Ɔsom Nhyiam Ma January
MONHYƐ NO NSOW: Ɔhwɛfo guamtrani nyɛ nhyehyɛe na wɔde simma 30 atĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu. Obetumi ayɛ nsakrae a ɛfata wɔ saa dapɛn no Ɔsom Nhyiam no mu. Ɛsɛ sɛ odi kan de dwumadi no ma, na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma anigye so.
Dapɛn a Efi Ase January 4
Dwom 218
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Fa akwan a wɔbɛfa so ama wɔanya nsɛmma nhoma a wɔde bedi dwuma wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei ho anigye ho nyansahyɛ ma.
15 min: “Kanyan Afoforo ma Wonnyen Wɔn Ni Nhwɛ Yesu.” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a ɛka mfaso a ɛwɔ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no so wɔ nkurɔfo a wɔboa wɔn ma wɔpaw nokware som mu ho asɛm.
10 min: “Fa Onyamesom Pa Ahofama Tete Wo Ho sɛ Wo Botae.” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo ma. Kyerɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔma Ɔkasa a Ɛto so 2 no mu pefee, na kae wɔn a wɔma wɔn Bible mu nsɛntitiriw no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka Bible no fã a ɛyɛ Ɔkasa a Ɛto so 2 no ho nsɛm kɔ akyiri.
10 min: Asemmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma.
Dwom 205 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 11
Dwom 20
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ka ho. Kamfo asafo no wɔ ntoboa a wofi ayamye mu yi de di mo asafo no ahiade ho dwuma, ne nea wɔde to Asafo Ti No Ahenni Asa Foto mu ne nea wɔde ma wɔ Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no ho ho. Ka nkratawa ne, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, Onipa a Ɔsen Biara nhoma a wɔde boa nkurɔfo na wɔapaw nokware som ho osuahu ahorow a woapaw kyerɛ sɛnea bere ma kwan. Ka dapɛn no awiei adansedi nhyehyɛe kyerɛ.
20 min: “Ka Yesu Kristo Ho Nokware Nimdeɛ Kyerɛ Afoforo.” Nsemmisa ne mmuae. Yɛ dwuma a wɔde kratawa foforo di ho ɔyɛkyerɛ sɛnea wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 2 ne 3 no.
15 min: “Asɛnka ne Nhyiam a Wɔnkɔ Daa Bere a Wɔkɔ Sukuu no Sodi.” Ɔpanyin a ɔwɔ osuahu, sɛ ebetumi a, agya a ɔyɛ nhwɛso pa, ne adawurubɔfo bi a wɔkɔ sukuu bɔ asɛm no ho nkɔmmɔ. Osi wɔn asɛnka akontaabu a wɔde bɛma bere ano so dua.
Dwom 71 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 18
Dwom 53
5 min: Asafo mu nkaebɔ; fa dapɛn no awiei adansedi ho amanneɛbɔ ka ho. Fa nsɛm a wobetumi de adi dwuma sɛ nnianim nsɛm dapɛn yi awiei wɔ asɛnka mu ho nyansahyɛ biako anaa abien ma.
15 min: “Fa Nhumu San Kɔsra Anigyefo.” Wo ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Yɛ nkyekyem 3 ne 4 mu nsɛm ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba”—Ɔfã 1. Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem nkyekyem 1-8 ho. Sɛ mususuw nkyekyem 5 ho wie a, yɛ Nya Abusua Asetra Mu Anigye kratawa a wɔde fi nkɔmmɔbɔ ase ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ mususuw nkyekyem 8 ho wie a, yɛ kratawa a wɔde di bɔnnɔ so adanse ho ɔyɛkyerɛ
10 min: Mo asafo no mu ahiade ahorow.
Dwom 128 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 25
Dwom 196
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
10 min: “Kɔ So Ka Nea Woahu na Woate.” Ɔkasa. Fa bɔnnɔ so adansedi ho osuahu ahorow a moanya wɔ mo hɔnom no ka ho.
20 min: “Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba”—Ɔfã 2. Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem nkyekyem 9-16 ho. Sɛ mususuw nkyekyem 10 ho wie a, yɛ sɛnea wɔde kratawa fi Bible adesua ase ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ mususuw nkyekyem 13 ho wie a, yɛ sɛnea wɔde So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ? kratawa no fi adesua ase ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: “Wubetumi Anya Awerɛkyekye wɔ Ɔhaw Mmere Mu.” (wTW92 7/15 nkr. 19-22) Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a ɔpanyin ma.
Dwom 103 ne mpaebɔ a wɔde wie.