Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma March: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1980 reba a asafo no wɔ. Sɛ asafo no nni saa nhoma no bi a, wobetumi de “Let Your Kingdom Come” nhoma no adi dwuma. Sɛ ɛsɛ sɛ mode “Kingdom Come” nhoma no di dwuma a, ɛsɛ sɛ asafo no ne ɔmanfo gye no Cost List no so bo a ɛne ¢350 no na akwampaefo gye no ¢175. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ Yɛn Ahenni Som, Vol. 34, No. 1 no Nkaebɔ afa hɔ, na moahu sɛnea mubebisa ma wɔatew afi mo ka so. April: Revelation Climax nhoma. May na June: Ɔwɛn-Aban kra.
● Sɛnea wɔde amanneɛbɔ ama dedaw wɔ krataa yi bi a aba dedaw no mu no, Asafo ti no rentɔn Nkaedi bobesa afe yi. Wɔtwee adwene sii February 15, 1990, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 18 no so de kyerɛɛ bobesa a ɛfata ma Nkaedi no.
● Nea ɛbɛyɛ na moayɛ abodoo a mmɔkaw nnim a ɛfata ma Nkaedi no, yɛsrɛ sɛ monhwɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma no wɔ February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban no kratafa 27.
● Ɛsɛ sɛ asafo no ɔkyerɛwfo hwɛ hu sɛ ɔde Nkaedi Amanneɛbɔ a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ awie bɛmana, Dwoda, April 1.
● Wɔbɛma 1991Nkaedi bere no mu ɔkasa titiriw no wɔ wiase nyinaa Kwasida, April 7, 1991. Ɔkasa no asɛmti bɛyɛ “Mesia no Ba ne Ne Nniso.” Wɔde ho krataa a wɔahyehyɛ ɔkasa no wɔ so no bɛma. Asafo ahorow a ɔmansin sohwɛfo abɛsra wɔn no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 7 adu
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu March 1, anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Bɔ asafo no amanneɛ bere a wɔayɛ eyi awie no.
● Nkaedi no bɛba so Memeneda March 30, 1991. Ɛwom sɛ ebia yebefi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso yɛsrɛ sɛ monkae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde Nkaedi abodoo ne bobesa no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nhyiam foforo biara saa da no gye asɛnka nhyiam nkutoo. Asafo ahorow a wɔyɛ nhyiam Memeneda daa no nyɛ nhyehyɛe na wɔayɛ no da foforo. Wɔrenyɛ nsakrae biara wɔ Kwasida nhyiam horow mu.
● Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no yɛ nhyehyɛe mprempren na wɔde wɔn akwammisa nkratasin ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka nhyehyɛe a ehia no.