1984 Afe Nhoma Da Nkɔso Wɔ Wiase Nyinaa Adi
1 Sɛ wokenkan 1984 Afe Nhoma no a, w’ani begye afe yi akontaabu a ɛfa Yehowa Adansefo dwumadi wɔ wiase nyinaa ho no ho. Hwɛ yɛn ani ara a egye sɛ yehu nea afi Yehowa nhyira kɛse wɔ mmɔden a ne nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so abom abɔ wɔ 1983 ɔsom afe no mu no mu aba pefee no!
2 Yesaia hyɛɛ yɛn mmere yi ho nkɔm bere tenten a atwam, na ɔkaa nea yɛanya hokwan rehu nnɛ no ho asɛm. Wɔ asɛm a ɔde reyi Yehowa ayɛ mu no, ɔkae sɛ: “Woma ɔman no dɔ, woma n’anigye sõ.” (Yes. 9:3) Afei wɔ nkyekyem koro no ara mu no ɔkɔɔ so kaa anigye kɛse a Yehowa nkurɔfo wɔ no ho asɛm sɛ: “Wɔn ani gye w’anim sɛ twabere mu anigye, sɛnea wodi asade kyɛ mu ahurusi.” Yesaia asɛm yi kae yɛn nea Yesu kae wɔ otwa adwuma bi a ne bere adu ne hia a adwumayɛfo ho hia wɔ afuw no mu ho no.—Mat. 9:35-38.
3 Akontaabu no kyerɛ sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a adawurubɔfo 2,501,722 yɛɛ adwuma bere nyinaa wɔ afe no mu na yenyaa dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 2,652,323. N’abien nyinaa yɛ 1982 ɔsom afe de no ɔha biara mu nkɔanim 7. Na susuw ho hwɛ—wɔbɔɔ Ahenni no asomfo afoforo 161,896 asu, a ɛyɛ afe a edii ɛno anim de no ɔha biara mu nkɔanim 17!
4 Yenyaa ɔha biara mu nkɔanim 14 wɔ asɛnka adwuma nnɔnhwerew dodow no mu. Wɔde bere yi dii dwuma yiye de dii adanse a etu mpɔn sɛnea nkɔso afoforo a ɛka ho no ma ɛda adi no. Yenyaa nkɔanim wɔ nhoma dodow a yɛde mae no mu a ɛyɛ ɔha biara mu 12! Nsɛmma nhomakra kɔɔ anim ɔha biara mu 28! Hwɛ yɛn ani ara a agye sɛ yenyaa kyɛfa wɔ asɛmpa no ho adwuma yi mu na mprempren yɛanya nea efii mu bae no ho kyerɛwtohɔ!
5 Nea yetumi yɛe wɔ adwuma no mu wɔ 1983 ɔsom afe no mu no, nyinaa mu dodow no ara yɛ nea yebetumi aka sɛ efi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a na akwampaefo 206,098 wɔ hɔ a wobu asɛnka adwuma ho akontaa ɔsram biara no nti. Eyi yɛ afe a etwaam de no ɔha biara mu nkɔanim 19, anaa akwampaefo a wɔn dodow boro 33,000 foforo. So wubetumi atoto wo nneɛma yiye na woabɛka akwampaefo no ho wɔ 1984 mu? Dɛn nti na womfa nyɛ wo ɔsom botae.
6 Anidaso kɛse a ɛwɔ hɔ sɛ yɛbɛkɔ so anya nkɔanim no da adi wɔ ofie Bible adesua 1,797,112 a wobuu ho akontaa a ɛyɛ 1982 de no ɔha biara mu nkɔanim 13 no mu.
7 Nnipa 514,920 foforo baa Nkaedi no ase wɔ 1983 mu a ne nyinaa dodow nkabom yɛ 6,767,707—1982 de no ɔha biara mu nkɔanim 8. Nkɔanim foforo ho anidaso fɛfɛ bɛn ara na yehu wɔ akontaabu yi mu yi!
8 So afe a etwaam dwumadi ho akontaabu a ɛhyɛ nkuran yi nka wo ma wunnya ɔpɛ sɛ wobɛkɔ so ayɛ nea wubetumi nyinaa wɔ Ahenni adwuma no mu? ‘Monka Onyankopɔn Asɛm no a Munsuro.’ Ampa, ebia yɛn mu pii behyia tebea horow a emu yɛ den wɔ yɛn som adwuma a yɛbɛyɛ wɔ 1984 mu no mu, nanso na saa ara na tebea no te ma yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no mu pii wɔ 1983 mu. Nanso Yehowa amma kwan amma mmere horow a emu yɛ den ammrɛ n’adwuma no ase, na eyi da adi pefee wɔ akontaabu a wɔaboaboa ano no mu.
9 Ɔreka Yehowa nhyira a ɛwɔ ne nnɛyi honhom mu ɔman no so ho asɛm bio no, Yesaia kae sɛ: “[Yehowa], woma ɔman no dɔ, woma ɔman no dɔ, w’anim aba nyam, wotrɛw asase no ahye nyinaa mu.” (Yes. 26:15) Sɛ́ ɛhe na Yehowa bɛkɔ so ama nhyira a ɔde ba ne nkurɔfo so no adɔɔso akodu ansa na ahohiahia kɛse no aba no de, yennim. Nanso ɛyɛ yɛn mu biara pɛ sɛ ɔbɛte “amanneɛbɔ a etwa to” no ho asɛm na wanya anigye sɛ onyaa adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no mu kyɛfa.