Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/92 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Horow Ma January

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Horow Ma January
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase January 6
  • Dapɛn a Efi Ase January 13
  • Dapɛn a Efi Ase January 20
  • Dapɛn a Efi Ase January 27
Yɛn Ahenni Som—1992
km 1/92 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Horow Ma January

MONHYƐ NO NSOW: Wɔayɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama January mu dapɛn biara. Asafo ahorow betumi ayɛ nsakrae a ehia no wɔ adapɛn no biako mu na ama wɔanya simma 30 de atĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu.

Dapɛn a Efi Ase January 6

Dwom 168

15 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. “Ahenni Som Sukuu De Teokrase Ɔkyerɛkyerɛ Ma.” Fa nsɛmma nhoma a aba foforo a ɛka nnapɔnnadi ne nsɛmti afoforo ho asɛm ka ho. Ka nsɛm pɔtee a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu ho asɛm. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmoa Memeneda nsɛmma nhoma adwuma.

18 min: “Yɛn Nnansa Yi Abakɔsɛm mu Asuade Ahorow.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no no. Si so dua sɛ nea atwam betumi akyerɛ yɛn kwan nnɛ ne daakye nso. Yɛ nhyehyɛe ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a adawurubɔfo baanu anaa baasa reka wɔn botae ma mprempren ɔsom afe no a wɔkyerɛkyerɛ nea enti a wɔn ankasa de saa botae horow no asisi wɔn anim ho asɛm wom.

12 min: Asemmisa Afã. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Si nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn nneyɛe bere a wɔrebɔ asu ne sɛnea ɛka Yehowa ne Ahenni nkrasɛm no so dua.

Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 13

Dwom 166

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka Teokrase Nsɛmmansɛmma.

25 min: “Ne Mmofra sɛ Adawurubɔfo.” Di ho dwuma sɛ nkɔmmɔbɔ a atiefo nya mu kyɛfa. Sɛ mudu nkyekyem 2 a, yɛ abusua ti a ɔkyerɛ ne ba kumaa sɛnea wɔde nkratawa ne nsɛmma nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ. Afei abofra no de kratawa anaasɛ nsɛmma nhoma ma abusua no muni foforo. Sɛ mudu nkyekyem 5 a, yɛ abusua ti foforo a ɔne mmofra a wɔn ani afi kakra a wɔnyɛ adawurubɔfo nso yɛ saa ara ho ɔyɛkyerɛ. Agya no gyina asɛm yi so kyerɛkyerɛ sɛnea ehia sɛ abusua no de nyansahyɛ a efi ahyehyɛde no hɔ di dwuma no mu. Afei ɔda asɛm yi mu nsɛntitiriw a ehia sɛ n’abusua no dwen ho adi, na ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe a wayɛ na ama wɔadi so ntɛm no mu.

15 min: Medical Document Foforo. Ɔkyerɛwfo ma wɔkyekyɛ Advance Medical Direrctive foforo ma asafo no mufo a wɔabɔ wɔn asu, na ɔka November 2, 1991 krataa a ɛfa adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu “medical document” ne Adansefo ɔwofo anaa awofo mma nkumaa a wɔmmɔɔ wɔn asu “Identity Card” ho no ho asɛm fefeefe. Sɛ woresiesie wo ho a, san hwɛ May 15, 1990 krataa no mu, na woanya nsɛntitiriw a ehia a ɛne mo asafo no ahiade ahorow hyia. Si so dua sɛ nnipa baanu a wɔde wɔn nsa hyɛ ase sɛ adansefo no nhwɛ bere a wɔde nsa hyɛ krataa no ase no, na afei wɔn ankasa nso mfa wɔn nsa nhyɛ ase. Wo ne atiefo nsusuw nea enti a ɛsɛ sɛ wɔde boasetɔ di akwankyerɛ ahorow akyi na ama kratasin no atumi abɔ yɛn ho ban yiye no ho.

Dwom 196 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 20

Dwom 169

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa sika akontaabu ne asafo no ntoboa a Asafo ti no kyerɛ sɛ nsa aka no ka ho. Ka nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ ama dapɛn no awiei adansedi ka ho.

20 min: “Yɛ Pii wɔ Yehowa Adwuma Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Abusua a emufo yɛ baanan yɛ ɔyɛkyerɛ. Bere a wɔde 1992 kalenda di dwuma no, agya no ne abusua no susuw wɔn February mu bere nhyehyɛe no. Wosusuw nna a wobeyi asi hɔ de akɔ asɛnka, ne sɛnea ɔne abusua no muni biara bɛyɛ adwuma no.

15 min: “Akwampae Adwuma​—Adwuma a Ɛde Akatua Pa Ba.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bisabisa akwampaefo baanu nsɛm. Akwanside bɛn na na ɛsɛ sɛ wodi so na wɔayɛ akwampae adwuma no? Dɛn na ɛkanyan wɔn sɛ wɔnyɛ akwampaefo? Dɛn na aboa wɔn ma wɔatumi ayɛ wɔn akwampae adwuma no? Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa mpaebɔ nsusuw n’ankasa nsɛm tebea no.

Dwom 40 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 27

Dwom 197

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛ nsɛmma nhoma a aba foforo a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ. Munsusuw nea mubetumi ayɛ bere a wɔnna anigye ankasa adi no ho.

20 min: “Sika a Wɔde Fɛm Mfɛfo Kristofo.” Ɔkasa a egyina Ɔwɛn-Aban, Vol. 112. No. 20. nkratafa 25 kosi 28 so. Ma nsɛmti nketewa ne aba a ɛwɔ asɛmti ketewa biara mu no nna adi. Si sɛnea ehia sɛ wɔde Kristofo nnyinasosɛm di dwuma no so dua.

15 min: “Kenkan Ade na Ama Wo Nimdeɛ Adɔɔso.” Ɛsɛ sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu Sohwɛfo di ho dwuma. Ɔkasa a egyina July 22, 1991. Awake! nkratafa 25-7 so, a esi sɛnea ehia sɛ yehu akenkan ne akyerɛw ne wɔn a wonim akenkan yiye nso so dua. Boa atiefo ma wonhu sɛ ade a wotumi kan no frenkyemm no nkutoo nnɔɔso; ɛsɛ sɛ yetumi te ase yiye.

Dwom 201 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena