Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/87 kr. 1-2
  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MUNTI SCHOOL NHOMAWA NO MU
  • So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho Sɛ Wɔbɛsan Akɔ Sukuu?
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Sukuu ne Yehowa Adansefo—Nhomawa no Reboa
    Nyan!—1986
  • So Ɛsɛ Sɛ Mekɔ Sukuu?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 9/87 kr. 1-2

Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu

1 Bere a sukuu afe foforo no hyɛ ase saa ɔsram yi no, ɛsɛ sɛ awofo, mpanyimfo, ne mmofra nyinaa de anibere susuw nsɛnnennen a Kristofo mmofra behyia no ho. Dɛn na ɛbɛboa wɔn ma wɔanya nea eye kyɛn so afi wɔn nhomasua hokwan ahorow no mu bere a wɔyɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ abrabɔ pa mu na wokura Kristofo mudi mu no?

2 Bere bi a na ɛsɛ sɛ Daniel ne ne mfɛfo a na wonnii mfe 20 no sua nhoma no, wɔde mmɔdenbɔ siesiee wɔn ho. Wɔn ‘tirim a wɔbɔe’ sɛ wobekura wɔn mudi mu no de Yehowa dom ne nhyira brɛɛ wɔn. Tirimbɔ a ɛyɛ pintinn a ɛte saa sɛ wobedi nokware ama Yehowa wɔ sukuu afe a ɛda yɛn anim no mu de akatua pa bɛbrɛ Kristofo mmofra nnɛ.​—Dan. 1:8, 17; Mmeb. 10:22.

MUNTI SCHOOL NHOMAWA NO MU

3 Awofo wɔ afã titiriw wɔ mmofra a wɔbɛboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ho honhom mu ama sukuu afe foforo no mu. Bere a ɔdɔ ka awofo no, ɛsɛ sɛ wodi kan gye bere na wɔne wɔn mma ti School nhomawa no mu fefeefe. Monyɛ nhyenhyɛe pɔtee bi mfa nhomawa no bi nkɔma akyerɛkyerɛfo ne sukuu mpanyimfo afoforo. Wobetumi ahyɛ mmofra no bi nkuran ma wɔn ankasa de nhomawa no akɔma wɔn akyerɛkyerɛfo. Nanso, ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn bobɔ nea wɔbɛka ne sɛnea wɔbɛka no no nyinaa so. Sɛ tebea bi sɔre wɔ sukuu mu a, ɛsɛ sɛ awofo ne mmofra ti nhomawa yi afã horow a ɛfata no mu ansa na wɔasi gyinae a etwa to. (Fil. 1:10) Awofo betumi ayɛ pii de ahyɛ Yehowa din anuonyam denam wɔn mma a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wobegyina nokware no afã pintinn na afei wɔaboa sukuu mpanyimfo ma wɔate yɛn Kristofo gyinabea no ase no so.

4 Mpanyimfo nso betumi aboa mmofra ma wɔasiesie wɔn ho honhom mu. Monhwɛ sɛ asafo no wɔ School nhomawa no dodow a ɛsɛ wɔ hɔ. Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo betumi abisa awofo ne mmofra sɛ ebia wohia mmoa bi anaa. Mpanyimfo pii da wɔn ani a egye mmofra no Kristofo abrabɔ ne wɔn mmɔdenbɔ wɔ sukuu mu ho no adi, na wɔ saa kwan yi so no wotumi de nkamfo ne mmoa a ɛfata ma sɛnea wohia. Komam a asafo mu mpanyimfo fi susuw mmofra no ho no hyɛ wɔn mpamden na ebetumi ayɛ “denhyɛ mmoa.”​—Kol. 4:11, 12, NW.

5 Mmofra, so moasiesie mo ho sɛ mubekura Kristofo nnyinasosɛm ahorow mu wɔ sukuu mu? Ɛnyɛ mo ne Adansefo mmofra afoforo a wɔwɔ mo sukuu no mu mprempren no nkutoo na ebenya ɔpɛ ne ahoɔden a mode bɛyɛ saa no mu mfaso na mmom wɔn a wobedi mo akyi wɔ mfe a ɛbɛba no mu no nso. So mubetumi agyina atipɛnfo nhyɛso a ɛbɛdaadaa mo ma mode mo ho ahyɛ ɔbrasɛe mu no ano? So wubetumi de akokoduru akura Kristofo afã biara a wonni no mu wɔ fɛwdi anaa ɔhwe mpo mu? So woasiesie wo ho sɛ wode School nhomawa no ne Reasoning nhoma no bedi dwuma pa de akyerɛkyerɛ w’adwene a egyina Bible so no wɔ nnapɔnna, wiase afahyɛ horow ne ahonisom ho no mu? So sukuu adesua akyi dwumadi ahorow ne agodi akyidi bɛdaadaa wo akɔ fekubɔ bɔne afiri mu? Sɛ́ woakenkan School nhomawa no dedaw anaasɛ dabi no, tĩ mu bio na ‘bɔ wo tirim wo komam’ wɔ nea wobɛyɛ ho. Sɛ woyɛ eyi a, wo nneyɛe ne Adansefo afoforo a wɔahyira wɔn ho so a wɔwɔ sukuu mu no abrabɔ pa behyia.

6 Ɛmmra sɛ awofo ne mmofra nyinaa besiesie wɔn ho honhom mu na wɔde nsɛm a ɛwɔ School nhomawa no mu no adi dwuma wɔ sukuu afe foforo yi mu, na Yehowa nhyira mo nokwaredi wɔ eyi mu no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena