Yɛn Nnansa Yi Abakɔsɛm Mu Asuade Ahorow
1 Wotee nka dɛn, bere a wotee amanneɛbɔ a wɔde mae October 31, 1991 sɛ wɔayi ‘nsa afi’ yɛn dwumadi so no? Yɛtee nka te sɛ tete Israelfo no, bere a Yehowa Nyankopɔn ma wɔsan nyaa ɔsom mu ahofadi no. Dwom 126:1, 2 se: “Bere a [Yehowa] de Sion nnommum san bae no, yɛyɛe sɛ adaesofo. Ɛno na ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, na anigye dwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.” Anuanom mode teokrase akwankyerɛ adi dwuma, na ɛda adi pefee sɛ Yehowa atie yɛn mpaebɔ, na wahyira yɛn nokwaredi ne sɛnea yegyinaa pintinn wɔ anohyeto no mu no so. Esiane sɛ yɛasua biribi afi eyi mu nti, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa ne Yehowa ahyehyɛde no bɛyɛ biako korakora de nokwaredi akɔ so ayɛ adwuma.—1 Kor. 4:2; 15:58.
2 Bere a na nsa da yɛn dwumadi so no, yɛn mu pii hyiae wɔ afie mu yɛɛ asafo nhyiam horow, na yebetumi adi nokware a Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 18:20 yɛ no ho adanse. Nanso, seesei yetumi yɛ nhyiam anan wɔ Ahenni Asa so, nanso Nhoma Adesua no da so ara yɛ nhyiam a yɛyɛ wɔ afie mu. So wutumi kɔ Nhoma Adesua no daa te sɛnea na wokɔ asafo nhyiam horow daa wɔ afie mu wɔ bere a na nsa da yɛn dwumadi so no mu no?—Fii. 3:16.
3 Anohyeto no mu no, Yehowa nam n’asase so ahyehyɛde no so maa yɛn honhom fam aduan bere nyinaa ma ɛyɛɛ yɛn nwonwa. Te sɛ Ester no, adwumayɛfo a wɔahyira wɔn ho so de honhom fam aduan a ɛma denhyɛ, na ɛyɛ ne bere mu de faa kyere a wobetumi akyere wɔn ho asiane mu brɛɛ yɛn. (Ester 4:16b) Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔe! Nanso, wɔahu sɛ ebinom gyee nhoma wɔ bere a na nsa da yɛn dwumadi so no mu, na wontuaa ka ara ɛ. Afoforo nso kraa nsɛmma nhoma ne nhoma wɔ saa bere no mu, nanso wɔde brɛɛ wɔn no wɔannye antua ka, na saayɛ ama wɔn asafo no de Asafo ti no ka. Ɛsɛ sɛ mo nyinaa bɔ mmɔden biara a mubetumi gye nea abesum hɔ no nyinaa, sɛ ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ motɔ yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma a yɛasua dedaw wɔ asafo no mu no mpo a. Ani bɛsɔ mo mmoa.
4 Yere Wo Ho wɔ Asɛnka Adwuma no Mu: Anigye bɛn ara na yenyaa sɛɛ yi, bere a yɛkenkan wɔ November Yɛn Ahenni Som no mu sɛ wɔ afe a etwaam no August mu no, nnipa 34,421 na wobuu asɛnka ho akontaa! Ɛkaa adawurubɔfo 138 pɛ na edu adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 34,559 a yenyae wɔ 1989 April mu no. Eyi ma yenyaa anigye pii. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ na ebinom ntaa nkɔ asɛnka koraa wɔ anohyeto no mu, ebinom fam no. na efi onipa ho suro, na afoforo nso yɛɛ anibiannaso. Nea atwam nnansa yi ara no mfa ho, so ɛnyɛ bere yi na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho wɔ yɛn asɛnka adwuma mu? Nsa a wɔde too yɛn dwumadi so no ama nnipa pii anya asɛm no ho anigye kɛse ma seesei yɛn mfuw no “ahoa ama otwa” ampa.—Yoh. 4:35
5 Ɛhyɛ nkuran sɛ yebehu sɛ pii reyɛ akwampaefo aboafo, na afoforo nso reyɛ daa akwampaefo adwuma. So wo nso, wubetumi anya hokwan kɛse a ɛne” akwampae adwuma no mu anigye no bi? Anyɛ yiye koraa no, dɛn nti na wommɔ’ mmɔden sɛ wobɛyɛ ɔsomfo a ɔkɔ asɛnka daa na ɔsow aba?
6 Yɛn honhom mu yiyedi na ɛma yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den. Enti, kwati akɛsesɛm, ‘hwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan.’ (Mat. 6:22, 33) Daakye a ɛyɛ anigye da wɔn a wotie Yesu afotu no anim. Enti, yɛn nnansa yi abakɔsɛm no nti, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ‘atwe yɛn mu apɛ anim de,’ a daa nkwa wɔ Onyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo no mu a yebeso pintinn ka ho.—Fil. 3:13.