Yehowa A Yeyi No Ayɛ Wɔ Nnwonto Mu
1 Dɛn na wuhu wɔ wo dwom nhoma no kratafa a etwa to no? Lewifo nnwontofo kuw a wɔwɔ Yehowa asɔrefi kronkron no mu a wɔabue wɔn anom tɛtrɛɛ de anigye reto dwom. Na nnwonto yɛ nokware som wɔ Yehowa asɔrefi fã titiriw. Ɔhene Dawid bere so no, wɔpaw wɔn a na wɔsom wɔ asɔrefi hɔ no mu ɔha biara mu nkyem 10 sɛ wɔmfa nnwom nnyi Yehowa ayɛ. Na wɔn mu 288 yɛ nnwontofo a wɔatete wɔn, “abenfo.” Wubetumi ahu pefee sɛ wobuu wɔn nnwonto no aniberesɛm.—1 Be. 23:3, 5; 25:7, NW.
2 Sɛ yɛba Kristofo mmere no so a, yehu sɛ Yesu ne n’asomafo no tow dwom bi wɔ Awurade Anwummeduan no akyi. (Marko 14:26) Na ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn mpɛn pii sɛ yɛnto ayeyi nnwoma mma yɛn Nyankopɔn. Ɔkyerɛwee wɔ Kolosefo 3:16, NW, sɛ: “Momma Kristo asɛm no ntra mo mu bebree nyansa nyinaa mu. Monkɔ so mfa nnwom, Onyankopɔn ayeyi, honhom mu nnwonto ne ahummɔbɔ nkyerɛkyerɛ mo ho, ntutu mo ho mo ho fo, na monto dwom mo koma mu mma Onyankopɔn.”—Hwɛ Efesofo 5:19, 20 nso.
3 Ahenni nnwom a yɛto no yɛ ɔkwan biako a yɛfa so yi Yehowa ayɛ. Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa to? Sɛ yɛyɛ saa a, yeyi Yehowa ayɛ. Otie nnwom a yɛto ma no no te sɛ nea otie yɛn mpaebɔ ahorow mpo no. Sɛ yebue yɛn ano to nnwom ankasa a, yebetumi ama afoforo ani agye nso, na yɛn ankasa nya mu mfaso.
4 Susuw yɛn nnwom no mu nsɛm a ɛyɛ dɛ no ho. Nokwarem no, eyi boa yɛn ma ‘yɛkyerɛkyerɛ yɛn ho tutu yɛn ho yɛn ho fo.’ Afotu pa a ɛwɔ yɛn nnwom no mu bɛn ara ni! Sɛ yebu saa afotu no aniberesɛm a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasow honhom aba no, na ama yɛaboro so wɔ eyi mu, na yɛahwɛ yɛn ho yiye wɔ honam fam ne wiase nkɛntɛnso ahorow a ɛba no ho. ‘Dwom a yɛto wɔ yɛn komam’ no hyɛ yɛn nkuran ma yɛde akokoduru ne anigye som Yehowa.
5 Nea ɛbɛyɛ na yɛafi dwom no ase wɔ ɔkwan pa so wɔ nhyiam horow ase no, oguamtrani no betumi aka dwom no asɛmti nso na ɛnyɛ dwom no nɔma nkutoo. Ɛtɔ da bi a, obetumi ahwɛ Kyerɛwnsɛm a egyina so no, na waka sɛnea ɛne asɛm a wɔrebɛka akyerɛ no hyia ho asɛm tiawa.
6 Kingdom Melodies kasɛt ahorow no yɛ nnwinnade fɛfɛ a yɛde bɛboa yɛn mmusua ma wɔahu nnwom no yiye. Eyi a yɛbɔ tie bere a yɛyɛ biribi no yɛ anigyede a ɛsen biara a yɛbɛfa so ahu yɛn nnwom no yiye.
7 Kyerɛwnsɛm no kae yɛn mpɛn pii wɔ asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛde nnwom beyi yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ayɛ no ho. Momma yemfi ɔkra nyinaa mu nyɛ saa. Ɛdenam saayɛ so no, yebetumi afi komam de anigye adi ɔhɔho a ɔba yɛn ntam no adanse. Yiw, momma yɛnto dwom mma Yehowa te sɛ nea Dawid a ɔtraa ase tete no yɛe no.—Dw. 108:1-3.