Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/98 kr. 1
  • Mmofra—Momfa Mo Sukuukɔ Mu Hokwan Nni Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra—Momfa Mo Sukuukɔ Mu Hokwan Nni Dwuma
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho Sɛ Wɔbɛsan Akɔ Sukuu?
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 8/98 kr. 1

Mmofra—Momfa Mo Sukuukɔ Mu Hokwan Nni Dwuma

1 Wote nka dɛn wɔ sukuu a wobɛsan akɔ wɔ akwamma akyi no ho? So wo ho pere wo sɛ wubenya sukuu afe foforo mu mfaso? So wode hokwan ahorow a sukuu ma wunya no bedi dwuma de aka nokware no ho asɛm akyerɛ wo mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo? Yɛwɔ ahotoso sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara wɔ sukuu mu.

2 Yɛ Sukuuni Pa: Sɛ wusiesie wo ho yiye ansa na woakɔ adesua dan mu, na wutie nea wɔrekyerɛ no yiye a, wubenya mfaso a ɛtra hɔ daa. Fa nsi yɛ dwumadi a wɔde ma wo sɛ kɔ fie kɔyɛ no, nanso mma wo sukuu dwumadi no nntwitware teokrase dwumadi ahorow mu.—Fil. 1:10.

3 Kenkan Yehowa Adansefo ne Nhomasua nhomawa no fa fi sukuu afe foforo no ase. Afei, wo anaa w’awofo mfa bi mma w’akyerɛkyerɛfo no mu biara. Ma wonhu sɛ ebebua nsɛmmisa biara a ebia wɔwɔ. Eyi bɛboa wɔn ma wɔate wo nnyinasosɛm ne gyidi ahorow ase yiye, na wɔate wo ase bere a wode nea wɔakyerɛ wo redi dwuma no. Ɛbɛma w’akyerɛkyerɛfo no anya awerɛhyem nso sɛ wo ne w’awofo pɛ sɛ mo ne wɔn yɛ biako bere a wɔboa wo ma wunya nhomasua a ɛsom bo no.

4 Yɛ Ɔdansefo Pa: Dɛn nti na womfa wo sukuu mu nyɛ w’ankasa asasesin mma bɔnnɔ so adansedi? Wɔ sukuu afe a ɛreba mu no, wubenya hokwan soronko de adi adanse. Wowɔ honhom mu nimdeɛ nwonwaso a sɛ woka ho asɛm kyerɛ afoforo a, ebetumi ‘agye wo ho ne w’atiefo nkwa.’ (1 Tim. 4:16) Sɛ wokɔ so yɛ Kristofo abrabɔ ho nhwɛso pa, na wudi adanse wɔ baabiara a ɛfata sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ne afoforo.

5 Ɔdansefo abofra bi dii mfɛfo sukuufo adanse wɔ bɔnnɔ so wɔ sukuu mu. Wɔn a wogyee asɛmpa no bi ne Katolekni bi, obi a onnye Nyankopɔn nni a na ɔtaa si wɔn a wogye Nyankopɔn di no atwetwe, ne abofra bi a na ɔnom sigaret bo nsa yiye. Ne nyinaa mu no, saa onua kumaa yi boaa n’atipɛnfo 15 ma wohyiraa wɔn ho so gyee asubɔ!

6 Enti, mmofra mommata adesua ho na munni adanse wɔ mo asasesin soronko no mu. Monam saayɛ so benya mfaso a ɛsen biara afi sukuukɔ mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena