Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/09 kr. 1
  • So Wubetumi Ayɛ Pii wɔ Asɛnka Adwuma no Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Ayɛ Pii wɔ Asɛnka Adwuma no Mu?
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwampae Adwuma No Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Wo Som Mu A Wobɛtrɛw Sɛ Daa Ɔkwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • So Woasom Sɛ Ɔkwampaefo Bere Bi A Atwam?
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 7/09 kr. 1

So Wubetumi Ayɛ Pii wɔ Asɛnka Adwuma no Mu?

1. Dɛn na ɛho hia paa sɛ yɛyɛ wɔ asɛnka adwuma no ho, na dɛn ntia?

1 Bere a Yesu hui sɛ nnipadɔm no ani agye Ahenni asɛmpa no ho no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, “monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Mat. 9:37, 38) Esiane sɛ aka bere tiaa bi ma yɛawie otwa adwuma no nti, ɛnnɛ ne bere a ehia paa sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma no. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ susuw ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu no ho.—Yoh. 14:13, 14.

2. Dɛn na ebinom ayɛ a ama wɔatumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu?

2 Sɛnea Wubetumi Ayɛ Pii: Ɛdenam Yehowa mmoa ne n’akwankyerɛ so no, nnipa pii atumi ayɛ akwampae adwuma no bi. (Dw. 26:2, 3; Filip. 4:6) Ebinom bɔɔ mmɔden yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no ɔsram biako anaa nea ɛboro saa wɔ afe no mu. Eyi ma wotumi yɛɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Anigye a saafo yi nyae wɔ akwampaefo aboafo adwuma a wɔyɛe no mu no kaa wɔn mu pii ma wɔbɛyɛɛ daa akwampaefo.—Aso. 20:35.

3. Sɛ woayɛ akwampae adwuma no bi da a, dɛn na wubetumi asusuw ho seesei?

3 So Wubetumi Afi Akwampae Adwuma no Ase Bio?: Sɛ bere bi a atwam no na woyɛ daa ɔkwampaefo a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ a wokae anigye a na wowɔ saa bere no. So wode mpaebɔ asusuw ho sɛ ebia wobɛsan ayɛ akwampae adwuma no bio? Ebetumi aba sɛ nea ɛma wugyaee akwampae adwuma no nyɛ akwanside bio. Ebia seesei de wubetumi ayɛ akwampae adwuma no bio.—1 Yoh. 5:14, 15.

4. Adwuma titiriw bɛn na yɛn nyinaa betumi anya hokwan ayɛ bi?

4 Wogu so reyɛ otwa adwuma no denneennen, na ɛrenkyɛ wobewie. (Yoh. 4:35, 36) Momma yɛn nyinaa nhwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu seesei nhwɛ sɛ ebia yebetumi ayɛ nsakrae bi wɔ yɛn asetena mu na yɛayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Nanso sɛ ɛbɛda adi sɛ yɛrentumi nyɛ tebea no ho hwee a, so yebetumi ahwehwɛ akwan foforo a ɛbɛma yɛatu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu? (Mar. 12:41-44) Hwɛ hokwan ara a wɔn a wɔn nsɛm tebea bɛma wɔn kwan ma Yehowa de wɔn adi dwuma no benya wɔ adwuma titiriw yi mu!—Dw. 110:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena