So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho Sɛ Wɔbɛsan Akɔ Sukuu?
1 Adapɛn kakraa bi pɛ mu no, Kristofo mmofra bɛsan akɔ sukuu. Eyi betumi akanyan nkate na ɛde adwene mu naayɛ bi aba. Nea ɛde nkate ahorow yi bɛba no ne hokwan ne nsɛnnennen ahorow a wɔde ani bu no. Mmofra binom behyia mfɛfo adesuafo ne akyerɛkyerɛfo afoforo. Afei nso Kristofo mmofra hu sɛ sukuu afe foforo biara ma wohyia wɔn gyidi, mudi mu kura, ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no ho sɔhwɛ. So mo mmofra a mowɔ asafo no mu no asiesie mo ho sɛ mobɛsan akɔ sukuu? Ɔkwan bɛn so na mo awofo mubetumi ahyɛ mo mma den ama sɔhwɛ ahorow a ɛda wɔn anim no?
SUKUU NHOMAWA NO A WƆDE BEDI DWUMA
2 Wɔ 1983 mu no, wɔde Sukuu nhomawa no maa awofo ne wɔn mma a wɔkɔ sukuu no titiriw. Wɔasiesie no sɛ ɛbɛboa ma wɔaka Yehowa Adansefo gyidi ne nneyɛe horow sɛnea eyinom fa sukuu mu dwumadi binom ho no ho asɛm akyerɛ akyerɛkyerɛfo ne sukuu mpanyimfo fann. Afei nso ɛde sɛnea Yehowa Adansefo yɛ biako wɔ abrabɔ mu no ho akwankyerɛ ma.
3 Nhomawa yi ayɛ ahobammɔ ankasa ama mmofra pii. Sɛ nhwɛso no, ɔman bi mu no, Ɔdansefo ɔwofo bi tee sɛ nkurɔfo a wɔbɔ ahohwibra na wɔkyerɛ adesuafo no mmarima ne mmea ntam abusuabɔ ho ade. Bere a ɔwofo no kura nhomawa no, otumi kaa nea ɔmpene so a egyina Kyerɛwnsɛm so no ho asɛm na otumi ma wɔyɛɛ nsakrae ahorow wɔ ne babea adesua mu.
4 Ansa na wobebue sukuu no, awofo betumi ahyɛ wɔn mma adwene ne wɔn koma den denam bere a wobegye de akaakae wɔn adwene wɔ nhomawa no mu nsɛm ho no so. Sɛ awofo susuw mmofra no mfe, gyinapɛn a wɔwɔ, ne wɔn sukuu ho yiye a, wobetumi asi nhomawa no mu nsɛntitiriw bi a ebetumi aboa titiriw afe no mu so dua. (Mmeb. 14:15; 22:3) Wo ne wo ba no mmobɔ tebea horow a obetumi ahyia no so, na da sɛnea nsɛm a wɔatintim no ho betumi aba mfaso wɔ ‘akwantrenee a obesiesie ama n’anan’ mu no adi kyerɛ no. (Heb. 12:13) Ma abofra no nhu hia a ɛho hia sɛ odi nokware na ɔkyerɛ obu wɔ sukuu mu no. (Hwɛ 1990 Yearbook no nkratafa 57, 58)
5 Awofo betumi ayɛ pii de aboa wɔn mma ma ‘wɔayi wɔn ho ano akyerɛ obiara’ a ebia obebisa wɔn adwene ne anidaso ahorow ho asɛm no. (1 Pet. 3:15) Nsɛm no bi mu no, awofo betumi apaw sɛ wɔn ankasa ne ɔkyerɛkyerɛfo no bɛkasa. Kristofo awofo binom yɛ nhyehyɛe kɔsra sukuu no mu bere ne bere mu, efisɛ eyi betumi aboa ama abusuabɔ pa abɛda wɔne akyerɛkyerɛfo no ntam. Anigye a wɔkyerɛ saa no hyɛ ɔwofo ne ɔba ntam abusuabɔ mu den nso. Afei awofo binom de Awofo ne Akyerɛkyerɛfo Kuw (Parent-Teacher Association) nhyiam horow no di dwuma na wɔne akyerɛkyerɛfo bɔ nkɔmmɔ na wobisa abofra no adesua mu nkɔso ne n’abrabɔ wɔ sukuu mu ho asɛm. Eyi nso ma wonya hokwan bua ɔkyerɛkyerɛfo no nsemmisa ahorow, sɛ ɔwɔ bi a.
YƐ ƆDANSEFO DA BIARA
6 Ɔdansefo kumaa bi a ɔwɔ Colorado, U.S.A. tumi bisa ne kyerɛkyerɛfo sɛ ɔnkyerɛ no nsɛmfua a emu yɛ den ase bere a ɔkenkan Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no da biara no. Da bi, ohui sɛ ne nhomawa no ayera. Akyiri yi ohui sɛ ne kyerɛkyerɛfo no “fɛmee” saa da no bere a na ɔrekɔ fie ntɛm esiane sɛ na ɔyare nti no. Wampɛ sɛ ɛda no mu asɛm no kenkan bɛpa ne ti so. Eyi maa n’ankasa nyaa Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa no bi.
7 Ɛyɛ nokware sɛ sukuu afe foforo no de adwenem naayɛ ne dadwen ba. Nanso, ɛho adwempa ne mmɔdenbɔ a wɔde siesie wɔn ho bɛboa awofo ne mmofra ma ‘wɔakyekyere wɔn adwene ama dwumadi’ de ayi Yehowa ayɛ wɔ sukuu afe a ɛreba no mu.—1 Pet. 1:13.