Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/03 kr. 1
  • Kuw Adansedi De Anigye Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kuw Adansedi De Anigye Ba
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kuw Adansedi Ho Mfaso Ahoro
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Sɛnea Wubetumi Anya W’asɛnka Kuw so Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Kuw Adansedi Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Asɛnka Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 7/03 kr. 1

Kuw Adansedi De Anigye Ba

1 Bere a Yesu resoma asuafo 70 sɛ wɔnkɔka asɛm no, ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔnka, ɔkyekyɛɛ wɔn baanu baanu, na ɔkyerɛɛ wɔn asasesin a wɔnyɛ mu adwuma. Eyi ma wonyaa anigye kɛse. (Luka 10:1-17) Saa ara na nnɛ, kuw adansedi boa siesie Onyankopɔn nkurɔfo, hyehyɛ wɔn, na ɛhyɛ wɔn nkuran ma asɛnka adwuma no.

2 Mpanyimfo Di Anim: Mpanyimfo yɛ adwuma titiriw de boa obiara ma onya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Ɔsom adwuma sohwɛfo no di anim yɛ nhyehyɛe ma dapɛn mfinimfini adansedi. Ɛyɛ nhoma adesua sohwɛfo biara asɛyɛde sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe ama ne kuw, titiriw wɔ dapɛn awiei. Sɛ edu bere bi na sɛ asafo mũ no nyinaa hyiam kɔ asɛnka te sɛ Ɔwɛn-Aban adesua bi akyi a, ɛsɛ sɛ nhoma adesua sohwɛfo biara di n’ankasa kuw ahiade ho dwuma.

3 “Fɛfɛɛfɛ Wɔ Ano Wɔ Ano”: Ɛsɛ sɛ onua a wɔpaw no sɛ ɔnhwɛ asɛnka nhyiam so no fi ase wɔ bere ano na ɛnsɛ sɛ ɔma nhyiam no di boro simma 10 anaa 15. Ɛbɛyɛ papa sɛ ɔbɛkyekyɛ kuw no mu ama wɔn asasesin (gye sɛ nhoma adesua so ahwɛfo no na wobedi eyi ho dwuma, sɛnea yɛaka dedaw no) ansa na wɔde mpaebɔ awie. Eyi mma ɛho mmehia sɛ adawurubɔfo no bɛbom ahyiam wɔ asasesin no mu, ade a ebetumi abrɛ nidi a yɛn adwuma no wɔ ase no. Ɛne ɔsomafo Paulo afotu no hyia nso sɛ: “Wɔnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.” (1 Kor. 14:40) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkɔ nhyiam yi nyinaa boa ma nhyehyɛe no kɔ so yiye denam du a wobedu hɔ bere ano, ne nea ɔredi anim no bɛyɛ biako koraa, na wɔafi hɔ ntɛm akɔ asasesin no mu bere a wɔawie nhyiam no ara pɛ no so.

4 Ɛde Biakoyɛ Ba: Kuw adansedi nhyehyɛe no ma yenya hokwan a ɛkyɛn so de hu afoforo wɔ asafo no mu. Bere a ɛnyɛ mfomso sɛ yebedi kan ne obi ayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ adwuma abom no, ebetumi ayɛ nhyira nso sɛ yɛbɛkɔ asɛnka nhyiam ahorow a yenni kan ne obi nyɛ nhyehyɛe biara. Wobetumi ama yɛne obi a yennim no yiye anantew, na yɛnam so atumi ‘atrɛw’ yɛn dɔ mu.—2 Kor. 6:11-13.

5 Kuw adansedi hyɛ yɛn nkuran na ɛka yɛn bom sɛ ‘yɔnko adwumayɛfo ma nokware no.’ (3 Yoh. 8) Ɛmmra sɛ yebenya mu kyɛfa akosi ase!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena