Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/93 kr. 1
  • Kɔ So Ka Nea Woahu na Woate

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Ka Nea Woahu na Woate
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • To Nsa Frɛ Afoforo Ma Wonni Onipa a Ɔsen Biara no Akyi
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Boa Afoforo ma Wonsua Onipa a Ɔsen Biara no ho Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 1/93 kr. 1

Kɔ So Ka Nea Woahu na Woate

1 Bere a wɔde ɔhwe ne afiasenna hunahunaa asomafo no mpo no, wɔka kyerɛɛ wɔn asɔretiafo no sɛ: “Yentumi nnyae nea yɛahu na yɛate no ka.” (Aso. 4:20, New World Translation) Wɔkyerɛɛ bo a Yesu nnwuma ne ne nkyerɛkyerɛ som no ho anisɔ.

2 Yesu ne n’Ahenni ho asɛmpa no ho hia nnipa nnɛ te sɛ saa bere no ara. Enti, ɛsɛ sɛ yɛde hokwan biara ka nea yɛahu na yɛate afi Onyankopɔn Asɛm mu no. Sɛ yɛde ahokokwaw ka asɛm no a, nkurɔfo taa de adwene a emu da hɔ ne yɛn ka nyamesom ho asɛm, na eyi ma hokwan afoforo a yɛde bedi adanse bue.

3 Mmofra, Monkasa wɔ Sukuu Mu: Adansefo mmofra pii de hokwan ahorow di wɔn mfɛfo sukuufo ne wɔn akyerɛkyerɛfo adanse. Ɔdansefo kumaa bi a bere nyinaa ɔbɔ mmɔden sɛ obehu nsɛm a ne mfɛfo sukuufo bɔ ho nkɔmmɔ no de asɛm bi a esii wɔ sukuu no dii dwuma, na ɔde nhoma a ɛfata kyerɛɛ akyerɛkyerɛfo ne ne mfɛfo sukuufo no. Dɛn na efii mu bae? Ɔde nhoma 35 maa da koro! Esiane sɛ wɔadan nnipa pii adwene aba Yesu Kristo ne asomdwoe ho adwenhorow so fi ɔsram a etwaam no mu nti, so ɛrenyɛ bere pa sɛ mobɛma mo mfɛfo sukuufo ne mo akyerɛkyerɛfo ahu sɛnea Yesu a ɔyɛ Ɔhene a ɔredi tumi no betumi adi wiase no mu ɔhaw ahorow ho dwuma?—Fa toto Luka 2:14 ho.

4 Sɛ wo ho a womfa nhyɛ Buronya ne Afe Foforo no ho amanne horow mu dan asɛm a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Minni Buronya afahyɛ horow no bi efisɛ afahyɛ horow a ɛte sɛɛ no nni Yesu ni sɛ obi a ne nkutoo so na yɛnam benya nkwagye, ne obi a ɔno nkutoo na ɔbɛma ɔko ne mmusuakuw ntam ɔhaw ahorow aba awiei. [Fa Asomafo no Nnwuma 4:12 mu asɛm ka anaa kenkan.] Yesu nyɛ akokoaa bio, na mmom ɔyɛ Ɔhene a ɔredi tumi. Nhoma yi, Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, ka Yesu nkyerɛkyerɛ ne anwonwade ahorow nyinaa ho asɛm, na ɛkyerɛ sɛnea ɔbɛma amane a nnipa hu no aba awiei.” Afei fa ti 133 mfonini no kyerɛ, na kenkan kratafa a edi hɔ no nkyekyem a ɛto so abien no. Fa nsɛm afoforo a wote nka sɛ ebia onipa no ani begye ho no kyerɛ no. Bere a woaka asɛm no awie no, fa nhoma no ma no anigye so.

5 Wo ne Wo Mfɛfo Adwumayɛfo Nkasa: Onua bi de nhoma 63 mae denam Onipa a Ɔsen Biara nhoma no bi a ɔde too ne pon so kɛkɛ no so. Ne fɛ ne ne din no ankasa ma wobisa ho nsɛm. Wubetumi abisa wo yɔnko dwumayeni bi tiawa sɛ: “Hena na wobɛka sɛ ɔne onipa a ɔsen obiara a watra ase pɛn?” Afei fa ka ho sɛ: “Nhoma yi ka Yesu asetra nyinaa ho asɛm kɛse, ɛka ɔkasa biara a ɔmae, ebua nsɛm a nnipa pii bisa wɔ n’anwonwade ahorow ho, na ɛde nsɛm a ɛyɛ anigye afoforo ma. Ɛyɛ nhwehwɛmu fefeefe a ɛfa nea Bible no kyerɛkyerɛ fa Yesu ho no ho, na ɛda no adi pefee sɛ Yesu ne onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn.” Afei twe adwene si asɛm a Napoléon ka faa Yesu ho a wɔafa aka asɛm wɔ nhoma no nnianim asɛm no nkyekyem a ɛto so abiɛsa no mu no so.

6 Hokwan ahorow a ɛte saa ara betumi abue ma woadi afipamfo anaa w’abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no adanse. Bɔ mpae na ama Yehowa ama wo akokoduru ne tumi na wode akasa wɔ bere a ɛfata no mu. (Aso. 4: 29, 31) Nea yɛwɔ ka fa Yesu ho no bɛma nnipa komapafo a wosusuw nneɛma ho no koma ani agye. Osuahu a eye sen eyi bɛn na yebetumi anya sɛ yɛbɛboa yɛn yɔnko sukuuni, yɛn yɔnko dwumayeni, ofipamfo anaa obusuani bi ma wɔaba daa nkwa kwan no so?—Yoh. 14:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena