Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/91 kr. 7-8
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1991
Yɛn Ahenni Som—1991
km 11/91 kr. 7-8

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaa nsɛmma nhoma abien no nyinaa kra. December: New World Translation of The Holy Scriptures ne Is the Bible Really the Word of God? nhoma a yɛde bɛma agye ne bo fa a ɛyɛ ¢175. Akwampaefo begye no ¢90. Mpanyimfo mmisa wɔ Remittance kratasin so ma wɔntew mfi mo ka so. January 1992: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. February ne March: Wubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1983 reba no ama de agye ne bo a ɛwɔ Cost List no so no fa.

◼ Sɛ mo asafo no mfaa Special Order for 1992 Service Year kratasin a moahyehyɛ awie mmanae a, monyɛ saa mprempren ara, anyɛ saa a ɛbɛka akyi dodo sɛ yɛde mo 1992 Yearbook, kalenda, “Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa” ne nea ɛkeka ho no bɛmana mo.

◼ Efi November 1, 1991, reba no, adawurubɔfo begye ɔsatu nhoma a mo asafo no wɔ nyinaa a adan akokɔsrade no wɔ bo a yɛde gye no fa, na wɔde ama ɔmanfo saa ara. Akwampaefo begye nhoma a ɛte saa no wɔ bo a yɛde gye no nkyem anan mu biako, na wɔde ama ɔmanfo wɔ bo a yɛde gye no fa. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kenkan Asafo ti krataa a wɔkyerɛw brɛɛ wɔn faa asɛm yi ho no, na wɔahu sɛnea wobebisa ma wɔatew nhoma a ɛte sɛɛ no ho ka afi wɔn ka so. Nhyehyɛe a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no bɛkɔ so ara ayɛ adwuma kosi sɛ nhoma ahorow a adan akokɔsrade no bɛsa. Nanso, wɔbɛkɔ so agye ɔsatu nhoma a ɛnnan akokɔsrade no na wɔde ama ɔmanfo sɛnea yegye a wɔakyerɛ wɔ Asafo ti no Cost List no so no. Ahyɛde yi mfa nsɛmma nhoma ho na mmom ɔsatu nhoma nkutoo ho.

◼ Wobesua Revelation Climax! nhoma no wɔ asafo ahorow a ɛka ɔman yi mu kasa horow no nhoma adesua ase wɔ afe a ɛreba no mfiase pɛɛ. Yɛsrɛ sɛ monkra kasa ko a mopɛ no mu de: Ewe, Ga, Twi.

◼ Mprempren yebetumi ama wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no wɔ Myanmar (Burmafo) kasa mu. Wotintim Myanmar Ɔwɛn-Aban no mprenu ɔsram biara, na saa kasa no mu Nyan! no ba pɛnkoro ɔsram biara.

◼ Nhoma a Ɛwɔ Hɔ:

Engiresi: Watchtower Bound Volume 1962-1979 ne 1981-1985; Awake! Bound Volume 1981-1984; 1989-1990. Yearbook of Jehovah’s Witnesses: 1990 ne 1991. Calendar of Jehovah’s Witnesses: 1990-1991. Wɔhyɛ asafo ahorow ne ankorankoro nkuran sɛ wɔnhwɛ wɔn nhomakorabea sɛ nhoma yi bi wɔ hɔ anaa. Sɛ wonni bi a, ɛnde wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkra bi. Wɔatew Yearbook ne Calendar ahorow no so aba bo a ɛwɔ Cost List no so fã.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena