So Woyɛ Ɔdawurubɔfo A Ɔkɔ Asɛnka Daa?
1 Bere bi wɔ Yesu asase so ɔsom adwuma no mu no, “asuafo no nyinaa ani fii ase gyei, na wɔde nne kɛse yii Nyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenne a wɔahu nyinaa nti.” Nanso, Farisifo bi a na wɔwɔ nnipadɔm no mu no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Kyerɛkyerɛfo ka w’asuafo no anim!” Mmuae a Yesu mae no kyerɛ biribi titiriw: “Mise mo sɛ: Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm.”—Luka 19:37-40.
2 Yesu mmuae no da Yehowa bo a wasi sɛ wɔbɛbɔ ne din ne n’atirimpɔw dawuru no adi. Yiw, sɛ nnipa mua wɔn ano a, “abo mpo bɛteɛm“! Nanso so asuafo no bemua wɔn ano ampa wɔ Yehowa din ne n’atirimpɔw ho dawurubɔ no mu? Bere a wɔbaraa asomafo no sɛ wommua wɔn ano no yiw, bere a aban mpanyimfo no hyɛɛ wɔn sɛ “wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa” no, asomafo no buaa ntɛm ara sɛ: “Yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.”—Aso. 4:18-20.
3 Abɔfo kronkron no wɔ asɛmpa no ho dawurubɔ ho anigye yiye. Wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den nyinaa akyi no, abɔfo de nsɛm a edi so yi hyɛɛ asomafo no nkuran ɔhyew so sɛ ɛnsɛ sɛ womua wɔn ano: “Monkɔ . . . ka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.” (Aso. 5:20) Asomafo no kɔɔ asɛnka daa de dii ɔsoro ahyɛde yi so, na “wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.” (Aso. 5:42) Wo nso, so woyɛ ɔdawurubɔfo a ɔkɔ asɛnka daa?
4 Adawurubɔfo bɛyɛ 3,000 ntaa nkɔ asɛnka daa ara. So woyɛ wɔn mu biako? Sɛnea ɔhaw a wuhyia no te biara no. wo na wunim sen obiara. Dɛn na woreyɛ na woagyae asɛnka a wontaa nkɔ daa no koraa? Mpanyimfo ne asafo mu asomfo ne anuanom mmarima ne mmea a wɔfata nyinaa ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo. Dɛn nti na wonkɔ wɔn nkyɛn nkogye mmoa a ɛte sɛɛ na ‘woahyɛ nsa a amu agow ne nkotodwe a ahodwow no mu den’?—Heb. 12:12.
WO NSO, WUBETUMI AKƆ ASƐNKA DAA
5 Nokwarem no, ebinom ahwere Bible asuafo kakra efisɛ ehu aka saafo no esiane nsa a ɛda yɛn dwumadi so no nti. Ehu no ano abrɛ ase ara yiye wɔ mmeae pii, na mprempren yɛn kan Bible asuafo no mu binom to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛsra wɔn bio. Sɛ wo suani no nyɛ saa mpo a, dɛn nti na wunni kan nkɔ ne nkyɛn?
6 Ɛnyɛ Bible asuafo a yɛbɛboa wɔn no nko na yɛn ani gye ho, na mmom afoforo a yɛbɛhwehwɛ wɔn nso. Sɛnea ɛte biara no, fa hokwan ahorow a ebue no di dwuma fa di bɔnnɔ so adanse, na sɛ bere no sua dɛn ara mpo a, kyerɛw to hɔ, afei ka bom, na bu ho akontaa ma ɔsram no. Afei nso, afie afie adwumayɛ ma yenya hokwan pii de hu wɔn a wɔwɔ nguanten su. Sɛ wopɛ nyansahyɛ ahorow a, yɛsrɛ wo san ti nsɛm a edidi so yi mu: February 1990 Yɛn Bulletin mu asɛm a ɛne “Ma W’ani Nna hɔ wɔ Bible Nhoma a Wode Bɛma Ho”; June 1990 de no mu asɛm a ɛne “Wo Nso, Wubetumi Adi Bɔnnɔ so Adanse Ma Ayɛ Yiye”; Volume 33, No 7 mu asɛm a ɛne “Ka Asɛm wɔ Afie Afie”; Volume 33. No. 9. mu asɛm a ɛne “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Hokwan a Yɛbɛhwehwɛ de Adi Bɔnnɔ so Adanse So.” Sɛnea wubetumi ahu no, wɔaka afie afie ne bɔnnɔ so adansedi ho asɛm pii wɔ nnansa yi asram no mu.
MMOA A EFI MMEAE AFOFORO
7 Nyansahyɛ a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na ɛbɛboa wo ma woakɔ asɛnka daa? Nea yɛka wɔ afie mu no mu ahotoso a yɛwɔ no ma asɛnka mu anigye yɛ kɛse. Enti, bere a wubegye de asiesie nsɛmti kakra a wobɛka akyerɛ no nyɛ ade a wosi so dua dodo. Wubetumi ne obi a woama wayɛ ofiewura asua sɛnea wobɛka mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no akyerɛ. Nhoma te sɛ Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ anaasɛ Reasoning From the Scriptures no yɛ mmoa a ɛsom bo yiye. Osuahu akyerɛ sɛ, sɛ mpanyimfo hyɛ da paw onuabarima anaasɛ onuawa bi sɛ ɔmmoa obi a ɔntaa nkɔ asɛnka daa a, biribi pa fi mu ba. Na sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo ne wɔn yerenom nso de nsiyɛ di asɛnka anim a, enya asafo no so nkɛntɛnso pa. Akuw so ahwɛfo betumi aboa ma asɛnka a wɔntaa nkɔ daa no so atew anaasɛ agyae, sɛ wɔma wɔn ani da hɔ wɔ ɔsram no mu sɛ wɔbɛboa ɔdawurubɔfo biara ma wakɔ asɛnka a. Akwampaefo nso betumi aboa ma asɛnka a wɔnkɔ daa no so atew denam wɔn pɛ mu a wobefi aboa afoforo wɔ asɛnka mu no so. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma so ahwɛfo nso ma wɔn ani ku ɔhaw no a wɔbɛboa ma wɔadi so no ho kɛse.
8 Wɔde nkuranhyɛ a ɛka koma ama wɔ Dwom 96:2 sɛ: “Monto dwom mma [Yehowa], munhyira ne din, monka ne nkwagye [asɛmpa] da biara da.” Ɛmmra sɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra da biara no bɛma wɔaka asɛm a yɛka no ho asɛmpa. Bɔ mmɔden sɛ wobɛbɔ “nkwagye [asɛmpa]” no dawuru daa ɔsram biara. W’akatua bɛyɛ kɛse, efisɛ “nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.”—Mmeb.11:25.