Yeremia
2 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Kɔ, na kɔka gu Yerusalem asom sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni:
“Mekae ɔdɔ a na wodɔ me* wɔ wo mmabaabere mu,+
Ɔdɔ a wunya maa me bere a mede m’ano too wo so sɛ mɛware wo no,+
Mekae sɛnea wudii m’akyi wɔ sare no so,
Asaase a wonnuaa aba wɔ so no.+
3 Ná Israel yɛ kronkron ma Yehowa,+ ɔyɛ ne nnɔbae a edi kan a otwae.”’
‘Obiara a ɔbɛmene no no bedi fɔ.
Mmusu na ɛbɛba wɔn so,’ Yehowa na waka.”+
4 Muntie Yehowa asɛm, O Yakob fi,
Ne Israel fi mmusua nyinaa.
5 Nea Yehowa aka ni:
“Bɔne bɛn na mo agyanom hui wɔ me ho,+
A enti wɔtwee wɔn ho fii me ho koraa saa,
6 Wɔammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he,
Nea oyii yɛn fii Egypt asaase so+
A odii yɛn anim faa sare so no,
Nea ɔde yɛn faa asaasetraa so+ ne amoa mu,
Nea ɔde yɛn faa asaase a nsu nni so+ na ɛso yɛ sum kabii so,
Nea ɔde yɛn faa asaase a onipa biara mfaa so da,
A ɔdasani biara ntenaa so da so no?’
Nanso mobae no, mubeguu m’asaase no ho fĩ;
M’agyapade no, modan no akyiwade.+
8 Asɔfo no ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+
Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Mmara no nso, na wonnim me,
Nguanhwɛfo no tew me so atua,+
Adiyifo no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+
Na wɔn* a wɔamfa mfaso biara ammrɛ wɔn no, wɔn na wodii wɔn akyi.
10 ‘Mo de, muntwam nkɔ Kitimfo mpoano nsaase*+ so nkɔhwɛ.
Yiw, monsoma nkɔ Kedar+ nkɔhwehwɛ mu yiye;
Monkɔhwɛ sɛ biribi saa asi pɛn a.
11 Ɔman bi asesã n’anyame akɔfa nea ɛnyɛ anyame pɛn anaa?
Nanso me man asesã m’anuonyam akɔfa nea mfaso biara nni so.+
12 Momfa ahodwiriw nhwɛ eyi, mo ɔsoro;
Mommɔ hu, na mo ho nwosow biribiribiri,’ Yehowa na waka,
13 ‘Efisɛ me man ayɛ bɔne abien:
Me a meyɛ nkwa nsuti no, wɔagyaw me hɔ,+
Na wɔakotutu wɔn ankasa mmura,*
Mmura a apaapae a nsu ntumi nnyina mu.’
14 ‘Adɛn, Israel yɛ akoa? Anaa ɔyɛ akoa a wɔwoo no wɔ ne wura fi?
Ɛnde adɛn nti na nkurɔfo de no rekɔyɛ akoa yi?*
Wɔama n’asaase adan biribi a ɛyɛ hu.
Wɔahyew ne nkurow, na obiara nte mu.
16 Nnipa a wɔwɔ Nof*+ ne Tapanes+ adidi wo tiri ho ama wo tiri ho apa.
17 Ɛnyɛ wo ara na woakɔfa eyi abɛto wo ho so?
Ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn a wugyaw no hɔ+
Bere a ɔne wo nam ɔkwan so no nti na aba saa.
19 W’amumɔyɛ bɛteɛ wo so,
Na wo ara wo nkontompo akasa akyerɛ wo.
Hwɛ na hu sɛ ɛyɛ bɔne, na ɛyɛ nwene paa+
Sɛ wubegyaw Yehowa wo Nyankopɔn hɔ;
Me ho suro biara nni wo mu,’+ Awurade Tumfo, asafo Yehowa na waka.
20 ‘Efi teteete na mibubuu wo kɔndua mu asinasin;+
Metetew ade a wɔde akyekyere wo no mu.
Nanso wokae sɛ: “Merensom wo.”
21 Miduaa wo sɛ bobe kɔkɔɔ a eye;+ nea miduae nyinaa yɛ aba pa.
Enti ɛyɛɛ dɛn na woafifi abɛyɛ bobe bɔne a minhuu bi da wɔ m’anim yi?’+
22 ‘Na sɛ wode soda* ne samina ade ma guare mpo a,
Wo bɔne rentumi mpopa mfi m’anim,’+ Awurade Tumfo Yehowa na waka.
23 Wosɔre a wuse, ‘Minguu me ho fĩ.
Baal anyame nso, minkodii wɔn akyi.’
Hwɛ ɔbra a wobɔe* wɔ obon no mu.
Dwen nea woayɛ no ho.
Wote sɛ yomabere a ne ho yɛ hare,
A otu mmirikahunu di akɔneaba wɔ n’akwan so.
24 Woayɛ sɛ sare so afurum* a onim sare so yiye,
N’akɔnnɔ sɔre a,* ohuhua pɛ ɔbarima.
Sɛ ne bere so sɛ wɔforo no a, hena na obetumi asiw no kwan?
Wɔn a wɔrehwehwɛ no no, enhia sɛ wɔn mu biara haw ne ho.
Ne bere* so a, wobehu no.
25 Hwɛ na ankɔba sɛ wo nan besisi fam,
Na hwɛ wo menewa yiye na osukɔm anne wo.
Nanso wokae sɛ, ‘Mfaso biara nni so!+
26 Sɛnea wɔkyere ɔkorɔmfo a n’ani wu no,
Saa ara na Israel fi ani awu;
Wɔn, wɔn ahemfo, ne wɔn mpanyimfo,
Ne wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo nyinaa ani awu.+
27 Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Me papa ne wo,’+
Na wɔka kyerɛ ɔbo sɛ, ‘Wo na wowoo me.’
Na me de, wɔn akyi na wɔdan kyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim.+
Wɔkɔ amanehunu mu de a, wɔbɛka sɛ,
‘Sɔre na gye yɛn!’+
28 W’anyame a woyɛ fae no wɔ he?+
Sɛ wobetumi agye wo wɔ w’amanehunu bere mu a, ma wɔnsɔre.
O Yuda, sɛnea wo nkurow dɔɔso no, saa ara na w’anyame adɔɔso.+
29 ‘Adɛn nti na mokɔ so bɔ me sobo?
Adɛn nti na mo nyinaa atew me so atua?’+ Yehowa asɛm ni.
30 Matwe mo mma aso, nanso ɛyɛ ɔkwa.+
31 O awo ntoatoaso, munnwen Yehowa asɛm ho.
Adɛn, mayɛ sɛ sare so ama Israel anaa?
Anaa madan asaase a aduru sum ama Israel ho yeraw no?
Adɛn nti na me man yi aka sɛ, ‘Yetumi kyinkyin sɛnea yɛpɛ.
Yɛremma wo nkyɛn bio’?+
32 Ɔbaabun werɛ betumi afi n’agude anaa?
Na ayeforo werɛ betumi afi n’abɔso* a ɔde siesie ne ho n’ayeforo da anaa?
Nanso me ara me man de, wɔn werɛ afi me nna pii.+
33 O ɔbea, ɔkwan a wobɛfa so anya ɔdɔfo de, wunim yɛ oo!
34 Wo ntaade mpo, ahiafo* a wodi bem mogya akekã mu,+
Ɛwom sɛ manhu sɛ wɔrebubu akɔ mu;
Wɔn mogya akekã w’ataade mu nyinaa.+
35 Na woka sɛ, ‘Midi bem.
Migye di sɛ n’abufuw adan afi me so.’
Afei de, mede atemmu reba wo so,
Efisɛ woka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne.’
36 Ɔkwan a wonam so no nye. Enti adɛn na wubu no ade ketewaa bi?