Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/12 kr. 7
  • Akwan Anum a Wobɛfa So Anya Bible Adesua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwan Anum a Wobɛfa So Anya Bible Adesua
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wonam Ebinom so Bisa Afoforo Ase?
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • So Woka Bible Adesua ho Asɛm Kyerɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Ɔfã 7—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 10/12 kr. 7

Akwan Anum a Wobɛfa So Anya Bible Adesua

1. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebenya Bible adesua wɔ yɛn asasesin mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?

1 So woahu sɛ ɛyɛ den sɛ wubenya obi a wo ne no besua Bible no? Mpa abaw. Yehowa hyira wɔn a wɔkɔ so yɛ n’apɛde. (Gal. 6:9) Nyansahyɛ anum a ɛbɛboa wo na edidi so yi.

2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka akyerɛ obi tẽẽ sɛ yɛne no bɛyɛ adesua na ama yɛatumi ne no afi ase?

2 Ka Ho Asɛm Tẽẽ: Nnipa pii nim sɛ yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ma afoforo de, nanso ebia wonnim sɛ yɛka kyerɛ wɔn sɛ yɛne wɔn bɛyɛ Bible adesua. Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wobɛka ho asɛm tẽẽ bere a wokɔ afie afie no? Wubetumi abisa anigyefo a wokɔ wɔn nkyɛn no nso sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ wo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua anaa. Sɛ wɔka sɛ wɔmpɛ a, wubetumi akɔ so de nhoma akɔma wɔn na woama wɔn anigye ayɛ kɛse. Ná onuabarima bi de nsɛmma nhoma kɔma awarefo bi mfe pii. Bere a ɔde nsɛmma nhoma bi a aba foforo kɔmaa wɔn na ɔredan ne ho akɔ no, ɛbaa n’adwenem sɛ ommisa wɔn sɛ: “Mobɛpɛ sɛ me ne mo bɛyɛ Bible adesua?” Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ wobuae sɛ yiw. Seesei wɔabɔ asu.

3. So ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ wɔn a wɔba nhyiam no ne obi resua Bible no? Kyerɛkyerɛ mu.

3 Wɔn a Wɔba Nhyiam: Nnya adwene sɛ anigyefo a wuhu wɔn wɔ asafo nhyiam ase no ne obi resua Bible no dedaw. Onuabarima bi ka sɛ: “Wɔn a na wɔba nhyiam a me ne wɔn kasae no na ɛma minyaa adesua a mayɛ no mu dodow no ara.” Onuawa bi sii gyinae sɛ ɔne ɔbea bi a ɔfɛre ade a ne mmabea a wɔabɔ asu wɔ asafo no mu bɛkasa. Ná ɔbea no aba nhyiam bɛyɛ mfe 15, na bere nyinaa sɛ wɔrebefi nhyiam no ase pɛ a, na waba Ahenni Asa so, na sɛ wɔpɔn ara pɛ a, na wafi hɔ kɔ. Ɔbea no penee so sɛ ɔne no nsua ade, na awiei koraa no ɔbaa nokware no mu. Onuawa no kyerɛw sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ metwɛn mfe 15 ansa na merebisa no sɛ ɔbɛpɛ sɛ me ne no sua ade anaa!”

4. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔn ani gye adesua ho a yebebisa wɔn ase no betumi ama yɛanya obi ne no asua ade?

4 Bisa Afoforo a Wɔn Ani Begye Ho Ase: Onuawa bi bɔ mmɔden sɛ ɔne afoforo bɛkɔ akɔyɛ wɔn Bible adesua. Sɛ nea ɔreyɛ adesua no ma no kwan a, obisa osuani no wɔ adesua no awiei sɛ ebia onim afoforo a wɔn ani begye ho sɛ wɔne wɔn bɛyɛ adesua anaa. Sɛ wode Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no rema obi a wokɔ ne nkyɛn a, wubetumi abisa no sɛ: “Wunim obi a n’ani begye ho sɛ obenya nhoma no bi?” Ɛtɔ bere bi a, nsɛm tebea mma adawurubɔfo ne akwampaefo kwan sɛ wɔne obi a wohyia no wɔ asasesin no mu bɛyɛ adesua. Enti ma afoforo nhu sɛ wubetumi ne wɔn a wɔte saa no ayɛ Bible adesua.

5. Dɛn nti na yebetumi abisa asafo no mufo a wɔn ahokafo nyɛ gyidifo no sɛ so wɔbɛpɛ sɛ yɛne wɔn sua ade?

5 Aware Mu Ahokafo a Wɔnyɛ Gyidifo: So adawurubɔfo a wɔn ahokafo nyɛ gyidifo wɔ mo asafo no mu? Wɔn a wɔnyɛ gyidifo no mu binom mpɛ sɛ wɔn ahokafo a wɔyɛ Kristofo no ne wɔn bɛka Bible no ho asɛm, nanso sɛ obi a ɔnyɛ abusua no muni ka sɛ ɔne wɔn bɛyɛ adesua a, wɔpene so. Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ wo ne ne hokafo a ɔyɛ gyidini no bɛka ho asɛm na ama woahu ɔkwan pa a wobɛfa so ayɛ adesua no.

6. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛbɔ mpae bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya obi ne no asua ade no?

6 Mpaebɔ: Mmu tumi a mpaebɔ wɔ no adewa. (Yak. 5:16) Yehowa hyɛ bɔ sɛ obetie yɛn mpaebɔ bere a ɛne n’apɛde hyia. (1 Yoh. 5:14) Onuabarima bi a onni adagyew koraa fii ase bɔɔ mpae sɛ ɔpɛ sɛ onya obi a ɔne no bɛyɛ Bible adesua. Ná ne yere ntumi nhu sɛ ebia ne kunu benya bere ne obi asua ade, ne titiriw bere a osuani no rehyia ɔhaw pii no. Enti ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa bere a na ɔrebɔ mpae ama ne kunu sɛ onnya obi a ɔne no besua ade. Adapɛn abien akyi no, wonyaa wɔn mpaebɔ no ho mmuae. Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ asafo no mu nyaa ɔbarima bi a ɔpɛ sɛ osua ade, na ɔdan adesua no maa onuabarima no. Ne yere kyerɛw sɛ: “Meka kyerɛ obiara a ebia ɔte nka sɛ ɛbɛyɛ den paa sɛ ɔbɛyɛ Bible adesua no sɛ: Ka nea wuhia pɔtee no ho asɛm wɔ wo mpaebɔ mu, na kɔ so bɔ ho mpae. Mansusuw sɛ yebenya anigye kɛse saa.” Sɛ woampa abaw a, wo nso wubetumi anya Bible adesua, na w’ani begye sɛ woaboa obi ma wabɛfa ‘ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu’ no so.—Mat. 7:13, 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena