Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/02 kr. 3-4
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwankyerɛ Ahorow Ma Sukuu So Ahwɛfo
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
  • Sɛnea Yenya Teokrase Ɔsom Sukuu no So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Afe 2015 Teokrase Ɔsom Sukuu no Bɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Atu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 12/02 kr. 3-4

Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara

1 Nkurɔfo kɔ sukuu kogye nkyerɛkyerɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔadu wɔn asetram botae ahorow ho. Nanso botae bɛn na ebetumi ayɛ nea ɛho hia paa sen sɛ yebeyi yɛn nkwa Mafo no ayɛ na yɛaboa afoforo ma wɔasua n’atirimpɔw ne n’akwan ho ade? Ebi nni hɔ. Teokrase Ɔsom Sukuu no botae ne sɛ ebesiesie yɛn ma yɛde yɛn gyidi akyerɛkyerɛ afoforo. Enti sɛ yɛkɔ sukuu no dapɛn biara a, na yɛrenya nimdeɛ a esiesie yɛn ma asetra mu dwumadi ahorow a ɛho hia sen biara no.

2 Wɔde “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2003” no hyɛɛ October Yɛn Ahenni Som no mu. Ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ sukuu no ho nsɛm wɔ dwumadi nhyehyɛe no mu. Ɛbɛyɛ papa sɛ wode dwumadi nhyehyɛe no bɛhyɛ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma a ɛsɛ sɛ wode ba Teokrase Ɔsom Sukuu no ase dapɛn biara no mu. Susuw nneɛma a yebesusuw ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ afe 2003 mu no bi ho hwɛ.

3 Ɔkasa Su: Efi January no, wɔde simma anum kasa a ɛfa ɔkasa su anaa akenkan, adesua, anaa ɔkyerɛkyerɛ ho na ebefi nhyiam no biara ase. Sukuu sohwɛfo no na ɔde ɔkasa a wɔde fi ase yi bɛma anaasɛ obetumi de ɔkasa yi ahyɛ ɔpanyin foforo a ɔfata nsa ma wama. Ɔkasafo no betumi asusuw nea kasa su no kyerɛ ne mfaso a ɛwɔ so ho. Ɛno akyi no ɔbɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu denam Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a ɔde bɛma ne sɛnea yebetumi de kasa su no adi dwuma so, na watwe adwene asi sɛnea saa a yɛbɛyɛ no betumi ama yɛatu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu no so.

4 Dwumadi 1: Wɔsan tu anuanom a wɔde afotu kasa bɛma no fo sɛ ‘wɔntwe adwene nsi mfaso a ɛwɔ asɛm a wɔresusuw ho no mu no so.’ Eyi kyerɛ sɛ wɔbɛma asafo no ahu ɔkwan a wɔbɛfa so de asɛm no adi dwuma. Sɛ wo nsa ka saa dwumadi yi a, hwehwɛ nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa wo ma woasiesie wo ho no wɔ Ɔsom Sukuu adesua nhoma no kratafa 48-9, na sua nsɛm a wɔahyehyɛ no nhoma no akyi wɔ “Sɛnea wɔde di dwuma” ase no.

5 Bible Akenkan Nhyehyɛe: Sɛ mmere bi a atwam no woantumi anni dapɛn biara Bible akenkan no akyi a, dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ afe yi de wubedi akyi? Ebedu afe no awiei no, na wɔn a wɔbɛyɛ saa no akenkan Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no awie. Wɔaka mfaso a ɛwɔ Bible akenkan nhyehyɛe a wɔde Hela Kyerɛwnsɛm no fi ase so no ho asɛm wɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 10, nkyekyɛm 4.

6 Bible Akenkan Mu Nsɛntitiriw: Wɔde bere no bi aka ɔfã yi ho ma ayɛ simma du sɛnea ɛbɛyɛ a atiefo betumi aka dapɛn no mu akenkan no ho asɛm. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde bɛhyɛ wɔn nsa no di bere no so. Wɔbɛyɛ no dapɛn biara, a dapɛn a wɔbɛyɛ ntimu a wobebisabisa nsɛm no a wɔnkyerɛw no nso ka ho. Bere a wokenkan ti ahorow a wɔde ama no, hwehwɛ nsɛm a ɛbɛboa wo wɔ w’abusua adesua, asɛnka, ne w’asetra mu. Yehowa su ahorow bɛn na ɛdaa adi wɔ sɛnea ɔne nkurɔfo ne aman dii nsɛm no mu? Dɛn na wusuae a ɛhyɛɛ wo gyidi den, na ɛma wunyaa Yehowa ho anisɔ kɛse? Nya ɔpɛ sɛ wobɛka ti ahorow a wɔde ama no biara ho asɛm, a nkyekyɛm a wɔbɛkenkan wɔ Dwumadi a Ɛto so 2 no mu mpo ka ho, efisɛ onua a obedi ho dwuma no renka nkyekyɛm no mu asɛm.

7 Dwumadi 2: Osuani dwumadi a edi kan no bɛyɛ baguam akenkan ho ntetee. Wobeyi ne nyinaa afi dapɛn no Bible akenkan no mu, gye dapɛn a etwa to wɔ ɔsram no mu de no nkutoo. Wobeyi ɔsram no akenkan a etwa to no afi Ɔwɛn-Aban mu. Ɛsɛ sɛ osuani no kenkan asɛm a wɔde ama no a ɔremfa nnianim asɛm anaa nsɛm a wɔde wie biara nka ho. Saa kwan yi so no, obetumi de n’adwene asi sɛnea ɔbɛkenkan ade yiye so.—1 Tim. 4:13.

8 Dwumadi 3 ne 4: Wonya dwumadi yi bi mu nsɛm pii fi Reasoning nhoma no mu sen nhoma foforo biara; nea dwumadi no bi kura ara ne asɛmti. Wɔn a wɔma wɔn dwumadi ahorow a ɛho nsɛm nnɔɔso anaasɛ wɔma wɔn asɛmti nkutoo no betumi asiesie wɔn kasa no denam nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ wɔ yɛn Kristofo nhoma ahorow mu so. Eyi betumi ama ayɛ mmerɛw ama anuanom mmea no ma wɔaka wɔn asɛm no ma afa wɔn aboafo no ho kɛse.

9 Sɛnea Wɔyɛ No: Sɛnea wɔakyerɛ wɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 45 no, sukuu sohwɛfo no betumi akyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ dwumadi no. Sɛ wankyerɛ a, anuanom mmea no betumi apaw bi afi nea wɔahyehyɛ wɔ kratafa 82 no mu. Sɛ onuawa bi yɛ dwumadi biako wɔ asram abien biara mu a, obetumi de akwan 30 a wɔfa so yɛ dwumadi ahorow no adi dwuma mfe anum. Ɛsɛ sɛ anuanom mmea a wɔpaw ɔkwan a ɛto so 30, a ɛno ne “Ɔkwan foforo a wɔfa so yɛ dwumadi a ɛfata wɔ mo mpɔtam hɔ” no kyerɛw ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ no no wɔ wɔn dwumadi kratasin (S-89) no ase anaa akyi. Sukuu sohwɛfo no bɛkyerɛw da a osuani no yɛɛ ne dwumadi no wɔ osuani no nhoma no mu wɔ kratafa 82, wɔ ɔkwan a wɔfa so yɛ a ɔde dii dwuma no anim. Obetumi ayɛ eyi bere a ɔrekyerɛw osuani no afotu krataa no so no.

10 Afotu Krataa: W’afotu krataa no hyɛ wo nhoma no mu. Ɛwɔ kratafa 79-81. Enti ebehia sɛ wode wo nhoma no ma sukuu sohwɛfo no bere biara a wobɛma ɔkasa awie no. Ebehia sɛ sukuu sohwɛfo no de afotu a asuafo no reyɛ ho adwuma no bi sie bere nyinaa.

11 Ntimu: Wobebisabisa Teokrase Ɔsom Sukuu ntimu no mu nsɛm ma atiefo ama mmuae a wɔnkyerɛw. Wɔbɛyɛ no pɛnkoro asram abien biara, na ebedi simma 30. Wɔbɛkɔ so de nsɛmmisa a wobesusuw ho wɔ ntimu no mu no aba Yɛn Ahenni Som no mu bere nyinaa. Sɛ dapɛn a wɔbɛyɛ ntimu no ne ɔmansin nhyiam anaa ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ hyia a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔma ɔkasa ahorow a anka wɔbɛma no dapɛn a edi hɔ no na wɔde ntimu no ahyɛ dapɛn a edi hɔ no.

12 Adesua Akuw Foforo: Wɔ asafo ahorow a asuafo no dodow boro 50 mu no, mpanyimfo no betumi asusuw adesua akuw foforo a wɔbɛhyehyɛ ho. “Saa nhyehyɛe yi bɛwɔ hɔ ama osuani dwumadi ahorow no nyinaa anaa abien a etwa to no nkutoo.” (Ɔsom Sukuu, kr. 285) Nyansahyɛ a edi akyiri no wɔ hɔ ma asafo a anuanom mmea dɔɔso wom nanso mmarima kakraa bi pɛ na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ akenkan dwumadi ahorow no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no paw anuanom a wɔfata ma wɔhwɛ adesua akuw yi so.

13 Ɔfotufo Boafo: Sɛnea ɛwɔ Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi nhyehyɛe no so no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no paw ɔpanyin a ɔde kokoam afotu bɛma asafo mu asomfo ne mpanyimfo a wɔyɛ Bible akenkan mu nsɛntitiriw ne afotu kasa no. Ɛsɛ sɛ onua a wɔde dwumadi yi bɛhyɛ ne nsa no yɛ obi a ɔwɔ suahu, na mpanyimfo foforo begye n’afotu atom. Ɛsɛ sɛ n’afotu no yɛ nea mfaso wɔ so, ɛkamfo kasa pa ne ɔkwampa a wɔfa so kyerɛkyerɛ na ɛde nyansahyɛ ma wɔ ade biako anaa abien a wobetumi atu mpɔn wom ho. Ɛho nhia sɛ wɔde afotu bɛma wɔ kasa biara a onua bi a ɔtaa kasa bɛma no akyi. Nanso ɛsɛ sɛ onua a wɔapaw no sɛ ɔmfa afotu mma no hu sɛ wobetumi aboa anuanom a wɔma baguam kasa mprempren no mpo ma wɔanya nkɔso.—1 Tim. 4:15.

14 Nea Ɛsɛ sɛ Ɔfotufo no Tie: Dɛn na ebetumi aboa ɔfotufo no ma wasusuw ɔkasa a obi ma ho? Adaka a ɛto so abiɛsa wɔ Ɔsom Sukuu nhoma no ti ahorow 53 no mu dodow no ara kura nsɛm a ɛsɛ sɛ wotie a wɔabɔ no mua. Ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfo no ma n’ani ku nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ nhoma no mu a ɛbɛboa ma watumi ahu sɛnea wɔhyehyɛɛ ɔkasa bi na wɔmae no ho ntɛmpa ara. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 55 atifi no ne nsusuwii a ɛwɔ nkyekyɛm a etwa to wɔ kratafa 163 no nsow.

15 Hyehyɛ Afã a Wɔagyaw Ato Hɔ No: Kwan kɛse a wɔagyaw ato Ɔsom Sukuu nhoma no ano akyi no, wɔagyaw afã bi ama wo a wubetumi akyerɛw nsɛm agu bere a woreyɛ kokoam adesua ne bere a wokɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no. (Hwɛ nkratafa 77, 92, 165, 243, 246, ne 250.) Hwɛ hu sɛ wode wo nhoma no bɛba dapɛn biara. Hwɛ mu di akyi bere a wɔrema kasa a edi kan no. Nto nhoma no mu kosi sɛ wɔbɛyɛ sukuu no awie. Hyɛ nyansahyɛ ahorow a sukuu sohwɛfo no de ma no nsow. Hyɛ akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ, nsɛm a wobisa, nhwɛso a wɔma, kasakoa a wɔde di dwuma, mfatoho a wɔde di dwuma, nneɛma a wɔde kyerɛ, ne ntotoho ahorow a akasafo no yɛ no nsow. Sɛ wokyerɛw nsɛm a ehia to hɔ a, wubetumi akae na wode nsɛm a aba wom a wubenya afi sukuu no mu no adi dwuma.

16 Ná Yesu Kristo nim sɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔbɛka no yɛ hokwan a ɛsen biara a yebetumi anya. Na ɛyɛ n’adwuma titiriw. (Marko 1:38) Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Sɛ́ nnipa a yɛagye ɔfrɛ no so sɛ yebedi n’akyi no, yɛn nso yɛn ani abere asɛmpa no ka ho denneennen, na yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yebetu mpɔn wɔ “ayeyi afɔre” a yɛde ma no mu. (Heb. 13:15) Ne saa nti, ɛmmra sɛ yebesi yɛn bo sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu, sukuu a ebesiesie yɛn ama dwumadi a ehia sen biara wɔ asetram no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena