Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/83 kr. 1-2
  • 1984 Ɔsom Afe No Kwan A Yɛbɛhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1984 Ɔsom Afe No Kwan A Yɛbɛhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YƐN ANKORANKORO BOTAE HOROW
  • ABUSUA BOTAE HOROW
  • Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Teokrase Botae Horow Ho Adwuma a Wobɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 10/83 kr. 1-2

1984 Ɔsom Afe No Kwan A Yɛbɛhwɛ

1 Afe a yetumi yɛɛ honhom mu nneɛma horow! Ɔkwan a ɛyɛ anigye a yɛbɛfa so aka 1983 ɔsom afe no ho asɛm bɛn ni. Ɛrenkyɛ na yɛde anigye akenkan wiase nyinaa akontaabu no wɔ 1984 Afe Nhoma, no mu. Na botae horow a wo ankasa wode sii w’anim no nso ɛ? So wuduu ho? So 1983 yɛ ɔsom afe a wutumi yɛɛ honhom mu nneɛma horow? Nhwehwɛmu kakraa wɔ wo teokrase dwumadi horow mu wɔ 1983 mu betumi aboa wo ma woapere akɔ adwuma a akomatɔyam wom ho bio afe foforo no.​—1 Kor. 9:26; om, nkratafa 116-118.

2 Wɔ amanneɛbɔ ahorow a yɛn nsa reka mu no, ɛda adi sɛ yɛn mu pii duu yɛn botae horow no ho wɔ 1983 mu. Ebinom de wɔn ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu, fii adi kɔɔ asɛnka nea edi kan anaa wofii wɔn Bible adesua a edi kan ase. Afoforo bɛyɛɛ akwampaefo anaasɛ wɔtoo nsa frɛɛ wɔn kɔɔ Betel. Wɔpaw ebinom sɛ asafo mu asomfo ne afoforo sɛ mpanyimfo. Nneɛma yi nyinaa ma yenya akomatɔyam na ɛsɔ Yehowa ani. Wɔ ɔkwan foforo so no ebia botae horow bi wɔ hɔ a woantumi annu ho. Ebia tebea horow bi a wonhwɛ kwan siw wo kwan. Nanso mma w’aba mu mmu. Ebia botae horow yi yɛ nea wubetumi adu ho ara wɔ 1984 ɔsom afe no mu.

YƐN ANKORANKORO BOTAE HOROW

3 So wutumi yɛɛ akwampaefo boafo 1983 mu? So wubetumi de ayɛ wo botae ma woayɛ saa 1984 mu? Wo kalenda no so kakraa a wobɛhwɛ bɛboa wo ma woadi kan ayɛ nhyehyɛe. Sɛ nhwɛso no, so woahu sɛ asram anan wɔ hɔ a emu biara wɔ Memeneda ahorow anum? Afei nso, asram anan wɔ hɔ a emu biara wɔ Kwasida ahorow anum. Yiw, October wɔ adapɛn awiei ahorow anum! Sɛ wunya Memeneda ne Kwasida de yɛ asɛnka adwuma daa a, ɛnde wubetumi anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no dodow ara denam nhyehyɛe a wobɛyɛ ayɛ adwuma da mu no nyinaa no so. Sɛ worentumi nyɛ daa ɔkwampaefo anaa akwampaefo boafo mpo a, ebia wubetumi ama w’asɛnka adwuma anya nkɔanim na sɛnea woyɛ no no nso anya nkɔso.

4 So woakenkan nhoma horow a woyii adi wɔ “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam ase no awie? Na Our Ministry nhoma no nso ɛ? So woakenkan na wode nyansahyɛ horow a ɛwom no adi dwuma wɔ wo som adwuma mu? So wutumi dii 1983 dapɛn dapɛn Bible akenkan dwumadi no akyi? Adesua ho nhyehyɛe pa bɛboa wo ma woanya nhyiam horow mu kyɛfa kɛse. Dɛn nti na womfa eyinom nyɛ botae horow mma 1984? Ɛho a wubedu no bɛma woanya honhom mu mfaso.​—Dw. 1:2.

4 Asafo Nhoma Adesua a yɛbɛkɔ nso yɛ yɛn som no fã a ɛho hia titiriw. Mprempren yɛresua “Let Your Kingdom Come” nhoma no. Yɛwɔ anidaso sɛ ansa na ɔsom afe no bɛkɔ awiei no na yɛawie ɛno ne Live Forever nhoma no. Nhyiam yi a yɛbɛkɔ daa na yɛasiesie yɛn ho yiye ama no bɛma yɛn anigye ayɛ kɛse ampa, bere a yɛkɔ so de nhoma horow yi yɛ adwuma wɔ asɛnka mu no. Ɛsɛ sɛ ofie Bible adesua a yebefi bi ase wɔ Live Forever nhoma no mu titiriw yɛ botae foforo ma yɛn mu biara.

ABUSUA BOTAE HOROW

6 Abusua biakoyɛ som bo wɔ Yehowa anim. Emu yɛ den bere a mmusua horow de wɔn ho hyɛ teokrase dwumadi horow mu na wɔbom pere kɔ botae horow ho no. Bere bɛn ne nea etwa to a wo ne wo yere kɔɔ afie afie? So mubetumi ayi ɔsram bi asi hɔ a abusua mũ no nyinaa betumi ayɛ akwampaefo boafo adwuma anaa mode bere pii ayɛ asɛnka adwuma? So muyi bere bi si hɔ ɔsram biara de yɛ asɛnka adwuma bom sɛ abusua? Wɔn a wɔyɛ saa no nya anigye kɛse efisɛ ɛka wɔn bom kɛse ma woyi Yehowa ayɛ.

7 So moyɛɛ abusua adesua daa wɔ 1983 mu? So obiara de ne ho hyɛ nhyehyɛe no mu? So abusua no mufo nyinaa kɔ asɛnka dapɛn biara bere nyinaa? Ebia ebehia sɛ ebinom de eyinom yɛ wɔn botae horow ma 1984.

8 Botae afoforo nso betumi ama abusua biakoyɛ no mu ayɛ den. Ɔmansin nhyiam horow ma abusua mufo nya hokwan fɛfɛ bom de wɔn ho ma yɛ adwuma wɔ nhyiam ase. Pii wɔ hɔ nso a mubetumi ayɛ wɔ Ahenni Asa so siesie mu. Mpanyimfo de anigye bɛkyerɛ akwan a mubetumi afa so aboa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani gye bere a yɛyɛ adwuma du honhom mu botae horow ho no. Ebia wobɛpɛ sɛ wopaw botae horow a yɛabobɔ din wɔ atifi hɔ no mu abien anaa abiɛsa de fi ase. Ɛnde, bere a wudu eyinom ho no, kɔ foforo so. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ so anya nkɔso kɛse mpo wɔ 1984 ɔsom afe no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena