Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be kr. 282-kr. 285
  • Akwankyerɛ Ahorow Ma Sukuu So Ahwɛfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwankyerɛ Ahorow Ma Sukuu So Ahwɛfo
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afe 2015 Teokrase Ɔsom Sukuu no Bɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Atu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka Adesua—Ɛho Akwankyerɛ
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka Adesua Ho Akwankyerɛ
  • Teokrase Ɔsom Sukuu No Ho Anisɔ A Yebenya
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be kr. 282-kr. 285

Akwankyerɛ Ahorow Ma Sukuu So Ahwɛfo

WƆ ASAFO biara mu no, wɔpaw ɔpanyin bi ma ɔyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo. Sɛ wɔde asɛyɛde yi ahyɛ wo nsa a, anigye a wowɔ wɔ sukuu no ho ne sɛnea wokyerɛ osuani biara nkɔso ho anigye no betumi aboa yiye paa wɔ sukuu no so mfaso a mubenya wɔ mo hɔnom no so.

Wo dwumadi no fã titiriw ne sɛ wobɛhwɛ mo asafo no dapɛn biara Teokrase Ɔsom Sukuu no so. Ma ɛntra w’adwene mu sɛ asuafo a wɔwɔ dwumadi ahorow bere biara akyi no, afoforo nso wɔ hɔ a wɔretie. Hwɛ sukuu no so sɛnea ɛbɛyɛ a asafo mũ no nyinaa benya nkaesɛm a ɛhyɛ nkuran na mfaso wɔ so a ɛne sukuu no botae a wɔaka ho asɛm wɔ nkratafa 5 kosi 8 hyia wɔ nkyerɛkyerɛ nhoma yi mu no.

Kyerɛ asuafo no nyinaa ho anigye ɛmfa ho sɛ ebia wɔn dwumadi no yɛ akenkan, ɔyɛkyerɛ, anaasɛ wɔbɛma ɔkasa ahorow no. Boa wɔn ma wommu nea wɔreyɛ no sɛ ɛnyɛ dwumadi bi kɛkɛ na mmom sɛ hokwan a wɔanya sɛ ɛbɛma wɔanya nkɔso wɔ ɔsom a wɔde ma Yehowa no mu. Ɛwom, mmɔden a wɔn ankasa bɛbɔ no ne ade titiriw a ɛbɛma wɔanya nkɔso. Na ɛho hia nso sɛ wubefi komam akyerɛ wɔn ho anigye, aboa wɔn ma wɔate mfaso a ɛwɔ afotu no mu ase, na woakyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔde bedi dwuma no mu. Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, tie ɔkasa biara yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahyɛ nneɛma nsow yiye.

Bɔ mmɔden sɛ mubefi sukuu no ase ntɛm na moawie wɔ bere ano. Yɛ nhwɛso pa denam nsɛm a worenka no pii mma ɛmmoro bere a wɔde ama wo no so so. Sɛ osuani bi kasa boro bere a wɔde ama no so a, ɛsɛ sɛ wo anaa wo boafo no yɛ sɛnkyerɛnne bi kyerɛ no sɛ ne bere no aso. Ɛsɛ sɛ osuani no de nsɛm a ɔreka no ba awiei na ofi asɛnka agua no so. Sɛ dwumadi no fã bi di bere no bi a, twitwa wo nsɛm so, na wo ne onua a ɔsɛee bere no nka ho asɛm bere a moapɔn nhyiam no.

Sɛ wowɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ woyɛ sukuu no. Sɛ ɛtɔ bere bi na woantumi amma a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin foforo a mpanyimfo kuw no apaw no dedaw hwɛ sukuu no so. Sɛ wuhia mmoa wɔ sɛnea wobɛhyehyɛ dwumadi ahorow, dwumadi kratasin a wobɛkyerɛw na woakyekyɛ, anaa nhyehyɛe a wobɛyɛ ma afoforo asi afoforo ananmu wɔ dwumadi bi mu a, asafo mu somfo a mpanyimfo kuw no apaw no betumi aboa wo wɔ eyinom ho.

Asuafo Din a Wobɛkyerɛw. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran ma wɔnkyerɛw wɔn din wɔ sukuu no mu. Sɛ afoforo a wɔde wɔn ho abɔ asafo no denneennen no gye Bible nkyerɛkyerɛ tom na wɔn abrabɔ ne Kristofo gyinapɛn ahorow hyia a, wobetumi akyerɛw wɔn din. Sɛ obi da no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw ne din wom a, fa anigye kamfo no. Sɛ onipa no nnya nyɛɛ ɔdawurubɔfo a, ɛsɛ sɛ wo a woyɛ sukuu sohwɛfo no ne no susuw nneɛma a ehia na ama wɔakyerɛw ne din wɔ sukuu no mu ho, na ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ saa wɔ nea ɔne no yɛ Bible adesua no anim (anaa ne wofo a ɔyɛ gyidini anim). Ahwehwɛde yi te sɛ nea wɔhwehwɛ fi obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu hɔ no. Yebehu eyinom wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 97 kosi 99. Hwɛ hu sɛ bere nyinaa wobɛkyerɛw wɔn a wɔyɛ foforo no din aka wɔn a wɔwom dedaw no ho.

Ɔkasa Ho Afotu Kratasin a Wɔde Di Dwuma. Osuani biara ɔkasa afotu kratasin no wɔ n’ankasa nkyerɛkyerɛ nhoma no mu, wɔ kratafa 79 kosi 81. Sɛnea wɔde kɔla ahyehyɛ no nnidiso nnidiso no, wobetumi de ɔkasa ho afotu a efi 1 kosi 17 no adi dwuma bere a wɔama osuani bi dwumadi a ɛyɛ akenkan no. Ɛdefa ɔyɛkyerɛ dwumadi ho no, wobetumi de ɔkasa ho afotu biara adi dwuma gye sɛ 7, 52, ne 53 nkutoo. Wobetumi de afotu no nyinaa adi dwuma ama ɔkasa horow gye sɛ 7, 18, ne 30 nkutoo.

Sɛ sukuu sohwɛfo no de afotu bi ma sɛ wonni ho dwuma a, ɛsɛ sɛ ɔde pɛnsere san “Da a Wɔde Maa Wo” no ase wɔ ɔkwan a wɔagyaw ato hɔ a ɛbɛn afotu krataa a ɛwɔ osuani no nhoma no mu no ase. Sɛ osuani no yɛ ne dwumadi no wie a, bisa no wɔ kokoam sɛ ebia ɔyɛɛ dwumadi (ahorow) a ɛwɔ afotu a moasusuw ho no ase no anaa. Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ wosan adaka a ɛwɔ kratasin no so no so de kyerɛ sɛ wadi ho dwuma. Sɛ worehyɛ no nkuran sɛ onni saa ɔfã no ho dwuma bio a, ɛho nhia sɛ wokyerɛw biribiara wɔ “Da a Wuwiei” afã hɔ. Sɛ ɔrekɔ ɔfã foforo so nkutoo a na ɛsɛ sɛ wɔsan ho. Afei nso wɔ osuani no nhoma no kratafa 82 mu de rekɔ benkum so wɔ ɔkwan a wɔfa so yɛ dwumadi ho no, sɛ osuani biara wie ne kasa a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw da a odii ho dwuma no. Wɔagyaw kwan ato afotu krataa no ne ɔkwan a wɔfa so yɛ dwumadi no ntam na ama wɔatumi de emu biara adi dwuma mpɛn abien. Ɛsɛ sɛ asuafo no kura wɔn nhoma no bere a dwumadi no rekɔ so no.

Ɔkasa ho afotu biako pɛ na ɛsɛ sɛ wode ma wɔ bere koro mu. Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ wode afotu no ma nnidiso nnidiso sɛnea wɔahyehyɛ no no. Nanso, sɛ asuafo no bi da mmɔdenbɔ soronko adi a, wubetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔn ankasa de adesua no bi adi dwuma. Ɛno akyi no, wubetumi aboa wɔn wɔ afã a wususuw sɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔanya nkɔso sɛ akasafo ne akyerɛkyerɛfo pa no mu.

Mpo sɛ osuani bi de ne ho ahyɛ sukuu no mu mfe pii a, obetumi anya nkɔso pii denam adesua biara a obesua na ɔde adi dwuma no so. Nea ɛbɛyɛ ma watumi aboa asuafo a wɔwɔ ahiade pɔtee bi no, wubetumi apaw ɔkasa su bi ama wɔadi ho dwuma sen sɛ wode nea wɔahyehyɛ wɔ afotu krataa no so bɛma no nnidiso nnidiso.

Afotu a Wɔde Ma. Sɛ wode afotu rema a fa Bible mu nhwɛso ahorow ne nnyinasosɛm ahorow di dwuma yiye. Ɛsɛ sɛ asuafo no hu sɛ afotu a wɔde rema wɔn no ne ɔkwan a wɔfa so de ma no gyina Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɛkorɔn no so.

Ma ɛntra w’adwenem sɛ wo ne wo nuanom mmarima ne mmea nyinaa yɛ “yɔnko adwumayɛfo.” (2 Kor. 1:24) Te sɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ wokɔ so nya nkɔso sɛ ɔkasafo ne ɔkyerɛkyerɛfo. W’ankasa sua Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no na fa emu afotu no di dwuma na yɛ nhwɛso pa ma afoforo nso nyɛ saa ara.

Bere a woyɛ saa no, fa yɛ wo botae sɛ wobɛboa asuafo no ma wɔabɛyɛ akenkanfo pa, akasafo pa, ne akyerɛkyerɛfo pa. Nea ɛbɛyɛ na woatumi ayɛ saa no, bɔ mmɔden sɛ wode mmoa biara a ɛho hia bɛma sɛnea ɛbɛyɛ a asuafo no bɛte nea ɔkasa su ahorow no kyerɛ ase, nea enti a ɛho hia, ne ɔkwan a wɔbɛfa so anya. Wɔayɛ nkyerɛkyerɛ nhoma yi wɔ ɔkwan a ɛbɛboa wo ma woayɛ saa so. Nanso, mpɛn pii no, ebehia sɛ woyɛ pii sen sɛ wobɛkenkan nhoma no mu nsɛm kɛkɛ. Munsusuw adwene a ɛwɔ nsɛm no mu ne sɛnea wɔde di dwuma ho.

Sɛ osuani bi bɔɔ mmɔden wɔ ɔfã bi a, kamfo no. Ka nea ɛmaa otuu mpɔn anaa nea enti a nea ɔyɛe no ho hia ho asɛm tiawa. Sɛ ɛsɛ sɛ odi asɛm bi ho dwuma bio ma mfaso ba so a, hwɛ hu sɛ ɔte nea enti a ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa no ase. Wo ne no nsusuw sɛnea ɔbɛyɛ no no ho. Ka dekode pɔtee ho asɛm, na bere koro no ara mu no, da ayamye adi.

Kae hu sɛ nnipa pii fam no, afoforo anim a wogyina kasa no yɛ den ma wɔn paa. Sɛ obi te nka sɛ wammɔ mmɔden a, ebia obesusuw ho sɛ ɛho behia sɛ ɔkɔ so yɛ anaa. Suasua Yesu, a wammu “demmire a abukaw” mu anaa wannum “kanea ntamaa a ayɛ wusiwusi” no. (Mat. 12:20) Susuw sɛnea osuani no te nka ho. Sɛ wode afotu rema a, hwɛ hu sɛ ebia osuani no yɛ ɔfoforo koraa anaasɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw. Nkamfo a emu yɛ hyew na efi koma mu betumi ahyɛ afoforo nkuran ma wɔakɔ so abɔ wɔn ho mmɔden.

Wo ne osuani biara nni nsɛm wɔ nidi mu. Romafo 12:10 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.” Afotusɛm a ɛfata ma Teokrase Ɔsom Sukuu fotufo bɛn ara ni! Sɛ osuani no sen wo panyin a, fa akwankyerɛ a wɔde ama wɔ 1 Timoteo 5:1, 2 no di dwuma yiye. Nanso, ɛmfa ho mfe a obi adi no, sɛ wɔde nsakrae a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ n’asetra mu ho afotu ma no wɔ ayamye kwan so a, mpɛn pii no ɛnyɛ den sɛ obegye atom.—Mmeb. 25:11.

Sɛ wode afotu rema a, si ntetee no botae so dua kyerɛ osuani no. Ɛnyɛ botae no ara ne sɛ ɔbɛyɛ ne dwumadi no yiye ma wɔakamfo no aka akyerɛ no sɛ ɔnkɔ afotusɛm a edi hɔ no so. Ɛnyɛ botae no ne sɛ ɔbɛyɛ ɔkasafo ne ɔkyerɛkyerɛfo pa a afoforo ani begye ne ho. (Mmeb. 25:27) Nea yɛpɛ ne sɛ yɛde ɔkasa ho dom akyɛde a yɛwɔ no bedi dwuma de ayi Yehowa ayɛ na yɛde aboa afoforo ma wɔahu no na wɔadɔ no. Yɛn ntetee no atirimpɔw ne sɛ ebesiesie yɛn ma yɛayɛ adwuma a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:14 ne 28:19, 20 no ma atu mpɔn. Edu mmere bi a, wɔbɛto nsa afrɛ anuanom mmarima a wɔabɔ asu a wɔfata ma wɔanya “Onyankopɔn nguankuw” a wɔbɛhwɛ wɔn so no mu kyɛfa sɛ akasafo ne akyerɛkyerɛfo.—1 Pet. 5:2, 3.

Hyɛ asuafo no nyansa sɛ sɛ wɔma wɔn dwumadi a, wɔnkenkan nkyerɛkyerɛ nhoma no fã a wɔadu so no wɔ bere a wɔde ama wɔn no akyi nna kakraa bi. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔmfa nea wɔasua no nni dwuma bere a wɔresiesie wɔn dwumadi ama sukuu no, bere a wɔbɔ nkɔmmɔ, bere a wɔrema mmuae wɔ nhyiam ahorow ase, ne bere a wɔwɔ asɛnka mu.

Dwumadi no Kyekyɛ. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi anyɛ yiye koraa no dapɛn abiɛsa ansa na dwumadi no adu so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw dwumadi ahorow a ɛte saa no nyinaa wɔ krataa so.

Ɛsɛ sɛ wɔde afã horow a wɔnam so de nkyerɛkyerɛ ma asafo no hyɛ mpanyimfo, sɛ ɛbɛyɛ papa a wɔde hyɛ wɔn a wobedi afã a ɛte saa no ho dwuma yiye, asafo mu asomfo a wonim kyerɛkyerɛ yiye no nsa.

Nea ɛbɛyɛ na woahu osuani kasa ko a ɛsɛ sɛ wode ma anuanom mmarima ne nea ɛsɛ sɛ wode ma anuanom mmea no, di akwankyerɛ a wɔde ma wɔ sukuu dwumadi nhyehyɛe krataa no so no akyi. Sɛ anuanom mmarima a wɔma osuani kasa no nnɔɔso nanso mmea no dɔɔso a, hwɛ hu sɛ wobɛma anuanom mmarima no hokwan a ɛfata ma wɔama ɔkasa ahorow a ɛnyɛ Bible akenkan no.

Sɛ worekyekyɛ dwumadi ahorow no a susuw ankorankoro nsɛm tebea ho. So ɛho hia sɛ wode dwumadi hyɛ ɔpanyin bi anaa ɔsomfo bi nsa wɔ sukuu no mu wɔ mmere ko a ɔsan wɔ dwumadi wɔ Ɔsom Nhyiam mu anaa dapɛn koro no ara a ɔwɔ baguam ɔkasa wɔ asafo no mu no? So ɛho hia sɛ woma onuawa bi dwumadi wɔ anwummere koro no ara a ne mma nkumaa no mu biako a ehia sɛ ɔboa no no wɔ dwumadi no? Titiriw sɛ wode dwumadi bi rehyɛ abofra anaa Bible suani bi a ɔmmɔɔ asu nsa a, so asɛmti a obedi ho dwuma no fata? Hwɛ hu sɛ dwumadi no fata afotu a ɛsɛ sɛ osuani no di ho dwuma no.

Ɛdefa dwumadi a wɔde ma anuanom mmea ho no, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa paw sɛnea ɔbɛyɛ no ma ɛne akwankyerɛ a ɛwɔ kratafa 78 ne 82 no hyia. Ɛsɛ sɛ wɔpaw nipa biako a ɔbɛboa no, nanso wobetumi de obi foforo nso aka ho. Sɛ osuani bi srɛ sɛ wɔmma no ɔboafo bi a obetumi adi ɔkwan a wɔfa so yɛ biribi ho dwuma yiye a, ɛsɛ sɛ wɔte nea ɔreka no ase.

Adesua Akuw Foforo. Sɛ asuafo a wɔn din wɔ sukuu no mu no boro 50 a, wubetumi ahwehwɛ mmeae foforo ma asuafo no bi akɔ hɔ akɔyɛ wɔn dwumadi no. Saa nhyehyɛe yi bɛwɔ hɔ ama osuani dwumadi ahorow no anaa abien a etwa to no sɛnea ɛhɔnom ahiade te.

Ɛsɛ sɛ adesuakuw biara nya ɔfotufo a ɔfata, sɛ ɛbɛyɛ yiye a ɔpanyin. Wɔ baabi a ɛho behia no, asafo mu somfo a ne ho akokwaw betumi afata. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no na ɛpene saa afotufo yi so. Wo ne wɔn mmom nyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkasa ho afotu ko a osuani no adu so no bɛyɛ nnidiso nnidiso ɛmfa ho beae a wɔbɛyɛ dwumadi no.

Adesuakuw Titiriw Ma Akenkan. Sɛ mpanyimfo kuw no hu sɛ ankorankoro binom wɔ asafo no mu a wohia akenkan ho akwankyerɛ wɔ kasa a wɔka wɔ asafo no mu ho a, wobetumi ayɛ eyi ho nhyehyɛe ahorow aka Teokrase Ɔsom Sukuu no ho. Nkyerɛkyerɛ yi betumi ayɛ akenkan ne akyerɛw, anaa akenkan a wɔbɛma atu mpɔn.

Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa dwumadi yi wɔ bere a asuafo kasa ahorow no rekɔ so wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no mu no. Nea ɛbɛyɛ na wɔde mmoa a ɛfata ama no, bere pii ho behia asen bere a wɔde reyɛ sukuu no. Ɛhɔnom mpanyimfo no bɛkyerɛ nea ebehia ne bere ko a ɛsɛ sɛ wɔde saa nkyerɛkyerɛ no ma. Wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma wɔakyerɛkyerɛ nnipakuw anaa nipa biako akyerɛ nipa biako ade, sɛnea ɛho behia biara.

Wobehia ɔkyerɛkyerɛfo a ɔfata. Ɛsɛ sɛ wɔde dwumadi no hyɛ onua barima a ɔyɛ ɔkenkanfo pa a ɔte kasa no yiye nsa. Sɛ onua barima biara nni hɔ a, mpanyimfo no betumi ama onuawa a ɔfata a ɔyɛ nhwɛso pa aboa. Sɛ ɔrekyerɛ kuw no ade a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ dukuu.—1 Kor. 11:3-10; 1 Tim. 2:11, 12.

Wɔayɛ Apply Yourself to Reading and Writing nhomawa no wɔ kasa horow pii mu. Wɔayɛ no sɛnea wobetumi de akyerɛkyerɛ akenkan ne akyerɛw. Wobetumi nso de nhoma afoforo a wɔde kyerɛkyerɛ nso adi dwuma, a ne nyinaa begyina sɛnea nnipa a wɔrekyerɛ wɔn ade no mmɔdenbɔ te so. Sɛ asuafo no nya nkɔso sɛnea ɛsɛ a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔde wɔn ho hyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.

Sɛ́ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no, wubetumi ayɛ pii ama asafo no anya so mfaso. Siesie wo ho yiye, na ma ɛne afotu a ɛwɔ Romafo 12:6-8 no nhyia, hwɛ wo dwumadi no yiye, na fa no sɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wo nsa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena