Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/01 kr. 8
  • Wopɛ Sɛ Woyɛ Pii?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wopɛ Sɛ Woyɛ Pii?
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Trɛw Ahenni Adwuma Ademude a Wowɔ no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Akwan a Wobɛfa so Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Bere Nyinaa Asomfo A Wɔwɔ Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 8/01 kr. 8

Wopɛ Sɛ Woyɛ Pii?

1 Yesu de Ahenni no totoo ademude a ɛsom bo ho. (Mat. 13:44-46) Ahenni ho asɛmpaka adwuma no nso yɛ ademude a ɛsom bo. Ɛsɛ sɛ yɛma ɔsom adwuma yi ho hia sen biara wɔ yɛn asetram, ɛmfa ho sɛ yɛ a yɛbɛyɛ no kɛse mpo no bɛma yɛde biribi akame yɛn ho no. (Mat. 6:19-21) So wopɛ sɛ woyɛ Ahenni som adwuma no pii?

2 Susuw Ahiade Yi Ho Hwɛ: Nneɛma pii ho hia na ama yɛn mu biara atumi ayɛ ɔsom adwuma no pii: (1) ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛde Ahenni nneɛma bedi kan wɔ yɛn asetram. (Mat. 6:33); (2) ɛsɛ sɛ yenya gyidi na yɛde yɛn ho to Yehowa so. (2 Kor. 4:1, 7); (3) ɛsɛ sɛ yefi komam bɔ mpae daa de hwehwɛ Onyankopɔn mmoa. (Luka 11:8-10); (4) ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ma ɛne yɛn mpaebɔ hyia.—Yak. 2:14, 17.

3 Akwan a Yɛbɛfa So Atrɛw Yɛn Som Adwuma Mu: Yɛn nyinaa betumi de ayɛ yɛn botae sɛ yɛde bere bi bɛkɔ asɛnka ɔsram biara. Nanso, so woasusuw ho nso sɛ wode hokwan biara a wubenya no bedi adanse bɔnnɔ so, abɔ mmɔden ama nsɛm a woka no atu mpɔn, ama wo sankɔhwɛ atu mpɔn kɛse, na woabɔ mmɔden ayɛ ofie Bible adesua daa? So wubetumi ayɛ akwampae boafo anaa daa ɔkwampaefo anaasɛ wobɛkɔ akɔsom baabi a mmoa ho hia kɛse? Sɛ woyɛ onuabarima a woabɔ asu a, so wubetumi afata sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin? (1 Tim. 3:1, 10) So wubetumi akɔsom wɔ Betel, akɔ Asomfo Ntetee Sukuu anaa asɛmpatrɛwfo sukuu a wɔyɛ wɔ Gilead no bi de atrɛw wo som adwuma mu?—Luka 10:2.

4 Wɔhyɛɛ onua bi a na ɔde ne bere nyinaa yɛ adwuma na ɔsɛe bere pii wɔ agumadi ho no nkuran sɛ ɔnyɛ daa ɔkwampaefo. Ofii akwampaefo aboafo adwuma ase, na afei ɔyɛɛ nsakrae wɔ ne nsɛm tebea mu de ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Akyiri yi, ɔkɔɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi na onyaa ntetee a ama wafata sɛ ɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo nnɛ. N’ani gye kɛse sɛ odii nkuranhyɛ a onyae no ho dwuma, na ɔka sɛ gyinae a osii sɛ ɔbɛyɛ Ahenni som adwuma no pii no ama wanya anigye kɛse.

5 Yehowa hyira wɔn a wotu wɔn ho ma no. (Yes. 6:8) Mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu na ama woanya abotɔyam ne denhyɛ kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena