Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 1986
1 Ntetee a wɔakɔ so de ama wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu bɛyɛ mfe 42 ni no aboa ma wiase nyinaa adansedi a ɛfa Yehowa Ahenni ho no atu mpɔn kɛse. Sɛ wofata nanso womfaa wo din mmae a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ saa ntɛm ara. Wɔkyekyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no ho nhyehyɛe krataa no kaa October Yɛn Ahenni Som no ho. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ asafo no no mu kenkan ɛho akwankyerɛ no yiye na ɔbɔ ne tirim sɛ ɔde nsiesiei fɛfɛ a asafo no ayɛ yi bedi dwuma kɛse.
2 Afoforofo ne wɔn a wohia mmoa wɔ wɔn ho a wobesiesie ama wɔn dwumadi ho no betumi akɔ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no nkyɛn na wɔama wahu mmoa a wohia. N’ani begye ho sɛ n’ankasa bɛboa anaasɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma onua a ne ho akokwaw aboa wo. Nanso ɛho hia sɛ osuani biara fi n’ankasa pɛ mu na ɔbɔ mmɔden sɛ n’ankasa bɛyere ne ho asiesie ne dwumadi. Sɛ wotaa kɔ daa na wubu dwumadi a wɔde ma wo no aniberesɛm na woyɛ ne nyinaa a, wubenya nkɔso wɔ wo som adwuma no mu. Kyɛfa a wubenya wɔ mu yi ho bɛba mfaso ama afoforo wɔ asafo no mu.
3 Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo, mpanyinfo afoforo ne asafo mu asomfo a wɔn ho akokwaw na wɔde Dwumadi a edi kan no ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no ma wɔn. Dwumadi a edi kan no yɛ ɔkyerɛkyerɛ kasa a wɔde simma du ma a nsemmisa ne mmuae simma anum di akyi wɔ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” nhoma no mu. Bible akenkan no mu nsɛntitiriw no bɛboa atiefo ma wɔahu nea enti ne sɛnea emu nsɛm no som bo ma yɛn. Ɛwom sɛ ɛtɔ bere bi a nea ɔredi ho dwuma no betumi abisabisa atiefo nsɛm de, nanso n’ankasa na ɔde nea wasiesie no bɛma titiriw. Ɛnyɛ akasafo pa nko na ɛho hia sɛ anuanom a wɔde ɔkasa yi ma wɔn no yɛ na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw nso.—1 Tim. 3:2; Tito 1:9.
4 Yɛbɔ mpae sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira yɛn wɔ nhyehyɛe yi mu na asiesie yɛn ama Ahenni adwuma a wɔde nokwaredi yɛ no.