Asemmisa Afã
◼ Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔhwɛ asubɔ no betumi ada anigye adi?
Asubɔ yɛ anigye bere. Yenya anigye bere a yehu sɛ afoforofo regyina Yehowa afã na wɔda wɔn gyidi adi wɔ baguam no. (Dw. 40:8) Yesu kae sɛ eyi ma anigye kɛse ba ɔsoro. (Luka 15:10) Abusuafo ne adawurubɔfo a wɔne wɔn a wɔrebɔ wɔn asu suaa ade no titiriw ani gye, bere a wohu sɛ afoforofo reyɛ ade a ɛho hia yi Nanso yebetumi ada anigye a ɛte sɛɛ adi wɔ ɔkwan a ɛfata bɛn so?
Yesu asubɔ yɛɛ nhwɛso maa Kristofo asubɔ nnɛ. Ohui sɛ nea na ɔrebɛyɛ no yɛ aniberesɛm. Na ɔrebɔ mpae bere a na wɔrebɔ no asu no. (Luka 3:21, 22) Na onim sɛ asubɔ yɛ bere a wɔde dwen nneɛma ho anibere so. N’asuafo nso huu sɛnea asubɔ ho hia. Bere a wohwiee honhom kronkron gui wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu akyi no, wɔbɔɔ nnipa 3,000 asu. Asuafo a wohuu saa adeyɛ no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho? “Na wokura asomafo no kyerɛ ne ayɔnkofa ne abodoo bubu ne mpaebɔ mu ara.” (Aso. 2:41, 42) Asuafo no dwen honhom mu nneɛma ho, na woyii ahɔhoyɛ su adi kyerɛɛ wɔn ho wɔn no.
Wɔabɔ asu wɔ nnɛyi Kristofo nhyiam horow ase. Nokwarem no, ɛfata sɛ yɛde nsambɔ ne nkamfo da yɛn anigye adi bere a yehu sɛ ankorankoro abegyina Yehowa afã no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, osebɔ a wonnyae, hwiremabɔ, nsa a wohinhim fa wɔn ti so, ne din bobɔ bɛyɛ nea ɛmfata. Saa nneyɛe no kyerɛ sɛ yenni aniberesɛm ne kronn a gyidi a wɔda no adi yi yɛ no no anisɔ. Saa ara nso na ɛnyɛ bere a ɛfata sɛ yɛde akyɛde mema wɔn a wɔabɔ wɔn asu no bere a wofi nsu a wɔbɔɔ wɔn asu wom no mu pue no de kyerɛ anipa. Asubɔ yɛ nkwagye a Kristoni hwehwɛ no mfiase Yebetumi anya anigye na yɛahyɛ wɔn a wɔrebɔ wɔn asu no nkuran denam boa a yɛbɛboa wɔn ma wɔakyerɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den a asubɔ bue hokwan ma wɔn no ho anisɔ so
Beae a wɔbɔ asu no renyɛ baabi a ɛfata ma nsɛnkwaayi, agorudi, asuguare, ne nneyɛe afoforo a ɛbɛbrɛ aniberesɛm a bere no yɛ no ase no. Ɛsɛ sɛ yɛda yɛn anigye no adi wɔ nidi mu. Ade a yɛbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ ne nneɛma a yebebu no aniberesɛm no bɛboa ma obiara a ɔwɔ hɔ no ani agye.