Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/84 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Mu Nneɛma Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Mu Nneɛma Afoforo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Kɔ So Nya Nkɔanim
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 4/84 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu Mu Nneɛma Afoforo

1 Bere a wo nsa aka Teokrase Ɔsom Sukuu Nhyehyɛe ma 1984 no, akyinnye biara nni ho sɛ woanya kwan ahwɛ nneɛma afoforo a ɛbɛma sukuu no atu mpɔn kɛse na asiesie yɛn ama ɔsom adwuma no bi.

2 Esiane sɛ afoforofo pii reba asafo no mu nnɛ nti, ɛyɛ nea ɛfata sɛ yɛbɛkɔ so de Theocratic Ministry School Guidebook no adi dwuma. Wɔn a wɔanya kyɛfa wɔ sukuu no mu mfe pii no mpo betumi anya mfaso afi nsɛm yi a wɔbɛsan akɔ mu bio no mu. Ɔkasa ahorow a egyina “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so no bɛkɔ so de nsɛm atitiriw ama a yɛde besusuw Bible mu nhoma horow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no ho. Anuanom a wɔde ɔkasa a edi kan ne nea etia abien bɛma wɔn no betumi apaw asɛmti a ɛbɛma wɔadi asɛm no ho dwuma yiye.

3 Ebia woahyɛ no nsow sɛ ɔkasa a ɛto so abiɛsa ne anan ma afe mũ no nyinaa bɛyɛ nea egyina Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ no so. Eyi behia sɛ sukuu no mufo ankasa siesie wɔn ho kɛse, nanso ɛbɛma wɔanya hokwan kɛse de nea wɔresua wɔ Theocratic Ministry School Guidebook mu no adi dwuma ankasa. Wɔn a wɔresiesie ɔkasa a egyina Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ so no de nsɛmti a wɔde ama wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Nhyehyɛe ma 1984 mu no na ebedi dwuma. Wobenya hokwan akyerɛ sɛnea wosusuw nsɛm ho ne sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mu, te sɛ nea wɔbɛyɛ bere a wohyia nkurɔfo wɔ asɛnka mu no.

4 Wɔ nsɛm afoforo yi mu no, ɔkwan a ɛfata a wɔfa so de afotu ma no ba bɛyɛ nea emu da hɔ kɛse na ɛho ba sukuu sohwɛfo ne asuafo no nyinaa mfaso. Sɛnea wɔdaa no adi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Nhyehyɛe ma 1983 no mu no, ɛho nhia sɛ sukuu sohwɛfo no di nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ Ɔkasa ho Afotu kratasin no so no akyi nnidiso nnidiso, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si mmeae a ɛho hia sɛ osuani no nya nkɔso wɔ hɔ no so. Ne botae nti a ɔde afotu ma ne sɛ ɔbɛboa osuani no ma wanya nkɔso wɔ ɔsom adwuma no mu. Akwankyerɛ ahorow a ɛwɔ Sukuu Nhyehyɛe foforo no mu no de nkyerɛkyerɛmu pii ma wɔ sɛnea wobetumi ayɛ eyi no ho wɔ asɛmti a ɛne “Counsel and Remarks” ase.

5 Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, gye bere mprempren ara sua Akwankyerɛ ahorow no fã yi yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi anya ntetee a ɛwɔ hɔ ma wo wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ 1984 mu no mu mfaso kɛse. Wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira mmɔden biara a wubetumi abɔ wɔ wo som adwuma a wobɛma anya nkɔso denam asafo nhyehyɛe yi so no so kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena