Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/12 kr. 5-6
  • Sɛnea Wubetumi Anya W’asɛnka Kuw so Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubetumi Anya W’asɛnka Kuw so Mfaso
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛnka Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Kuw Adansedi Ho Mfaso Ahoro
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Mmoa Wɔ Bere A Ɛsɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 10/12 kr. 5-6

Sɛnea Wubetumi Anya W’asɛnka Kuw so Mfaso

1. Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no so mfaso horow bɛn na yɛn asɛnka kuw ma yɛkɔ so nya?

1 So wode anigye kae nneɛma a na mo Asafo Nhoma Adesua kuw yɛ no bi? Ná akuw no mufo nnɔɔso ma enti obiara ani ka obiara anim. Eyi nti na ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya nnamfo a wɔboa yɛn wɔ honhom fam. (Mmeb. 18:24) Ná nhoma mu adesua sohwɛfo no nim yɛn mu biara nsɛm tebea ma enti na otumi hyɛ yɛn nkuran. (Mmeb. 27:23; 1 Pet. 5:2, 3) Yɛn asɛnka akuw no ma yɛkɔ so nya mfaso ahorow yi.

2. Yɛbɛyɛ dɛn adi kan atu anammɔn de anya nnamfo a wɔboa yɛn wɔ honhom fam wɔ yɛn asɛnka kuw no mu?

2 Di Kan Tu Ho Anammɔn: Asɛnka akuw no kɛse te sɛ nhoma adesua akuw no ara. Sɛ yɛne afoforo “bom” yɛ asɛnka adwuma no a, yɛne yɛn ho benya abusuabɔ a emu yɛ den. (Filip. 1:27) Wo kuw no mufo baahe na wo ne wɔn akɔ asɛnka? So wubetumi ‘atrɛw mu’ ma wo ne afoforo nso akɔ? (2 Kor. 6:13) Afei nso, ɛtɔ bere bi a, yebetumi ato nsa afrɛ yɛn kuw no muni bi ma ɔne yɛn abom ayɛ yɛn anwummere Abusua Som anaa ɔne yɛn abedidi. Wɔ asafo ahorow bi mu no, asɛnka akuw no som akasafo a wɔn asafo no to nsa frɛ wɔn no hɔho mmiako mmiako. Dapɛn a kuw no bɛhwɛ ɔkasafo no, ɛmfa ho sɛ ebia ɔkasafo no bɛba hɔ bi anaa ɔremma no, wohyiam didi hyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.

3. Hokwan ahorow a ɛbɛma wɔabɛsra yɛn wɔ yɛn asɛnka kuw mu ahyɛ yɛn den no bi ne dɛn?

3 Ɛwom sɛ seesei asafo no hyiam mprenu dapɛn biara de, nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no kɔsra adawurubɔfo no mpɛn pii. Wɔapaw akuw so ahwɛfo ama kuw biara sɛ wɔnhyɛ kuw no muni biara nkuran na wɔntete wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ wo kuw sohwɛfo no ne wo nyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne wo bɛkɔ asɛnka a, dɛn nti na wonka nkyerɛ no sɛ wo ne no bɛkɔ? Afei ɔsram biara, ɔsom adwuma sohwɛfo no ne asɛnka kuw biako mufo kɔ asɛnka dapɛn awiei biako. Wɔ asafo nketewa a asɛnka akuw a ɛwom no nnɔɔso mu no, obetumi ayɛ nhyehyɛe akɔsra kuw biara mprenu afe biara. So woyɛ nhyehyɛe kɔ asɛnka bere a ɔbɛsom mo kuw no?

4. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ asɛnka nhyiam? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw ho sɛ yɛde yɛn fie bɛma ma wɔayɛ asɛnka nhyiam wɔ hɔ?

4 Mpɛn pii no mfaso wɔ so sɛ kuw biara nkutoo behyiam akɔ asɛnka dapɛn awiei. Sɛ munya mmeae bi a mubehyiam akɔ asɛnka wɔ bɛyɛ bere koro mu a, ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ adawurubɔfo bɛba asɛnka nhyiam no ne ebia asasesin no mu. Mubetumi akyekyɛ adawurubɔfo no ntɛm ma moakɔ asasesin no mu ntɛm ara. Ɛyɛ mmerɛw kɛse ma kuw sohwɛfo no nso sɛ ɔbɛboa ne kuw no mufo yiye. Nanso, ebia nsɛm tebea bɛma ayɛ papa sɛ akuw abien anaa nea ɛboro saa behyiam. Sɛ asafo mũ no nyinaa hyiam bom kɔ asɛnka Memeneda a edi kan wɔ ɔsram no mu anaa Ɔwɛn-Aban Adesua no akyi a, ɛtaa yɛ nea mfaso wɔ so sɛ kuw biara mufo bɛtena abom na kuw sohwɛfo no anya simma kakra de akyekyɛ ne kuw no mufo ansa na wɔabɔ mpae de awie asɛnka nhyiam no.—Hwɛ adaka “Wubetumi De Wo Fie Ama?”

5. Ɛwom sɛ Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no aba awiei de, nanso dɛn na yebetumi anya mu ahotoso?

5 Ɛwom sɛ Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no aba awiei de, nanso Yehowa kɔ so de biribiara a yehia na ama yɛayɛ n’apɛde ma yɛn. (Heb. 13:20, 21) Esiane sɛ Yehowa hwɛ yɛn nti, yenhia hwee. (Dw. 23:1) Yɛnam yɛn asɛnka kuw no so betumi anya nhyira horow pii. Sɛ yedi kan fi yɛn pɛ mu ‘gu pii’ a, ‘yebetwa pii.’—2 Kor. 9:6.

[Kratafa 6 adaka]

Wubetumi De Wo Fie Ama?

Asafo ahorow bi ka bom yɛ asɛnka nhyiam wɔ dapɛn awiei esiane sɛ wonnya afie pii nyɛ asɛnka nhyiam wom nti. Asɛnka nhyiam ka asafo no nhyehyɛe ho ma enti ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛbɛma wɔayɛ asɛnka nhyiam wɔ yɛn fie. Wubetumi de wo fie ama? Nka sɛ wo fie sua ma enti woremfa mma. Asafo mu mpanyimfo bɛhwɛ baabi a wo fie no wɔ na wɔasusuw nneɛma afoforo ho sɛnea na wɔyɛ bere a wosusuw beae a wɔbɛyɛ nhoma adesua ho no. Sɛ wopɛ sɛ wode wo fie ma a, ka ho asɛm kyerɛ wo kuw sohwɛfo no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena