Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/91 kr. 3
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwankyerɛ Ahorow Ma Sukuu So Ahwɛfo
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 1986
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Mu Nneɛma Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 7/91 kr. 3

Asemmisa Afã

● Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ asuafo nya dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu?

Teokrase Ɔsom Sukuu no atirimpɔw atitiriw no biako ne sɛ yɛbɛtete baguam akasafo. Enti, Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe krataa no yɛ nsiesiei a ɛma wɔde ɔkasa no mu pii ma anuanom mmarima.

Nanso, sukuu no atirimpɔw foforo a ɛho hia ne sɛ wɔbɛtete Yehowa nkurɔfo ma wɔayɛ asɛnkafo ne akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn wɔ Kristofo som adwuma no mu. Enti, ɛfata sɛ anuawanom nso kyerɛw wɔn din wɔ sukuu no mu.

Sɛ wobenya sukuu no mu mfaso akosi ase a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wom no nya dwumadi daa. Wɔhyɛ nyansa sɛ sɛ woyi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no a, anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ osuani biara nya dwumadi biako asram abiɛsa biara, wɔ faako a asafo no so. Sɛ mo asafo no mu tebea ma kwan a, wobetumi ama anuanom mmarima dwumadi no bi aka ho. Enhia sɛ wɔma mpanyimfo a wɔma ɔkyerɛkyerɛ kasa ne Bible mu nsɛntitiriw no daa no sukuu no mu dwumadi afoforo no nso bi.

Bɛyɛ mfe aduonum ni, Teokrase Ɔsom Sukuu no aboa ɔpepem pii ma wɔanya honhom mu nkɔso, na wɔasua sɛnea wɔkasa yiye wɔ Ahenni nkrasɛm no ka mu. Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa nsiesiei fɛfɛ a Yehowa Nyankopɔn de ama yi nni dwuma nkosi ase. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛda yɛn ho adi sɛ wɔn a Onyankopɔn ani sɔ wɔn, adwumayɛfo a ‘enhia sɛ wɔfɛre, na wokura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’​—2 Tim. 2:15

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena