Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/85 kr. 3-4
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA YEHOWA HWƐ KWAN
  • NEA AWOFO BETUMI AYƐ
  • FA SCHOOL NHOMAWA NO DI DWUMA
  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho Sɛ Wɔbɛsan Akɔ Sukuu?
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Sukuu ne Yehowa Adansefo—Nhomawa no Reboa
    Nyan!—1986
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 11/85 kr. 3-4

Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?

1 Wobuee sukuu wɔ September mu. Wɔ adansefo nkumaa pii fam no, nea eyi kyerɛ ne akyerɛkyerɛfo afoforo a wobenya, nneɛma afoforo a wobesua ne nsɛnnennen afoforo a wobehyia. Bere a wɔkyerɛ wo ade wɔ sukuu no. wowɔ hokwan nso sɛ wokyerɛkyerɛ afoforo. Wubetumi ne w’akyerɛkyerɛfo ne wo mfɛfo sukuufo asusuw Ahenni no ho asɛmpa no ho. Ahokokwaw a wode bedi adanse wɔ sukuu mu no betumi ayɛ pii na ɛde ayeyi abrɛ Yehowa din na ɛde akomatɔyam ne anigye kɛse nso bɛbrɛ wo.

NEA YEHOWA HWƐ KWAN

2 Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ mmofra de wɔn ho hyɛ nokware som mu. (Dw. 148:12, 13) Wayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma mmofra anya kyɛfa wɔ ne som mu. (Dw. 110:3; Mat. 13:14) Ɛdenam nnamyɛ a wode bedi adanse akyerɛ wo mfɛfo sukuufo ne kura a wubekura abrabɔ pa mu bere a wowɔ sukuu mu so no, wubenya Yehowa din a wɔretew ho no mu kyɛfa. (Mmeb. 27:11) Ebia wo gyidi ho nhwɛso pa no bɛkanyan afoforo nso ma wɔahyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam.​—Mat. 21:15, 16; Fil. 2:20.

3 Ma ɛntra w’adwenem sɛ ntetee na ɛde ahokokwaw ba. Sua a wosua afiri a wɔde bɔ nnwom bi bɔ ara kwa no nkyerɛ sɛ obi nim bɔ yiye. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ mmofra di kan nya Kristofo mfitiase dwumadi ahorow mu kyɛfa ansa na wɔatumi abɛyɛ wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu. Kɔ so nyin te sɛ nea abofra Yesu yɛe no. (Luka 2:52) Sua akenkan yiye. Ma w’ani nku nneɛma a wusua wɔ sukuu no ho yiye. Bu w’abusua ne asafo mu adesua ahorow no aniberesɛm. Ɛdenam eyi a wobɛyɛ so no, wobetumi abɔ wo din pa te sɛ aberantewaa Timoteo.​—Aso. 16:1, 2.

NEA AWOFO BETUMI AYƐ

4 Awofo, monhyɛ mo mma nkuran na mommoa wɔn ma wonni adanse bɔnnɔɔ so bere a wɔwɔ sukuu mu no. Monkyerɛ wɔn sɛ gyina a wogyina hɔ ma nokware no na wodi ho adanse kyerɛ no bɔ wɔn ho ban’ fi wɔn ho a wɔde bɛhyɛ abrabɔ bɔne mu bere a wɔwɔ sukuu mu no ho mpɛn pii. Ɛma sukuufo a wɔnyɛ Adansefo no bu wɔn nso.

5 Mpɛn pii tebea horow sɔre wɔ sukuu mu a ɛma wɔn mfɛfo hyɛ wɔn kɛse sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ sukuu dwumadi ahorow mu anaasɛ wɔne wɔn ntu kwan nkɔhwɛ mmeae ahorow wɔ bere a wɔmfa nsua ade wɔ sukuu no mu. Ebia nhyɛso a efi akyerɛkyerɛfo ne wɔn a wɔtete ammirikatufo hɔ sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ dwumadi afoforo a ɛnka sukuu adesua ho mu no bɛyɛ nea ano yɛ den kɛse sen sɛnea wo ba no nkutoo betumi agyina ano. Wɔatintim nsɛm a eye a ɛbɛhyɛ adwene a ɛteɛ wɔ asɛm yi ho no mu den wɔ School nhomawa no nkratafa 22-5. Dɛn nti na momma mo dapɛn dapɛn abusua adesua no nyɛ nea egyina nsɛm a ɛte saa so wɔ bere bi mu. Asɛm no fã a ɛwɔ nkratafa 8-11 no ka abrabɔ ho nnyinasosɛm ahorow a ɛsɛ sɛ Ɔdansefo kumaa di akyi na ama wasɔ Yehowa ani ho asɛm tiawa a emu da hɔ nso. Sɛ adesua a emu dɔ ho hia a, mubetumi anya nsɛm pii wɔ Youth nhoma no mu. Bere a mubegye na mone mo mma asusuw nsɛm yi ho no bɛma nneɛma pa afi mu aba.​—Mmeb. 22:6.

FA SCHOOL NHOMAWA NO DI DWUMA

6 Dɛn nti na womfa nhomawa no nkɔ sukuu? Sɛ wo kyerɛkyerɛfo no nni bi a, wubetumi ama no biako. Kyerɛ sɛnea wɔada nneɛma adi pefee nanso wɔayɛ saa wɔ ɔkwan tiawa so no, na kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wo kyerɛkyerɛfo no sɛ w’ani begye wo sɛ ɔbɛkenkan nhomawa no sɛnea ɛbɛyɛ a obedi kan ahu nea ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan wɔ w’abrabɔ ho wɔ sukuu afe no nyinaa mu. Eyi betumi ama wɔakwati nsɛnnennen pii a ɛfa frankaakyia, nnɔpɔnnadi ne tebea afoforo ho. Sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ sukuu mu a, mma wo koma ntu, nsuro. Mmom no, fa wo ho to Yehowa so denam bɔ a wobɛbɔ no mpae no so. Yi obu kɛse adi, nanso kura wo Kristofo gyinaesi no mu pintinn. Nokwarem no, ‘siesie wo ho daa sɛ wobɛkyerɛ obiara a obisa’ wo gyinaesi no ho asɛm no ase. Nanso kae sɛ ɛsɛ sɛ wode nnamyɛ ne obu kɛse yɛ saa. So woasiesie wo ho ama ɛno?​—1 Pet. 3:15.

5 Bere a wokɔ so de Kristofo nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ sukuu afe no mu no, wubetumi anya ahotoso sɛ nhyira pa pii a efi Yehowa hɔ retwɛn wo mprempren ne daakye. Sɛnea Mmebusɛm 20:11 ka no, “Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’ade bɛyɛ yiye na ateɛ.”​—Hwɛ Dwom 37:37 nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena