Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 2
Dwom 136
15 min: Asafo mu nkaebɔ tiaa ne “Nsɛmma Nhomakra—‘Nyansa Teɛm’!” Ɔpanyin ne adawurubɔfo baanu bɔ krataa a ɛhyɛ June 1983 Yɛn Ahenni Som mu no mu nkɔmmɔ. Sɛ bere ma kwan a, si nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma wɔatumi anya nsɛmma nhomakra so dua. Fa asɛm no fi asɛmti ketewa a ɛto so abien wɔ kratafa 5 no so kosi asɛm no awiei. Hyɛ nsɛmma nhomakra mu kyɛfa a wobenya ɔsram yi mu ho nkuran.
15 min: Nkɔmmɔbɔ Asɛmti. Ɔsom adwuma sohwɛfo anaasɛ onua a ɔfata ti nkɔmmɔbɔ asɛmti foforo no mu na afei ɔyɛ ɔyɛkyerɛ a wasua no yiye a ɛkyerɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhomakra tõa mu wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Ɔdawurubɔfo betumi aka sɛ: “Nokwarem no, tebea horow pii wɔ hɔ nnɛ a ɛma yesusuw daakye ho, anaa ɛnte saa?” Ma ɔmma mmuae na afei ka nhwɛso biako anaa abien a ɛkyerɛ sɛ yesusuw daakye ho ho asɛm. Afei ka sɛ: “Bere a wiase ɔhaw ahorow no ayɛ dadwene ama nnipa pii no, so wunim sɛ wɔ bere a atwam mu no Onyankopɔn daa nea ɛrenkyɛ ɛbɛba wɔ yɛn bere yi mu no adi? Nea ɔkae wɔ Bible nhoma a wɔfrɛ no Adiyisɛm mu no ka pii fa yɛn daakye ho.” Kenkan Adiyisɛm 1:1 na afei twe adwene si asɛm pɔtee bi a ɛwɔ January 1 ne 15 1986 Watchtower mu a ɛkyerɛ sɛnea nkɔmhyɛ no renya mmamu nnɛ no so. Toa so sɛ: “Ɛwom sɛ ɔhaw ahorow wɔ hɔ nnɛ de, nanso hyɛ daakye bi a anigye wom a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no nsow. [Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.] Saa Ɔwɛn-Aban yi kyerɛkyerɛ nea Bible no ka siei wɔ daakye ho no mu kɛse. Wubetumi anya nsɛmma nhoma yi 24 afe biako bere a woatua ¢240 no.” Fa Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra a wobenya mu kyɛfa dapɛn yi awiei ho nkuranhyɛ wie.
15 min: “Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyɛ nsɛmma nhoma kyekyɛ adwuma Memeneda yi na wonnya Kwasida adansedi mu kyɛfa denam nsɛmma nhomakra so.
Dwom 36 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 9
Dwom 193
13 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de a ɛho hia. Afei nso, “Teokrase Ɔsom Sukuu ma 1986.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma a ɛfa nea ɛwɔ asɛm no mu ho ne nsɛntitirw a ebia ɛho behia sɛ wɔtwe asafo no adwene si so.
17 min: Ma Honhom Mu Nneɛma Nnya Nkɔso Denam Wo Ho a Wode Bɛbɔ Afɔre So. Oguamtrani ka nsɛntitiriw a edidi so yi ho asɛm. Kristofo asetra yɛ nea adagyew nnim. Adwuma a yɛbɛyɛ de ahwɛ yɛn ho anaasɛ nhomasua a ɛho hia a yebenya ne kɔ a yɛbɛkɔ so ayɛ nneɛma a yɛyɛ wɔ asetra mu daa a ɛne adidi, nna ne nea ɛkeka ho no gye yɛn bere mu fã kɛse. Bio nso, yɛwɔ honhom fam dwumadi a ɛho hia ho nhyehyɛe. (Mat. 6:33) Nanso ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma ahorow bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi honhom mu asɛyɛde ho dwuma. Ɔkwan bɛn so na mmusua tumi yɛ dapɛn Bible akenkan ho nhyehyɛe, wosiesie wɔn ho ma asafo nhyiam ahorow, asɛnka adwuma ne honhom mu nneɛma mu nhwehwɛmu a wɔn ankasa yɛ? Bisabisa abusua biako anaa abien a wɔbɔ mmɔden nsɛm. Nneɛma ahorow bɛn na wɔde bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere ama nneɛma a ɛho hia kɛse yi? So wɔagyae TV hwɛ anaasɛ wɔatew ne hwɛ so? Bere nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ anaasɛ bere bɛn na wɔde asi hɔ ama teokrase dwumadi ahorow? Fa hyɛ a wɔbɛhyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔahwehwɛ wɔn ankasa ho mu wɔ sɛnea wɔde bere di dwuma mu wie. So wɔn mu biara betumi ama honhom mu nneɛma anya nkɔso denam wɔn ho a wɔde bɛbɔ afɔre kɛse so?
15 min: “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yenya Odwo Su?” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ November 15, 1985 Watchtower mu kratafa 6-8 so.
Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 16
Dwom 20
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa sika akontaabu ka ho na kyerɛ ka ahorow a mobɔe wɔ ɔsram no mu ne sɛnea asafo no yii ntoboa de tuae. Ka sika dodow a asafo no atumi ayi ama “Betel Ahiade Titiriw” no ho asɛm. Yɛda so ara hia mmoa. Hyɛ asafo nkuran sɛ womfi ayamye mu nyi ntoboa sɛnea ɛbɛyɛ a Asafo ti no benya ¢10,000,000 a yehia no wɔ February awiei. Wobetumi ayi ntoboa denam Ahiade Titiriw ntoboa adaka no so anaasɛ wobetumi de abrɛ Asafo ti no tẽe; afei nso wobetumi abɔ Asafo ti no bosea na wɔde ayɛ ɔdansi adwuma no. Di ho dwuma ma ɛne tebea a ɛwɔ asafo mu no nhyia na fa nkamfo a ɛfata ma.
20 min: “Asɛmpa a wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma a Wɔde Ma wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So.” Di nkyekyem ahorow nyinaa ho dwuma wɔ asemmisa-ne-mmuae kwan so. Yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo baanu nyɛ simma awotwe ɔyɛkyerɛ, sɛ ebetumi a daa akwampaefo baanu a wɔrebɔ sɛnea wodi kan siesie wɔn ho na ama wɔatumi de nsɛmma nhoma ama ho nkɔmmɔ. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn asɛm no gyina nhwɛso ahorow a ɛwɔ nkyekyem 3-5 no so. Fa nsɛmma nhoma a aba foforo di dwuma. Fa nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔ anibu 30-kosi-60 mu wie. Hyɛ nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa a wobenya Memeneda a ɛto so anan ho nkuran.
15 min: Abusua Ahosiesie ma Ɔwɛn-Aban Adesua. Ɔyɛkyerɛ. Abusua bi a wɔwɔ asɛnka agua so siesie wɔn ho ma Kwasida a edi hɔ Ɔwɛn-Aban adesua. Bere a wɔakenkan nkyekyem biako na wɔasusuw ho akyi no, agya kyerɛ wɔn mfaso a ɛwɔ nsɛntitiriw kakraa bi nkutoo ase a wobetwitwa so sen sɛ wobetwitwa nkyekyem no mu nsɛm pii ase no. Eyi boa ma wɔde wɔn ankasa nsɛm ma mmuae. Asɛm no ne sɛ, wobenya emu nsɛntitiriw kakraa bi a wɔatwa ase no mu ntease. Agya ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ankasa nsɛm mma mmuae. Ɔkamfo wɔn. Nea edi hɔ no, agya boa wɔn ma wohu sɛnea wɔde nkyerɛkyerɛmu foforo ma bere a obi akenkan mmuae no tẽe afi nhoma mu no. Wobetumi de kyerɛw nsɛm adi dwuma na wɔaka nsɛntitiriw, mfatoho anaasɛ nhwɛso bi a esi so dua ho asɛm. Afei agya bisa wɔn sɛnea wɔn ankasa te nka wɔ asɛm a wɔresua no ho. So wogye di, wohu bo a ɛsom no, ne nea ɛkeka ho? Agya ka kyerɛ abusua muni kumaa biako sɛ ɔnhwehwɛ asɛntitiriw bi a ɛwɔ adesua no mu ho asɛm foforo. Ɔhyɛ di a wɔde Aid nhoma, nsɛmma nhoma dedaw ne Asafo nhoma afoforo bedi dwuma na aboa ma wɔanya nimdeɛ pii na wɔama asɛm no ayɛ wɔn ankasa de ho nyansa.
Dwom 203 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 23
Dwom 130
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka asafo nhyehyɛe ahorow ma dapɛn mfinimfini ne dapɛn awiei asɛnka adwuma ho asɛm. Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ asɛnka mu Kwasida a edi kan wɔ March mu ho nkuran. Nsɛmma nhomakra no kɔ so ara wɔ March mu.
20 min: Momma 1986 Afe Nhoma no mu nsɛm nhyɛ yɛn nkuran. Ɔkasa a emu yɛ hyew a ɛhyɛ anuanom nkuran ma wɔde Afe Nhoma foforo no di dwuma. Twe adwene si ɔsram yi Teokrase Nsɛmmansɛmma no so na kyerɛ sɛ Afe Nhoma no mu ammaneɛbɔ no de nkyerɛkyerɛmu kɛse ma. Hyɛ Afe Nhoma no a mmusua bɛbom akenkan wɔ faako a ɛbɛyɛ yiye no ho nyansa. Yehowa nhyira a ɔde gu ne nkurɔfo a wɔaboaboa wɔn ano so ho adanse a yehu no hyɛ yɛn nyinaa nkuran.
18 min: “So Wode Wo Nneɛma a Ɛsom Bo Hyɛ Yehowa Anuonyam?” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ December 1, 1985 Watchtower kratafa 20-22 so. Fa “Asemmisa Afã” ka ho. Kamfo asafo wɔ boa a wɔaboa wɔ Betel Foforo ahiade Titiriw ho no ho.
Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.