Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/91 kr. 7
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa afã
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Akwan a Yɛfa So Ka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Kuw Adansedi De Anigye Ba
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Momma Asafo No Nyɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 6/91 kr. 7

Asemmisa Afã

● Dɛn nti na wɔkamfo kyerɛ sɛ adawurubɔfo ne asafo a wɔte wɔn asasesin mu no nsom?

Ehia sɛ yɛyɛ nneɛma wɔ ano wɔ ano wɔ teokrase kwan so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Efisɛ Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ [Nyankopɔn], na mmom asomdwoe [Nyankopɔn]. . . . Na wɔnyɛ ɛde nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.”​—1 Kor. 14:33, 40.

Ɛwom sɛ ebia akwantu mu nsɛnnennen, honam fam adwuma ho bere nhyehyɛe, asafo no so hwɛ mu mmoa a wohia remma yentumi nyɛ saa de, nanso eye sen biara sɛ yɛne asafo a yɛte wɔn asasesin mu no bɛkɔ nhyiam. Eyi ma asɛnkakɔ yɛ mmerɛw, na enhia sɛ yebetwa kwan tenten ne kuw bi a enni yɛn mpɔtam hɔ bɛkɔ akɔyɛ adwuma. Etumi ma yɛne afoforo a wɔwɔ yɛn asafo no mu no ye adwuma, na yɛkyerɛ anigyefo afoforofo kwan ba nhyiam a ɛnhaw wɔn kɛse. Ɛma yɛne yɛn nuanom afoforo a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ a wobetumi aboa yɛn bere a ɛho abehia no di nkitaho kɛse.

Ɛsɛ sɛ yɛkwati ahofadi honhom, yɛde Ahenni nneɛma di kan, na yɛyɛ ade ma ɛne nhyehyɛe a wɔayɛ no hyia. (Luka 16:10) Sɛ wɔtew asafo foforo, anaa wɔsan hyehyɛ Asafo Nhoma Adesua foforo a, ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛne yɛn nnamfo bi kɔ faako. Nanso yɛnam nhyehyɛe foforo a yebegye atom so no betumi anya nnamfo afoforo, na yɛatrɛw yɛn teokrase ayɔnkofa no mu. Afei nso, ɛyɛ mmerɛw kɛse ma mpanyimfo sɛ wɔbɛhwɛ nguan no, na wɔama asafo no honhom mu tebea anya nkɔso, bere a mpanyimfo ne adawurubɔfo nyinaa te asafo a wɔne wɔn bɔ fekuw asasesin mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena