Da Onyamesom Pa Ahofama Adi Sɛnea Kristo Yɛe No
1 Bible asɛm a ɛne ‘onyamesom pa ahofama’ no kyerɛ obu a emu dɔ a yɛde ma Yehowa Nyankopɔn ne nokwaredi a yɛde som no. Nea wada onyamesom pa ahofama adi asen obiara ne yɛn Awurade Yesu Kristo.
2 Yesu nam n’asetra kwan wɔ asase so ha no so daa ne ho adi sɛ onipa a ɔwɔ onyamesom pa ahofama a edi mu. Enti, eye sɛ yebesusuw n’asetra mu nneɛma bi ho, ne titiriw no sɛnea ɛka ne dwumadi sɛ Yehowa Nyankopɔn kasamafo titiriw ho asɛm no.
DA NSIYƐ NE AKOKODURU ADI
3 Yesu de nsiyɛ bɔɔ nea Yesaia 61:2 ka ho asɛm sɛ “[Yehowa] anisɔ afe” no dawuru. Ɛsɛ sɛ yɛde nsi yɛ nkwagye adwuma yi bi wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri yi mu, de suasua Yesu nhwɛso no. Ɛsɛ sɛ yenya akokoduru te sɛ Yesu. Dɛn ntia? Efisɛ Ahenni nkrasɛm a yɛbɔ no dawuru no ano yɛ den na ebinom mpɛ, ne titiriw no bere a yɛka Yehowa aweredi da no ho asɛm no.
4 Yehia Yehowa honhom ne akwankyerɛ na aboa yɛn ma yɛde akokoduru akasa, na yɛada onyamesom pa ahofama adi. Yesu ka wɔ Luka 4:18 sɛ: “[Yehowa] honhom wɔ me so.” Yɛn nso yɛnam Yehowa honhom ne ne nhyira so betumi ada onyamesom pa ahofama adi, na yɛasɔ Yehowa ani. Sɛ yɛbɛda biribi adi no kyerɛ sɛ yɛbɛma ade no yɛ adan yɛn su. Ɛkyerɛ sɛ biribi abɛyɛ yɛn da biara da asetra kwan. Ɛsɛ sɛ onyamesom pa ahofama yɛ Onyankopɔn nkoa asetra kwan. Ɔsomafo Paulo se: “Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.”—1 Kor. 10:31.
ONYAMESOM PA AHOFAMA, YƐN ASETRA KWAN
5 Asusow bere adu. Ɛma yehyia ɔhaw ahorow bi wɔ asɛnka ne nhyiamkɔ mu. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi hia a ɛho da so ara hia sɛ yesuasua Kristo denam hokwan ahorow a ɛbɛma yɛaka asɛmpa no akyerɛ afoforo no a yɛde bedi dwuma no so. Yiw, yɛpɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yiye sɛ yɛbɛkɔ asɛnka daa; sɛ yɛbɛma yɛn ani aku yɛn honhom fam ahiade ahorow ho. Bere a yɛyɛ saa wɔ ɔsram a ɛne July yi mu no, wɔkamfo kyerɛ sɛ yɛmfa Mankind’s Search for God nhoma no nni dwuma.
6 Ɛnyɛ Yehowa aweredi da a yɛbɛbɔ no dawuru no nkutoo ne yɛn asetra kwan, na mmom onyamesom pa ahofama a yɛbɛda no adi wɔ yɛn ankasa ne yɛn abusua asetra mu no nso. Ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu, yɛde nhwɛso kyerɛ afoforo sɛnea onyamesom pa ahofama te ankasa. Sɛ yedi Kristo onyamesom pa ahofama nhwɛso no akyi a, yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yebenya adwene a ɛteɛ no wɔ biribiara a yɛyɛ mu, na yɛkamfo Yehowa na yɛada no adi sɛ yɛyɛ ne nkoa anokwafo.
7 Ɛmmra sɛ onyamesom pa ahofama a yɛbɛda no adi no bɛboa afoforo wɔ Onyankopɔn akyi kwan a wɔhwehwɛ no mu, na yɛatwe komapafo adwene asi nokware Nyankopɔn Yehowa no ho nimdeɛ so.