Yɛ Nhyehyɛe Mprempren Na Woakɔ 1991 “Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam No
1 Esiane wiase no mu tebea horow nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo hwehwɛ ahofadi kɛse sen nea wɔwɔ no wɔ nsase pii so. Nanso ɛhe na yebetumi anya ahofadi ankasa afi? Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.” (Yoh. 8:31, 32, New World Translation) Ahofadi yi nyɛ nea enni mũ a nnipa wɔ anidaso sɛ wobenya, bere a wopow amammui sodifo biako anaasɛ nniso bi na wogye foforo tom no bi. Mmom no, ɛfa nea ɛde adesamma haw ahorow ba no ho. Nea na Yesu reka ho asɛm wɔ ha no yɛ ahofadi a yebenya afi bɔne nkoasom mu. (Hwɛ Yohane 8:24, 34-36.) Enti, sɛ obi bɛyɛ Yesu Kristo nokware suani a, ɛma ɔyɛ nsakrae a wohu wɔ n’asetra mu, ɛyɛ ogye.
2 NNANSA NHYIAM: Sɛ woyi nsa fi yɛn dwumadi so a, yebefi 1991 “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam Horow no ase wɔ Ghana, wɔ December 20-22. Sɛnea ɛte biara no, Asafo ti no ne mo bedi nkitaho. Wobefi dwumadi a edi kan no ase Fida anɔpa 10:20, na nhyiam no aba awiei bɛyɛ Kwasida awia 4:00. Wɔbɛda nsɛm a wɔde ahwɛyiye apaw a ehia ma yɛn honhom mu akwahosan adi wɔ dwumadi no nyinaa mu. Nsɛmti ahorow besi sɛnea yebenya ahofadi a wɔka ho asɛm wɔ Romafo 8:21 no so dua. Wobesiesie nsɛm a ɛbɛkanyan yɛn, na wɔbɛda no adi wɔ ɔkasa, ɔyɛkyerɛ, nsɛm a wobisabisa ne drama mu.
3 Fa yɛ wo tirimbɔ sɛ woremma dwumadi no biako pɛ mpo mpa wo ti so. Ebia eyi behia sɛ wode nneɛma bɔ afɔre na woyɛ nsakrae wɔ wo bere nhyehyɛe mu. Ebia ɛho behia sɛ wo ne w’adwumawura yɛ nhyehyɛe titiriw bi. Pii pow sika fam mfaso horow sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ nhyiam no nyinaa. Ɛda adi sɛ Yehowa behyira wɔn a wɔde koma pa bɔ asɛm no ho mpae, na wofi komam bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ no.—Luka 13:24.
4 DU HƆ NTƐM: Wonim Yehowa Adansefo sɛ nnipa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wotumi de ho to wɔn so na wodi wɔn bere so. (Luka 16:10) Eyi nso ho hia bere a worekɔ ɔmantam nhyiam no. Da biara du hɔ ntɛm, na tra ase ansa na dwumadi no afi ase. Eyi hwehwɛ sɛ woma wo ho bere a ɛdɔɔso a wode bɛyɛ nneɛma a ehia sɛ wudi ho dwuma, te sɛ wo kar a wode bɛkɔ akosi baabi, ne nkongua a wobɛhwehwɛ ama w’abusua.
5 Ɔmantam nhyiamkɔ ma yenya hokwan fɛfɛ ne afoforo bɔ fekuw a anigye wom. Nanso yɛn nnamfo a yɛne wɔn bɛkɔ akɔsra afoforo akosi ɔdasum no betumi asiw mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebedu nhyiam no ase bere ano da a edi hɔ no kwan. Sɔre a worensɔre ntɛm ma enti wode ahopere bɛyɛ nneɛma anɔpa no betumi de basaayɛ ne abasamtu kɛse aba. Sɛ wobɛkwati eyi a, eye sɛ wode bere a ɛfata a wobɛda si hɔ. Sɛ yɛn nyinaa di yɛn bere nhyehyɛe so pɛpɛɛpɛ a, ɛda adi kɛse sɛ yebetumi ada yiye anadwo, na yɛbɛyɛ krado asɔre ntɛm anɔpa. Eyi bɛma yɛakwati ba a ebetumi aba sɛ yebedu nhyiam no ase wɔ bere a dwumadi no rekɔ so no mu, ade a ɛtwe nkurɔfo adwene fi dwumadi no so, a ebetumi ahaw wɔn a wɔatra ase dedaw no. Ɛhɔnom a wubedu ntɛm da biara no bɛma woanya kwan ne wo nuanom abɔ fekuw. Ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ ne afoforo ho a yedwen, ne obu ma Yehowa ne honhom fam nneɛma a ɔde ma no kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de du hɔ bere ano.
6 TIE NO YIYE: Nea asɛntie kyerɛ ankasa ne sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn koma nyinaa, yɛn aso ne yɛn ntease tumi bɛyɛ aso ama asɛm no ankasa. Ehia sɛ yetie na ‘yɛte Yehowa asɛm.’ (Yer. 2:4) Yehowa hyɛɛ Israelfo no wɔ Yesaia 55:2 sɛ: “Muntie me yiye.” (NW) Wɔkyerɛ asɛmfua “yiye” no ase sɛ “yɛ a wɔde asoyɛ kɛse yɛ.” Sɛ yɛyɛ aso wɔ nhyiam no mu a, yɛde ɔpɛ a emu yɛ den ‘betie na yɛn adenim adɔɔso.’ (Mmeb. 1:5) Asɛntie ne adesua wɔ ɔmantam nhyiam ase taa gye mmɔdenbɔ ne asoyɛ kɛse sen sɛnea ɛte wɔ Ahenni Asa so. Dɛn ntia? Yɛtra ase kyɛ, na nneɛma pii wɔ hɔ a ɛtwe yɛn adwene fi dwumadi no so, esiane nnipa pii a wɔba no nti. Sɛ yɛanyɛ aso a, yɛbɛma nneɛma apa yɛn ti so, na yɛrennya honhom mu aduan a wɔde ma no mu mfaso kɛse. (1 Pet. 2:2) Dɛn na yebetumi ayɛ? Ɛyɛ anigye yiye sɛ yehu sɛ nhyiamfo pii renya su pa a ɛne kyerɛwtohɔ a wɔyɛ bere a dwumadi no kɔ so no. Ɛwom sɛ ɔkasa ahorow a wɔbɛma wɔ ɔmantam nhyiam no ase no bi bɛba nhoma ahorow mu de, nanso afoforo remma. Enti wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa nyɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ kyerɛwtohɔ ntiantiaa wɔ ɔmantam nhyiam no mu, efisɛ ɛne ɔkwan pa a wobɛfa so de w’adwene asi nea wɔreka no so.
7 Enhia sɛ kyerɛwtohɔ no dɔɔso bebree. Mpɛn pii no ɔkasa fã biako anaa abien a wode begyina hɔ ama asɛntitiriw bi no ye. Sɛ wɔde nhoma ne pɛn anaa pɛnsere ma mmofra nkumaa na wɔatumi akyerɛw akasafo no nsɛm ne kyerɛw nsɛm atitiriw anaasɛ ntease foforo a ebia wɔbɛda no adi no ato hɔ a, wobenya ɔkasa ahorow no mu mfaso, na ɛbɛboa wɔn ma wɔde wɔn adwene asi dwumadi no so. Mpanyimfo hu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobenya kyerɛwtohɔ a wɔahyehyɛ no fɛfɛ, a wɔde bɛyɛ nhyiam dwumadi no mu ntimu wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ ɔmantam nhyiam no akyi. Afei nso, ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔde nsɛntitiriw a wɔdaa no adi wɔ nhyiam no ase no pii di dwuma wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ ne nguanhwɛ adwuma no mu.
8 WO NE AFOFORO MMOM NNYA DWOM NE MPAEBƆ MU KYƐFA: Yɛn som no fã ne sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam denam ayeyi nnwom a yɛbɛto ama no no so, te sɛ nea Yesu ne n’asomafo no yɛe no. (Marko 14:26) Ɛte sɛ nea nnwonto ho asɛm a Paulo kae wɔ 1 Korintofo 14:15 no kyerɛ sɛ na ɛyɛ daa adeyɛ wɔ Kristosom mu. (Hwɛ Our Bulletin Vol. 34, No. 3, kratafa 3 nso.) Ɔmantam nhyiam horow ma yenya hokwan soronko bi ne yɛn nuanom mpempem pii bom de dwom ne mpaebɔ yi Yehowa ayɛ. Nanso, ebinom akyerɛ sɛ wonni obu ma yɛn som afã a ɛho hia yi. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam nhyiam no ase a wodu wɔ bere a yɛto dwom a wɔde bue ano ne mpaebɔ no mu, anaasɛ wɔ ɛno akyi no so wɔ ɔkwan ɛho nhia so. Wɔ dwumadi no awiei no, ebinom sɔre kɔ wɔ nnwonto no mu anaasɛ ansa na yɛabɔ mpae. Ɛtɔ da bi a, ebia ntease pa nti na wɔyɛ saa. Nanso, sɛ ebinom pow hokwan a ɛne nnwonto ne mpae a yɛbɛbom abɔ no na ama woatumi adu wɔn kar ho anaasɛ wɔakodidi ntɛm a, so na wɔrekyerɛ obu ne anisɔ a ɛfata ama Yehowa pon so adidi?—Mat. 6:33.
9 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ bere a yedi nea eye ma yɛn ankasa akyi no, yɛremma wiasefo su a ɛne me na ɛsɛ sɛ midi kan no anaa subammɔne te sɛ adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya nsiw yɛn honhom mu nkɔso kwan. Nnansa yi ara yɛn nuanom a wɔwɔ Apuei Fam Europa aman mu no tumi de ahofadi too nnwom bɔɔ mpae. Te sɛ nea wɔn ani gyei sɛ nnipa bebree tumi boom to nnwom bɔɔ mpae no, saa ara na ɛmmra sɛ anisɔ honhom koro no ara a yɛwɔ ma akronkronne mprempren, ne daa no, remma yemmu hokwan ahorow a yɛwɔ sɛ yɛbɛbom ato nnwom abɔ mpae no adewa.
10 YƐN KRISTOFO SU HOROW: Yɛn Kristofo su horow ne yɛn ahosiesie wɔ ɔmantam nhyiam horow ase no akɔ so ama yɛanya din pa sɛ Yehowa Adansefo. Aba saa efisɛ yɛfa ɔsom a yɛde ma Yehowa no aniberesɛm, na yemmu nhyiamkɔ sɛ pue a yɛrepue kogye yɛn ani ara kwa. Sɛ yebom hyiam ma adeyɛ titiriw a ɛte sɛɛ a, ɛsɛ sɛ yekura yɛn Kristofo nidi ne honhom mu nneɛma ho adwene no mu, denam yɛn bra a yɛbɛbɔ sɛ asomfo bere nyinaa no so.—1 Kor. 10:31-33.
11 Sɛ yɛantumi anyɛ saa a, yɛsɛe afoforo anigye na yɛto afoforofo hintidua mpo. So yehu ayamye ketewa bi mpo a woyi adi kyerɛ yɛn no, na yɛkyerɛ ho anisɔ? Ehia sɛ yehu sɛ afoforo atwa yɛn ho ahyia, na yɛwɔ obu ma wɔn na yedwen wɔn ho. Ɛsɛ sɛ obiara hu sɛ sɛ dwumadi no rekɔ so a, ɛyɛ bere a yɛde tie asɛm, na ɛnsɛ sɛ yɛnantenantew hɔ anaasɛ yɛkasa.—Deut. 31:12.
12 Baabi foforo a yɛn Kristofo su betumi ama wɔahu Yehowa Nyankopɔn kɛseyɛ, ne yɛne wɔn a wɔma yɛn dabere no nsɛnnii mu. Yɛreyɛ nhyehyɛe ma wɔagye ahɔhodan ahorow ne ankorankoro afie ama nhyiamfo ma wɔatua sika a ɛnnɔɔso pii. Ɛsɛ sɛ yɛda anisɔ adi, na yedwen ahɔhodan mu adwumayɛfo ne afiewuranom ho, yɛda obu adi, na ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn ahometew. (Gal. 6:10) Wɔde yɛn abrabɔ wɔ ahɔhodan mu ne wɔ ankorankoro afie mu ho afotu pa ama yɛn. (Wɔreyɛ nhyehyɛe foforo ma yɛanya adan a nnipa pii betumi ada mu.) Ɛwom sɛ yɛn mu pii atie na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔne ahɔhodan mu adwumayɛfo bɛyɛ biako akosi ase de, nanso ebu abam sɛ yebehu sɛ wokura Yehowa Adansefo ho adwene a ɛnteɛ bi wɔ mmeae bi. Dɛn ntia?
13 Ɛwom sɛ ebia yebedwen sɛnea yɛbɛkora yɛn sika so ho de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ da bu yɛn ani gu wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛkyɛ wɔn biribi wɔ adwuma a wɔyɛ ma yɛn ho no so. Ɛho da so ara hia sɛ yedwen June 22, 1986 Awake! no nkratafa 24-7 no mu asɛm a ese “To Tip—Or Not” (So ɛsɛ sɛ Wode Sika Kyɛ—Anaasɛ Ɛnsɛ sɛ Woyɛ Saa) ne “Tips on Tipping” (Sika a Wɔde Kyɛ ho Nyansahyɛ Ahorow) no ho ara. Ɛdaa no adi wɔ kratafa 24 sɛ: “Sika a wɔde kyɛ kɔ akyiri sen aseda a wɔde ma wɔn adwuma foforo a wɔayɛ ho kɛkɛ. Ɛyɛ obi akatua fa titiriw.” Awake! no daa no adi nso sɛ, sɛ “wokɔ nhyiam a, nea w’ankasa woyɛ no ka kuw no mufo nyinaa. Nkurɔfo begyina wo su so akyerɛ sɛnea kuw no te.” Enti, adwenhorow a wukura wɔ sika a wɔde kyɛ ho no mfa ho, sɛ wokɔ kurow bi mu sɛ obi a ɔkɔ Yehowa Adansefo nhyiam a, fa atɛmpa ne nhumu di dwuma, na yɛ krado sɛ ‘wobɛyɛ eyi nyinaa asɛmpa no nti.’—1 Kor. 9:19-23.
14 Ɛhaw ahɔhodan so ahwɛfo ne afiewuranom sɛ Adansefo binom fi adan no mu kɔ a wɔayɛ hɔ fi. Ɛnyɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn abrabɔ mu nko na ɛsɛ sɛ yɛda ahotew ne afoforo ho a yedwen adi, na mmom sɛnea yɛyɛ afoforo agyapade nso mu. So yɛwɔ nnyinaso bi nti a ɛnsɛ sɛ yɛmma ɔdan a yetuaa ho ka anaa dabere a wɔde maa yɛn kwa no mu tew? Nsɛe nsu anaa tiafi a wɔde ama wɔ ahɔhodan anaasɛ obi fi mu no so. Hwɛ yiye na woamfa biribi a wɔmma wo kwan sɛ fa di dwuma no anni dwuma. Eyi mma ahɔho afoforo nnya nea ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn no. Nneyɛe a wonsusuw ho sɛe din pa a yɛwɔ no. Wɔ ɔmantam nhyiam horow a yɛrebɛyɛ no ase no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛ yɛn tirimbɔ sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra na ama ‘yɛahyehyɛ yɛn agyenkwa Onyankopɔn kyerɛ, ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.
15 MA AWOFO: Yegye tom na yɛhwɛ kwan sɛ mmofra nkumaa ne wɔn a wonnii mfe aduonu bɛba “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam no ase. Ahofadi a wiase no de ma no betumi ama wɔawu wɔ honhom fam, te sɛ nea Adam hweree ahofadi a wɔde maa adesamma wɔ mfiase no. Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ ɔdɔ no de asɛm yi ho adwene a ɛteɛ ama yɛn nyinaa. Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yebehu mmofra a wɔasua sɛnea wɔyɛ aso wɔ Kristofo nhyiam nyinaa ase, na wɔkyerɛ nhyiam dwumadi no ho anigye kɛse. (Dw. 148:12, 13) Nanso pii gyina awofo nhwɛso ne sɛnea wɔhwɛ wɔn so no so. Wɔatete mmofra pii yiye wɔ sɛnea wɔyɛ kyerɛwtohɔ mu. Sɛ wonkyerɛɛ wo mma sɛnea woyɛ kyerɛwtohɔ a, dɛn nti na womfa mmere a aka ansa na moakɔ nhyiam no nyɛ saa? Wubetumi ahyɛ mmofra a wosusuae no mpo nkuran ma wɔakyerɛw kyerɛw nsɛm a wɔbɔ din ne ho nsɛntitiriw a wɔte sɛ akasafo no ka no ato hɔ. Awofo binom yɛ nhyehyɛe de ti da no dwumadi no nsɛntitiriw mu, bere a wɔasan akɔ wɔn dabere anaasɛ bere a wɔrekɔ fie no.
16 Nokwarem no, awofo pii nim sɛ mmofra awosu ne sɛ wobedi agoru. Wonni osuahu wɔ asetra mu, na wɔn ho nkokwawee. Enti, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn bere a ɛsɛ sɛ wotie asɛm, ne sɛnea wobɛyɛ wɔn ade wɔ nhyiam horow ase. Eyi hwehwɛ sɛ awofo hwɛ wɔn so yiye. Awofo binom yɛ anibiannaso wɔ saayɛ mu. Ɛwom sɛ wɔ mmere horow bi mu no, ebia na awofo rekyerɛ obu a ɛfata ama Yehowa wɔ mpaebɔ mu de, nanso na wɔn mma redi agoru, na wɔtwe afoforo adwene fi mpaebɔ no so. Ɛsɛ sɛ awofo hu nea wɔn mma reyɛ wɔ mpaebɔ mpo mu. Afei nso, dɛn na wɔyɛ bere a wɔsɔre wɔ bere a dwumadi no rekɔ so no mu? So wogyaw mmofra no nkutoo a obiara nhwɛ wɔn so bere a nhyiam dwumadi no rekɔ so anaa wɔapɔn no?—Mmeb. 29:15.
17 Nsɛm bi mu no, wogyaw mmofra no nkutoo a obiara nhwɛ wɔn so wɔ wɔn dabere hɔ, bere a awofo no wɔ ɔdan mu, wokodidi, anaasɛ wɔyɛ adwuma foforo bi no. Eyi nye. Mmofra binom ayɛ asoɔden ne basabasa, na wobuu anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde ayamye bɛteɛɛ wɔn no animtiaa. Saa basabasayɛ no ne abrabɔ a ɛmfata Kristofo no taa fi biribiara a wɔma ho kwan, ne nteɛso a wɔmfa mma wɔ fie. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ wodi eyi ho dwuma. Ɛsɛ sɛ Kristofo awofo nyinaa hwɛ wɔn mma so yiye bere nyinaa, bere a ‘wɔyɛn wɔn wɔ Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no.—Efe. 6:4.
18 ANI SƆ WO MMOA NYINAA: Wɔayɛ nhyehyɛe ne adwuma kɛse na wɔahwɛ ma wɔanya nkongua, nhoma, aduan, ne nneɛma afoforo a ɛdɔɔso ama obiara a ɔba nhyiam no. Nea ɛbɛyɛ na nhyehyɛe yi atu mpɔn no, wɔahyɛ da akyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam pɔtee bi. Wo mmoa nyinaa ho hia na ama yɛakwati nkyereso. Nokwarem no, ebia nsɛm tebea horow bɛma ɛho ahia sɛ nnipa kakraa bi kɔ nhyiam no wɔ baabi foforo. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn mu fã kɛse no ara tumi kɔ nhyiam no wɔ faako a wɔakyerɛ sɛ yɛnkɔ no.—1 Kor. 13:5; Fil. 2:4.
19 Wɔhwehwɛ sɛ woboa wɔ ɔkwan a wogyaw to hɔ ma afoforo no mu kosi ase. Yɛsrɛ sɛ ma ɛntra w’adwenem sɛ WƆN A WUBETUMI AGYAW KWAN ATO HƆ AMA WƆN NKUTOO NE W’ABUSUA MUFO ANKASA NE OBI A EBIA ƆKA WO HO WƆ WO KAR MU. Yɛsrɛ wo sɛ nnyaw kwan nto hɔ mma afoforo. Ɛtɔ mmere bi a, wogyaw kwan to hɔ a ɛnyɛ nea wɔde ma obi pɔtee. Eyi nkyerɛ ɔdɔ, na ɛdaadaa wɔn a wogye ahɔho ne afoforo a wɔhwehwɛ baabi atra no. Nea ɛne Bible afotu hyia no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa wɔn a ɛsɛ sɛ yegyaw kwan to hɔ ma wɔn ho nhyehyɛe a wogye tom no mu akosi ase. Ɛnsɛ sɛ obiara nya nkongua a ɛdɔɔso sen nea n’ankasa abusua mufo anaa wɔn a wɔka ne ho wɔ ne kar mu no hia.—2 Pet. 1:7.
20 Wɔde nyansahyɛ ma sɛ ɛsɛ sɛ yɛde atɛmpa di dwuma wɔ nneɛma a yɛde bɛba nhyiambea hɔ no mu. Kan no, ebinom de nneɛma a wɔde nnuan ne anonne gu mu ne nneɛma afoforo kuntann a wontumi mfa nhyɛ wɔn nkongua ase ba. Wɔde eyinom sisi kwan mu anaasɛ nkongua so. Eyi mma afoforo nnya nkongua ntra so, na ɛtɔ mmere bi a, ebu ogya ne ahobammɔ ho ahyɛde horow so. Ehia sɛ yedwen afoforo ho wɔ nneɛma a ɛte sɛɛ mu.
21 Sɛnea wɔyɛ bere a atwam no mu no, yebenya aduan wɔ nhyiam no nyinaa ase. Nanso wɔbɛkɔ so afa ɔkwantiaa a wɔfa so yɛ ade no so wɔ Dwumadibea a ɛhwɛ aduannoa ho nsɛm so no dwumadi mu no so. Eyi betumi ama anuanom a wɔnoa nnuan no nso anya honhom fam aduan a wɔde bɛma no nyinaa mu mfaso. Enti, momma yɛmmoa nhyehyɛe biara a wɔbɛyɛ wɔ nhyiam no ase no nyinaa, bere a yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛho hia kɛse, honhom fam aduan so no.—Yoh. 6:27.
22 Ɛda adi sɛ Yehowa nkurɔfo ani sɔ sɛnea wotumi hyia bom wɔ baabi pa na ama wɔanya honhom fam dwumadi a wosiesie no mu mfaso. Yɛn nso yɛn ani sɔ nnwuma pii a wɔyɛ, ne nneɛma pa a wɔde ma wɔ nhyiam a ɛte sɛɛ ase no. Asafo ti no de ahwɛyiye ne sika kɛse yɛ nhyehyɛe ahorow na yɛanya nkongua a ɛdɔɔso, asesa akasam nneɛma a egye sika pii, ayɛ aduannoa ho nhyehyɛe pa, adi nhyehyɛe ne nnwuma dodow bi a ɛma nhyiam no kɔ yɛ anigye na ɛhyɛ den honhom mu ho dwuma.
23 Ntoboa a wufi wo pɛ yi de boa Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no na wɔde tua eyi ho ka. Wɔde ntoboa nnaka sisi nhyiam no ase nyinaa na ntoboa no yi ayɛ mmerɛw ama wo. Ani sɔ ntoboa a wuyi no nyinaa, na Asafo ti no pɛ sɛ odi kan da wo ase wɔ ayamye ne biakoyɛ mu a wufi boa Ahenni nneɛma saa no ho. Obi da anisɔ adi sɛ wɔnkyerɛ ntoboa pɔtee a ɛsɛ sɛ yeyi no: ‘Ɛyɛ anigye kɛse sɛ wɔagyaw ama yɛn—yɛmfa sɛnea yɛn anisɔ mu dɔ te nkyerɛ. Enti aseda na ɛka yɛn ma yɛde nea ɛboro so ma.’ Yɛwɔ ahotoso sɛ ɛbɛkanyan yɛn nyinaa ma yɛahu asɛyɛde a yɛwɔ wɔ ɛka a wɔbɔ yi ho no mu, na yɛaboa ne tua sɛnea yɛn nsɛm tebea ma kwan.—Luka 6:38.
24 KƆ “WƆN A WƆPƐ AHOFADI” ƆMANTAM NHYIAM NO! Ɛdenam “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam no a yɛbɛkɔ, na yɛatie dwumadi no yiye so no, yɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma ahofadi a ɛnam Kristo so ba no ayɛ kɛse, na yɛde Kristofo ahofadi adi dwuma ɔkwan pa so. Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wubedu hɔ ato dwom a wɔde bue ano no bi, na kɔ ne nyinaa kosi sɛ wɔbɛbɔ mpae a wɔde pɔn Kwasida awia no.
[Kratafa 6 adaka]
Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ
AKWANTU TUMI NKRATAA: Hwɛ hu sɛ wo passport nwui, anaa wɔde wo aka kuw passport nhyehyɛe no ho. Ɛsɛ sɛ cholera ne yellow fever a wɔasesa wo wɔ ho no ho adansedi nkrataa nso yɛ nea enwui. Yɛsrɛ wo sɛ nnyaw nkrataa yi mu biara wɔ fie. Wɔ Cote d’Ivoire no, hwɛ hu sɛ Wakwantu tumi nkrataa hyɛ wo ho bere biara a wubefi adi no.
SIKA: Ɛsɛ sɛ wotɔ amannɔne sika a wubehia no nyinaa wɔ beae a wɔtɔn no. Hwɛ hu sɛ woagye so krataa. Ebehia sɛ wode ɛso krataa no kyerɛ wɔ ɔhyɛ no so, bere a wode wo sika kyerɛ no. Yebedi akwankyerɛ yi so sɛ wɔanyi nsa amfi yɛn dwumadi so ma enti yɛankɔ nhyiam no wɔ Ghana ha a.
DABERE: Sɛ wubisa dabere denam Asafo ti no so a, yɛsrɛ wo sɛ kɔ nhyiam no Dabere Dwumadibea hɔ bere a woadu nhyiam kurow no mu no. Yɛsrɛ sɛ wo ne mpanyimfo no nyɛ biako wɔ dabere ho nsɛm mu nkosi ase. Eyi ho hia yiye!
ASUBƆ: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛbɔ asu no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛba ase wɔ beae a wɔde ama wɔn no ansa na dwumadi no afi ase Memeneda anɔpa. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛbɔ asu no mu biara de asuguare atade ne mpopaho a ɛfata ba. Asubɔ kasa no ne ɔkasafo no mpaebɔ akyi no, dwumadi no guamtrani de akwankyerɛ tiaa bɛma asubɔfo no, na afei wama wɔato dwom. Sɛ wofi ase to nkyekyem a etwa to no a, wɔn a Wogye ahɔho no bɛkyerɛ asubɔfo no kwan akɔ faako a wɔbɛbɔ wɔn asu no, anaa lɔre a ɛde wɔn bɛkɔ no ho, na atiefo no ato dwom no awie. Ɛyɛ anigye bere nyinaa bere a wɔbɔ afoforofo asu no, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛma Yehowa koma ani gye bere a ohu sɛ nnipa a wɔte sɛɛ begyina N’afã wɔ baguam wɔ ɔsɛmpɔw no ho no. (Mmeb. 27:11) Kristofo abusuafo ne afoforo a wɔbɛn asubɔfo no taa bɛhwɛ wɔn nsu mu asubɔ no. Ɛwom sɛ wɔmpow sɛ wɔbɛbɔ wɔn nsam wɔ asubɔ bi ho de, nanso amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ebinom “bɔ ose” anaasɛ wɔbɔ wɔn a wɔrebɔ wɔn asu no din denneennen. Esiane eyi nti, yɛpɛ sɛ yɛkae mo nyinaa sɛ monyɛ mo ade wɔ nidi mu ne ɔkwan pa so wɔ asubɔ ho asɛm yi mu.
ADWUMA A WOTU HO MA YƐ: Yehia wɔn a wotu wɔn ho ma mmoa na nhyiam no akɔ so pɛpɛɛpɛ. Sɛ wubetumi ayɛ adwuma wɔ nhyiam no dwumadi fã mpo mu a, ani bɛsɔ w’adwuma no. Sɛ wubetumi aboa a, yɛsrɛ wo sɛ kɔ Adwuma a Wotu Ho Ma Yɛ Dwumadibea bere a woadu nhyiam no ase no. Mmofra a wonnii mfe 16 nso betumi aboa ma nhyiam no akɔ so yiye, nanso wɔhwehwɛ sɛ wɔne ɔwofo anaa ɔpanyin foforo bi a otumi di asɛyɛde ho dwuma yɛ adwuma
KƆKƆBƆ: Sɛ wode wo kar kɔ nhyiam no ase a, ɛmfa ho sɛ ɛhe na wode besi no, ɛsɛ sɛ wototo mu bere nyinaa, na nnyaw biribi wom a wohu da. Sɛ ebetumi ayɛ yiye a, fa wo nneɛma hyɛ faako a, wɔde nneɛma hyɛ no na tom. Afei nso, hwɛ wo ho yiye wɔ awifo ne atotobotomfo a wɔpɛ mmeae a nnipa pii hyia no ho. Nea ɛka eyi ho ne sɛ nnyaw biribi a ɛsom bo nto akongua so wɔ nhyiam no ase. Yɛsrɛ wo sɛ hwɛ yiye.
Wɔde amanneɛbɔ ama sɛ ahɔhodan bi ma wɔhwɛ television so dwumadi a ɔbrasɛe anaa ɔbarima ne ɔbea nna ho nneyɛe mpo wom. Eyi si sɛnea ehia sɛ wɔkwati TV a wɔbɛma mmofra nkutoo ahwɛ a obiara nhwɛ wɔn so wɔ dabere yi so dua.