Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
1 Ɛrenkyɛ na wɔasan abue sukuu bio. Mmofra ɔpepem pii rebɛsan akɔ sukuu. Ɛhɔ na sukuufo no bedi bere pii wɔ da biara mu de anya nimdeɛ ne nyansa a ɛbɛboa wɔn akyiri yi sɛ mpanyimfo. Nanso, ebia mmofra yi behyia nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia a mfaso nni so ne adwen horow a ɛpene ɔbrasɛe so anaasɛ ɛhyɛ ho nkuran. Ebia wɔbɛma wɔasisi gyinae atitiriw bi a ɛfa wɔn daakye ho a wɔmfa honhom mu akwankyerɛ biara mma wɔn. Bere a ɛkame ayɛ sɛ saa asasesin kɛse yi yɛ nea mpanyimfo ntumi nkɔ mu no, adawurubɔfo nkumaa pii nso wɔ hɔ a wɔkɔ sukuu a wotumi ka asɛmpa no kyerɛ wɔn a wɔyɛ koma pafo.
AKWAN HOROW A WOBƐFA SO ADI ADANSE WƆ SUKUU
2 Bere a wɔwɔ sukuu no, adansefo nkumaa binom ahu sɛ eye sɛ wobenya Wubetumi Atra Ase Daa anaa Bible Mu Nsɛm nhoma no bi wɔ wɔn ho. Onua kumaa biako gyaw nhoma horow yi gu ne pon so. Bere a mfɛfo sukuufo abisa ho asɛm no, ebue kwan ma nkɔmmɔbɔ. Enti, odi sukuufo ne akyerɛkyerɛfo adanse a etu mpɔn na wafi Bible adesua pii ase mpo.
3 Ɔdansefo kumaa foforo de hokwan ahorow a onya bere a wokodidi awia no ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ sukuufo ahorow ahorow. Ose ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ obefi nkɔmmɔbɔ ase denam biribi a wɔasusuw ho mprempren ara wɔ sukuu dan mu a ɔbɛka ho asɛm no so. Afei ɔdan adwene kɔ asɛm bi a ɛte saa ara so wɔ Nyan! nsɛmma nhoma foforo a aba no biako mu. Onuawa kumaa yi tumi yɛ sankɔhwɛ na ofi Bible adesua ase wɔ sukuu mu hɔ ara.
4 Adansefo nkumaa betumi anya hokwan nso aka asɛmpa no wɔ sukuu mu adesua anaa dwumadi ahorow mu. Wɔ sukuu dan biako mu no, wɔka kyerɛɛ sukuufo no sɛ wɔmfa nyansahu mu nsɛm a edi adannandi ho adanse mmra. Onua kumaa biako kɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo no nkyɛn wɔ adesua no akyi na obisae sɛ obetumi de nyansahu mu nneɛma a edi adebɔ ho adanse ama. Ɔkyerɛkyerɛfo no penee so. Onua no de amanneɛbɔ soronko mae na ne mfɛfo sukuufo no bɔɔ wɔn nsam maa no. Ɔkyerɛkyerɛfo no ani gyee ho araa ma ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔdaa amanneɛbɔ no adi kyerɛɛ sukuufo afoforo.
5 Wɔ mmea binom no, wɔyɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo a wɔfata kɔkasa kyerɛ sukuufo akuw horow. Wɔakyerɛkyerɛ yɛn nkyerɛkyerɛ ne dwumadi ahorow mu pii na wɔayi Asafo sini ahorow no bi akyerɛ wɔn. Ɛnyɛ sukuufo nko, na mmom akyerɛkyerɛfo ne sukuu mpanyimfo nso anya mu mfaso.
W’ABRABƆ SƐ́ ƆDANSEFO
6 Mmofra nkumaa bɔ mmɔden nso sɛ wobesusuw sɛnea wɔn abrabɔ ka nokware no ho, sɛ́ ɛyɛ nea ɛkamfo asɛmpa no anaasɛ egu ho fĩ. Akyerɛkyerɛfo pii abenya nokware no ho nimdeɛ esiane Adansefo mma a wɔwɔ sukuu abrabɔ pa nti. Ɔkwan foforo so no, sukuufo a wɔyɛ wiasefo no su ne wɔn nneyɛe yɛ nea mpɛn pii obu nnim. Wɔyɛ anihawfo, wonsusuw wɔn adwuma ho na wɔyɛ asoɔdenfo wɔ sukuu dan mu. Wɔtaa tɔ ɔhaw a anibere wom mu. Wɔn a wohu wɔn no ntaa nkasa ntia wɔn nyamesom. Nanso dɛn na ɛba bere a sukuuni no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako no? Esiane gyinapɛn a ɛkorɔn a yekura mu ne sɛnea wonim ahyehyɛde no nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yekura abrabɔ pa mu bere nyinaa. Ɛmmra sɛ yɛn abrabɔ bɛyɛ nea ɛne Yehowa ahyɛde ahorow hyia bere nyinaa na ahyɛ no anuonyam.—Dw. 119:9.
7 Awofo betumi adi dwuma titiriw wɔ biako a wɔne akyerɛkyerɛfo bɛyɛ no mu. Onuawa biako twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛkɔ ne babea no ɔkyerɛkyerɛfo foforo no nkyɛn esiane sɛ na wate sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nte asɛm ase na n’asɛm ka yɛ den nti. Awiei koraa no onuawa no nam anifere kwan ne ayamye so kɔɔ ne nkyɛn na ɔdaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obedi aboa no wɔ n’adwuma a ɛyɛ den no mu no adi kyerɛɛ no. Onuawa no maa ɔkyerɛkyerɛfo no School and Jehovah’s Witnesses nhomawa no biako de wiee n’asɛm no. Ɔkyerɛkyerɛfo no gyee nhomawa no na akyiri yi ɔkae sɛ ɔkenkanee ne nyinaa. Wɔ saa afe no mu no ne su wɔ Ɔdansefo kumaa no ho no kyerɛe sɛ n’ani sɔɔ nea ɔkenkanee wɔ nhomawa no mu.
8 Sɛ woyɛ ɔdansefo kumaa a ɔresan akɔ sukuu na ɛyɛ wo pɛ a emu yɛ den sɛ wobɛboa wo mfɛfo sukuufo a wɔyɛ koma pafo a, ɛnde ka asɛmpa no ho asɛm na nya Yehowa anisɔ ne ne nhyira mu awerɛhyem.—Dw. 148:12, 13.