Trɛw Ahenni Adwuma Ademude a Wowɔ no Mu
1 Yesu de Ahenni anidaso no totoo ademude a ne bo yɛ den yiye ho. (Mat. 13:44-46) So yɛte sɛ Yesu mmebu no mu nnipa a wɔtɔn wɔn ahode nyinaa de kɔtɔɔ biribi a ɛsom bo sen saa no? Sɛ yɛte sɛ wɔn a, yɛde Onyankopɔn Ahenni bedi kan, ɛwom sɛ ebia ɛbɛhaw yɛn na yɛde nneɛma bɛkame yɛn ho de.—Mat. 6:19-22.
2 Esiane sɛ yɛn Ahenni adwuma no yɛ ademude nti, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛtrɛw mu. Dɛn na yɛn ankasa asetra kwan da no adi? So yɛretrɛw yɛn Ahenni dwumadi mu? Yebetumi ayɛ saa denam yɛn som adwuma no afã horow te sɛ afie afie adwuma, sankɔhwɛ ne Bible adesua a wɔyɛ ne bɔnnɔ so adansedi mu kyɛfa a yebenya no so.
3 ‘Mɛyɛ Dɛn Atumi Atrɛw Kyɛfa a Minya no Mu?’ Esiane sɛ yɛrefi ɔsom afe foforo ase nti, ɛyɛ papa sɛ obiara hwehwɛ n’ankasa dwumadi mu hwɛ nea obetumi ayɛ na ama bere a ɔde yɛ asɛnka adwuma no akɔ anim na obisa sɛ: ‘So metumi ayɛ nhyehyɛe ayɛ akwampaefo boafo wɔ bere ne bere mu anaa metumi ayɛ no daa mpo? Sɛ meyɛ nsakrae kakra a, so metumi ayɛ daa ɔkwampaefo?’ Akwampaefo afoforo a wofi akwampae adwuma ase September 1 no fata sɛ wɔkɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no bi afe a edi hɔ no.
4 Adawurubɔfo binom de ayɛ wɔn ankasa botae sɛ wobedi bɔnnɔ so adanse pii. Adwuma yi taa sow aba pa. Ebia afoforo bɛte nka sɛ ɛho hia sɛ wonya nkɔso wɔ sankɔhwɛ a wɔbɛma atu mpɔn anaasɛ Bible adesua foforo a wobefi ase no mu.
5 Sɛ yehu sɛ yɛn som adwuma no sua wɔ ɔkwan bi so a, dɛn na yebetumi ayɛ de atrɛw mu? Wɔn a wɔatumi adu botae horow a ɛkorɔn ho no kamfo kyerɛ sɛ yenni kan nsi yɛn bo sɛ yɛde Ahenni nneɛma bedi kan a nea ebefi mu aba biara mfa ho. (Mat. 6:33) Ɛho hia sɛ yenya gyidi na yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa. (2 Kor. 4:7) Fi koma mu kɔ so bɔ mpae hwehwɛ ne mmoa. (Luka 11:8, 9) Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira mmɔden a yefi nokwaredi mu bɔ sɛ yɛbɛma ne som adwuma mu kyɛfa a yenya no akɔ anim no so.—1 Yoh. 5:14.
6 Wo ne anuanom mmarima ne mmea a wɔatumi atrɛw wɔn som adwuma mu no mmɔ nkɔmmɔ. Bisa wɔn nea ɛyɛe a wotumi dii akwanside ahorow so a wɔamma wɔn abam ammu. Ebia wɔn ankasa suahu ahorow ne nea wuhia ankasa na woagye adi sɛ wubetumi atrɛw wo som adwuma mu.
7 Sɛ wokenkan asɛnka adwuma no ho nsɛm wɔ Ɔwɛn-Aban anaasɛ Yɛn Ahenni Som mu a, fa mpaebɔ susuw sɛnea wubetumi de nyansahyɛ ahorow no adi dwuma wɔ wo som adwuma mu no ho. Yɛ saa ara bere a woakɔ asafo nhyiam ne amansin nhyiam no. Nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ asɛm yi mu no gyina afe yi ɔmansin nhyiam dwumadi no mu ɔkasa bi so. Ɛyɛ nsɛm a ebedidi so aba a wɔde bɛboa yɛn ma yɛde nkuranhyɛ a saa dwumadi no de mae no adi dwuma akosi ase.
8 Yesu buu ne som adwuma aniberesɛm, na ɔma ɛyɛɛ ade titiriw a odwen ho. Ɔkae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde.” (Yoh. 4:34) So yɛte nka saa ara? Sɛ yɛte nka saa a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so atrɛw yɛn dwumadi mu na yɛne afoforo akyɛ yɛn ademude mu “nnepa.”—Mat. 12:35; Luka 6:45.