Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/83 kr. 4
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐNEA WODI ADANSE WƆ SUKUU
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Mmofra—Momfa Mo Sukuukɔ Mu Hokwan Nni Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Kɔ So Ka Nea Woahu na Woate
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 2/83 kr. 4

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Sukuu

1 “Munyi [Yehowa] ayɛ . . . mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra.” (Dw. 148:7, 12) Bere a mmofra kɔ sukuu no wɔwɔ hokwan fɛfɛ sɛ wobeyi Yehowa din ayɛ. Wɔ wɔn mfɛfo a wɔne wɔn kɔ sukuu ne wɔn akyerɛkyerɛfo mu no, baabi a wobetumi adi adanse hokwan kɛse abue. Ɛtɔ bere bi a ebia ɛbɛyɛ nea ɛyɛ den sɛ wubedi mfɛfo sukuufo anaa akyerɛkyerɛfo adanse. Nanso ɛho nhia sɛ wofɛre anaa wusuro. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Medi w’akyi, na mayi wo.”​—Yer. 1:8.

SƐNEA WODI ADANSE WƆ SUKUU

2Susuw nsemmisa a edidi so yi ho: ‘So mede hokwan ahorow a minya wɔ sukuu no ka Yehowa atirimpɔw ahorow ho asɛm? So me su da Yehowa, Onyankopɔn a afoforo de ne din hu me no adi yiye?’​—Dw. 145:21; Mat. 21:16.

3 Fa hokwan ahorow no di dwuma bere a moresusuw asɛm a ɛfa adannandi ho no ho. Adansefo a wɔyɛ mmofra no binom de mmere horow a ɛte saa adi dwuma de nhoma, Did Man Get Here by Evolution or by Creation? no bi amema wɔn akyerɛkyerɛfo ne wɔn mfɛfo sukuufo no bi. Wɔde nhoma yi adi dwuma nyansa mu wɔ sukuudan mu nkɔmmɔbɔ ahorow mu de agyina Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa adebɔ ho no akyi. Esiane abrabɔ bɔne ne nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so a abu so wɔ sukuu mu no nti, Kristofo mmofra binom atumi de nhoma, Your Youth​—Getting the Best out of It no adi dwuma. Saa nhoma yi ka nneɛma ahorow pii a mmofra ani gye ho ho asɛm.

4 Fi ase sɛ wubedi adanse wɔ sukuu. Susuw Kristoni abofra bi osuahu yi ho: “Sɛ edu bere a yɛmfa nsua ade a, minya hokwan ahorow pii de di adanse, titiriw bere a wɔama kwan. Ɛdenam Bible nhoma ahorow a migyaw to me pon so baabi a afoforo betumi ahu so no, sukuufo pii a wɔwɔ ho anigye baa me nkyɛn. Osuahu a ɛyɛ anigye kɛse no fa me kyerɛkyerɛfo biako ho. Ná mama sukuufo no biako nhoma, na na abeawa no rekenkan wɔ sukuudan mu hɔ da koro bi na bere a ɔkyerɛkyerɛfo no hui no obisaa no faako a onyaa nhoma no.” Awiei koraa no sukuufo no pii fii ase baa nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so na ɔkyerɛkyerɛfo no nso nyaa nkɔso ara kosii sɛ ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo a wahyira ne ho so! Eyi nyinaa bae esiane sɛ Kristoni abofra a n’ani da hɔ fii ase dii adanse wɔ sukuu nti.

5 Wɔ nkɔmmɔ ahorow a wo ne mfɛfo sukuufo bɔ da biara mu no, wubetumi anya hokwan mpɛn pii de abɔ Bible mu asɛm bi ho nkɔmmɔ. Bere a nsɛmmɔnedi nya nkɔanim na nuklea akodi a ebetumi asɛe nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa ho hu yɛ kɛse no, wubetumi akyerɛkyerɛ Onyankopɔn adwene wɔ wiase nsɛm tebea no ho ne asase yi daakye no mu akyerɛ wo mfɛfo sukuufo a ɛnyɛ den. Kae sɛ bere a wobɛpɛ sɛ wode akokoduru di dwuma no, ɛho hia sɛ wode nyansa di dwuma na wususuw afoforo adwene ho.​—Kol. 4:6.

6 Mmofra, mommmrɛ mo nsa ase wɔ kyɛfa fɛfɛ a mubetumi anya wɔ Yehowa din a mubeyi no ayɛ bere a mowɔ sukuu no mu. Munnya ahotoso sɛ Onyankopɔn betumi de mo nso adi dwuma wɔ n’atirimpɔw sɛ wɔbɛka asɛmpa yi wɔ asase nyinaa so no ho dwumadi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena