Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/92 kr. 1
  • Yɛ Pii Wɔ Yehowa Adwuma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Pii Wɔ Yehowa Adwuma Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Trɛw Ahenni Adwuma Ademude a Wowɔ no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Akwan a Wobɛfa so Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 1/92 kr. 1

Yɛ Pii Wɔ Yehowa Adwuma Mu

1 Ɛyɛ hokwan ankasa a yɛanya sɛ yɛsom Yehowa. Esiane sɛ yɛanya ɔno ne ne Ba Yesu a ɔwoo no koro no ho nokware nimdeɛ nti, ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho yiye yɛ N’apɛde. (Yoh. 17:3) Ebia yɛbɛbrɛ, nanso Yehowa ma yɛn tumi na yɛatumi anya ahoɔden a ɛdɔɔso.​—Yes. 40:29.

2 Ɔkwan a eye sen biara bɛn na yebetumi afa so akyerɛ ɔdɔ kɛse a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayi adi akyerɛ yɛn no ho anisɔ? (2 Kor. 5:14, 15) Ɔkwan titiriw biako ne sɛ yebesuasua Yesu a odii n’Agya din ne n’Ahenni ho adanse a wammrɛ no. (1 Pet. 2:21) Sɛ yɛwɔ gyidi a emu yɛ den a, yɛde yɛn nkwa bɛyɛ asɛmpaka adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no titiriw.​—Mat. 24:14.

3 So yɛwɔ bere dodow bi a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ asɛnka adwuma no? Nsɛm tebea gu ahorow. Ebia yɛn mfe a akɔ anim, apɔwmuden a yenni ne abusua mu asɛyɛde ahorow mma yentumi nyɛ pii. Nanso, wɔhwehwɛ sɛ yɛn nyinaa fi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ɔsom adwuma no mu de da sɛnea yɛn ahofama mu yɛ den, ne nokware a yɛn ahosohyira yɛ no adi. (2 Tim. 2:15) Hokwan ahorow abue ama yɛn sɛnea yɛn mu biara tebea te. Eyinom bi ne dɛn?

4 Akwan a Yɛbɛfa so Atrɛw Yɛn Som Adwuma mu: Ɛsɛ sɛ yedi kan ma yɛn som adwuma a yɛbɛma atu mpɔn no ho hia yɛn. Wonam wo ho a wobɛma akokwaw kɛse sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no so betumi ayɛ saa. Teokrase Ɔsom Sukuu no botae atitiriw no mu biako ne sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛatu mpɔn kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ yɛresiesie yɛn dwumadi ahorow a, so yɛma asɛnka ho asɛm tra yɛn adwenem? So yɛde afotu a yenya no di dwuma na yɛn ankasa som adwuma atumi atu mpɔn? (sg nkr. 96-9) Saa ara nso na wɔde asɛnka adwuma ho nyansahyɛ pii ma wɔ Ɔsom Nhyiam mu. Momma yɛmfa eyinom nni dwuma ntɛm ara sɛnea yebetumi.

5 Afei susuw sɛnea wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo nsɛm tebea mu na ama woayɛ akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo adwuma no bi ho. Ɛda adi sɛ saa wobɛyɛ no bɛma woayɛ pii wɔ yɛn Agya Yehowa adwuma no mu. (1 Kor. 15:58) Na sɛ woantumi anyɛ akwampae adwuma nso ɛ? Wonam nokware anigye a wubenya wɔ ɔsom adwuma no ho, ne asasesin no mu nnipa ho asɛm a wobɛma ahia wo kɛse no so betumi ada akwampae honhom adi. Wubetumi de hokwan biara nso adi dwuma de aboa komapafo ma wɔahu Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow a ɛyɛ nwonwa no denam sankɔhwɛ ne Bible adesua a wobɛyɛ no so.

6 Ɔfrɛ no a yebegye so akɔsom wɔ faako a wohia mmoa kɛse no nso betumi ayɛ nkɔso a yenya no fã. (Yes. 6:8) Ɛda adi sɛ ebinom a wɔatu akɔ asafo bi a ehia asomfo kuw mmoa anaa na ɛhwehwɛ mmoa na wɔayɛ wɔn asasesin mu adwuma mu no anya nhyira pii.

7 Bere a yedii kan suaa nokware no, ɔdɔ ma Yehowa ne Kristo Yesu kanyan yɛn ma yɛyɛɛ nsakrae atitiriw wɔ yɛn asetra mu. Mprempren a yɛne yɛn soro Agya no ntam abusuabɔ ne nea ne Ba no ye maa yɛn ho anisɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse no, so nsakrae afoforo wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na ama yɛatrɛw yɛn som adwuma mu anaa? Momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho denam pii a yɛbɛyɛ wɔ Yehowa adwuma mu no so.​—Rom. 12:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena