Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/04 kr. 6
  • Sɛnea Yenya Teokrase Ɔsom Sukuu no So Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yenya Teokrase Ɔsom Sukuu no So Mfaso
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 1986
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Mu Nneɛma Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 12/04 kr. 6

Sɛnea Yenya Teokrase Ɔsom Sukuu no So Mfaso

1 Yehowa nkurɔfo anya paa sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn. (Yes. 54:13; Yoh. 6:45) Nanso sɛ yebenya ne nkyerɛkyerɛ no so mfaso a, na egyina yɛn mmɔdenbɔ so. So wuhu sɛnea Teokrase Ɔsom Sukuu no reboa ma wo honhom fam yiyedi rekɔ so no?

2 Ɛho Nsɛmpa a Wɔka: Sukuu so ahwɛfo pii ahyɛ no nsow sɛ ɔkasa su ho ade a wosua kɔ akyiri no ama wɔn asafo no atu mpɔn wɔ asɛnka mu. Ebinom nso kae sɛ esiane kyɛfa a atiefo nya wɔ Bible akenkan mu nsɛntitiriw no mu nti, wɔn mu dodow no ara redi Bible akenkan nhyehyɛe no akyi. Ɛdefa Dwumadi a Ɛto So 2 ho no, anuanom pii aka mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔde wɔn adwene besi akenkan nsɛm no so sen sɛ anka wɔbɛhaw wɔn ho apɛ nnianim nsɛm ne nsɛm a wɔbɛka de awie. Seesei wɔn a wɔde dwumadi yi ma wɔn no de wɔn adwene si wɔn akenkan a wɔbɛma atu mpɔn so kɛse.—1 Tim. 4:13.

3 Obiara Betumi Anya So Mfaso: Mmuae a yɛbɛma wɔ nhyiam ahorow ase no betumi ama yɛn ani agye. (Mmeb. 15:23) Ntĩmu nsɛmmisa no a wodi kan de ma yɛn no boa ma yesiesie yɛn ho ma ntĩmu no, a ɛnyɛ den mma yɛn sɛ yɛbɛma mmuae. Bio nso, Bible mu nsɛntitiriw a ɛne Bible akenkan nhyehyɛe a wɔayɛ ama yɛn wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu hyia no fii ase puei wɔ Ɔwɛn-Aban mu fi January 1, 2004 de no so. Eyi aboa anuanom pii ama wotumi ma mmuae a ɛhyɛ nkuran bere a wɔreyɛ Bible akenkan mu nsɛntitiriw no.

4 Obiara a wakyerɛw ne din wɔ sukuu yi mu no wɔ hokwan titiriw sɛ osiesie ne ho na ɔyɛ dwumadi no bi. Yɛn nyinaa betumi anya sukuu sohwɛfo no nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɔde ma wɔ asɛnka agua so no so mfaso. Adesuafo no betumi anya mfaso pii afi afotu a sɛ wɔpɔn nhyiam no a, otumi de ma wɔn wɔ kokoam no mu. Dwumadi a ɛwɔ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no ti a ɛka ɔkasa su biara awiei no a wɔyɛ nso boa pii.

5 Sɛ wɔtwe w’adwene si Kyerɛwnsɛm no ne nsɛm ahorow a ɛso wɔ mfaso so bere a sukuu no rekɔ so ne bere a wɔapɔn sukuu no a, hyɛ no nsow wɔ Ɔsom Sukuu adesua nhoma no mu. Dwennwen nea woasua no ho, na susuw sɛnea Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ yi reboa wo wɔ honhom fam no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena