Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Tra Ase Daa anaasɛ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no. February ne March: Nhoma a ekura nkratafa 192 a wotintim no 1983 anaasɛ ansa na saa afe no reba. Fa nhoma biako ma gye ne bo fã a ɛyɛ ¢175. Akwampaefo begye nhoma a ɛte sɛɛ no biako ¢90. Ɛsɛ sɛ sika sohwɛfo no de Remittance and Credit Request kratasin foforo di dwuma de bisa ma wɔtew nea bere nyinaa asomfo gyei no fi mo ka so na ɔde kratasin foforo yɛ saa ara nso wɔ nea adawurubɔfo ne akwampae aboafo gyei no. April: Revelation—Its Grand Climax At Hand!
◼ Yɛbɛkɔ so ara ama adawurubɔfo agye ɔsatu nhoma a adan akokɔsrade no ne bo fã, na akwampaefo nso agye no ne bo no nkyem anan mu biako bere tenten a ebi da so wɔ hɔ no.
◼ Watchtower ne Awake! Binder no bi da so ara wɔ hɔ, na mubetumi akra bi.
◼ Nhoma a yebesua wɔ Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa brochure no akyi ne Trinity brochure no, efisɛ mprempren yɛanya yɛn man yi mu kasa nso mu de wɔ ha.
◼ Ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ “Medical Directive” ne “Identity Card” no foforo January 1. Wɔrekae adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa sɛ wɔnhyehyɛ “Medical Directive” foforo mma wɔn ho ne “Identity Card” mma wɔn mma nkumaa.
◼ Afe asɛm no ne “Momma Mo Ani Nnye Anidaso Mu.—Romafo 12:12.” Ɛsɛ sɛ mokyerɛw eyi bɔ mo Ahenni Asa so.
◼ Yɛbɛyɛ 1993 Nkaedi no Benada, April 6, bere a owia akɔtɔ. Wɔde da a yɛbɛyɛ 1993 Nkaedi no ho amanneɛbɔ yi di kan ama na anuanom ayɛ asa ho nhyehyɛe a ehia no. bere a asafo pii na ɛde Ahenni Asa no di dwuma na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ baabi foforo no.
◼ Yɛn nsa aka 1991 Yearbook no foforo. Asafo ahorow a wɔtew nea wɔkrae no so anaasɛ wotwaam no betumi akra afei, anaa wobetumi abɛtɔ wɔ Betel.