 Tim. 2:15) So woakyerɛw wo din wom? Sɛ wonyɛɛ saa na wofata a, dɛn nti na womma nsiesiei pa yi ho mma wo mfaso denam wo din a wobɛkyerɛw mprempren no so?
2 Sukuu no mu ade titiriw biako ne dapɛn biara Bible akenkan dwumadi no. Ɛsɛ sɛ wode Bible mu atiri a wɔkyerɛ sɛ yɛnkenkan no ka wo kokoam adesua nhyehyɛe ho, na ama woakenkan Bible mũ no nyinaa awie wɔ bere bi akyi.
3 Efi 1993 sukuu nhyehyɛe no so no, wɔbɛkenkan Bible mu nsɛm a Ɔkasa a Ɛto so 2 no fa ho no nyinaa akosi n’awiei a wonnyina wɔ baabiara. Eyi kyerɛ sɛ osuani a ɔma ɔkasa yi no de nkyerɛkyerɛmu bɛma wɔ ne nnianim ne awiei nsɛm no nkutoo mu. Ɛsɛ sɛ onuabarima a wɔde Bible mu nsɛntitiriw ma no no tew nsɛm a ɔbɛka afa Ɔkasa a Ɛto so 2 no ho no so, sɛnea ɛbɛyɛ na nea ɔma saa ɔkasa no atumi asiesie ne Bible akenkan no mu nsɛm no akosi ase.
4 Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ agyiraehyɛde wɔ wɔn a wɔma Ɔkasa a Ɛto so 2, 3, ne 4 no Ɔkasa ho Afotu kratasin no so. Enhia sɛ ɔyɛ no nnidiso nnidiso sɛnea wɔahyehyɛ wɔ afotu kratasin no so no, na mmom obetumi de afotu pɔtee ama wɔ nea ehia sɛ osuani no nya nkɔso wom no ho. (Hwɛ Theocratic Ministry School Guidebook a wɔasakra mu no kratafa 100, nkyekyem 4.) MONHYƐ NO NSOW: Enhia sɛ ɔyɛ agyiraehyɛde wɔ ɔkasafo a ɔyɛ Dwumadi a Edi Kan no afotu kratasin no so, ɛwom sɛ wobetumi ama no kokoam afotu wɔ faako ehia no de.
5 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔfata nyinaa de honhom mu nsiesiei ahorow a Yehowa ayɛ, a ntetee a wɔde ma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu ka ho no di dwuma kosi ase. Ntetee a ɛte sɛɛ no betumi ama wɔayɛ ɔsom adwuma a ɛsow aba pii.—1 Tim. 4:7.