Wonnyaee Adansedi
1 Yɛn din Yehowa Adansefo no ma wohu nnipa ko a yɛyɛ, na ɛka nea yɛyɛ ho asɛm. Yedi yɛn Nyankopɔn, Yehowa, no mmaninyɛ ho adanse. (Yes. 43:10, 12) Sɛ obiara bɛyɛ asafo no muni a, ɛsɛ sɛ onya adansedi yi mu kyɛfa. Yedi adanse titiriw denam yɛn baguam ɔsom adwuma, a afie afie a yɛkɔ, adwuma a yɛyɛ no mmɔnten so, sankɔhwɛ ne Bible adesua a yɛyɛ ka ho so. Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran ɔkwan a ɛfata so sɛ yɛmmɔ mmɔden sɛ yebenya mu kyɛfa akosi ase.—1 Kor. 15:58.
2 Nanso, asafo no mufo binom ntumi nyɛ pii. Ebia ɔyare bi a emu yɛ den anaa ahoɔmmerɛw ama wɔaka fie. Abusuafo asɔretiafo betumi de akwanside akɛse asisi hɔ. Abofra bi wofo a onnye nni betumi asiw no kwan. Ankorankoro a wɔtete mmeae a atew ne ho a wonni kar betumi ate nka sɛ ɛno nti wontumi nni adanse. Fɛre a wonya fi awo mu betumi ama wɔn a wonni akokoduru no atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde wɔn ho bɛhyem. Adawurubɔfo bi a wɔwɔ tebea yi anaa nea ɛtete saa mu no betumi ate nka sɛ wɔmmɔ wɔn ho mmɔden sɛ Kristofo efisɛ wontumi nyɛ pii koraa te sɛ afoforo na wɔnyɛ sɛnea wɔpɛ sɛ wɔyɛ ankasa. Ntease biara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wobu wɔn mmɔdenbɔ adewa. (Gal. 6:4) Wobetumi anya awerɛkyekye afi nim a wonim sɛ Yehowa ani gye, bere a wɔyɛ nea wobetumi nyinaa wɔ tebea biara a wɔwom mu no mu.—Luka 21:1-4.
3 Ɔkwan a Wobɛhwehwɛ de Wo Ho Ahyem: Wɔaka osuahu mpempem pii de akyerɛ sɛnea ankorankoro a wɔwɔ tebea a emu yɛ den mu amma nneɛma ansiw wɔn kwan sɛ wobedi adanse. Esiane sɛ wofi wɔn pɛ mu yɛɛ ade nti, wɔanya akwan horow pii a wɔfa so di bɔnnɔ so adanse. Ebinom a wɔaka fie de nkrataakyerɛw (anaa telefon, baabi a ebi wɔ hɔ no) abue adansedi pon kɛse bi. Wobu nsrahwɛfo biara sɛ obi a obetumi atie asɛm no. Ɛwom mpo sɛ ebia ɔyere a n’abusua sɔre tia no no ntumi nni adanse wɔ fie de, nanso ɔde hokwan ahorow kasa kyerɛ afipamfo anaa afoforo a ohyia wɔn wɔ ne da biara dwumadi mu no.
4 Ebia abofra bi wofo a onnye nni bɛbara no sɛ ɔmmfa ne ho nnhyɛ baguam adansedi no mu. Sɛ́ anka obebu ɛno sɛ akwanside a ontumi nni so no, obetumi de ne mfɛfo sukuufo ne n’akyerɛkyerɛfo ayɛ n’ankasa “asasesin,” na watumi adi adanse a ɛsɔ ani na ebia wayɛ Bible adesua ahorow mpo. Nnipa pii a wɔtete mmeae a atew ne ho no nam nkrataakyerɛw so atumi anya mu kyɛfa. Bere nyinaa wɔn a Kristofo nsiyɛ kanyan wɔn no benya ɔkwan bi a wɔbɛfa so akwati sɛ wɔbɛyɛ “anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.”—2 Pet. 1:8.
5 Sɛ ɛba kyɛfa a yebenya wɔ adansedi adwuma no mu so a, Yehowa de gyinapɛn koro asi hɔ ama yɛn nyinaa, ɛne sɛ ‘yemfi yɛn kra nyinaa mu.’ (Kol. 3:23) Ɛwom sɛ ɛsono bere dodow a yɛn mu biara de yɛ ne nea otumi yɛ de, nanso ade titiriw a ɛkanyan yɛn no yɛ biako—nokware dɔ a efi “koma mũ” mu. (1 Be. 28:9; 1 Kor. 16:14) Sɛ yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa a, yɛrente nka da sɛ yenni gyidi anaasɛ yɛyɛ asafo no mufo a yɛn ho nni mfaso, esiane sɛ nea yetumi yɛ no sua nti. Te sɛ Paulo no, yebetumi aka no nokwarem sɛ ‘yennyaee sɛ yɛbɛka nea ɛyɛ mfaso anaasɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ baguam.’—Aso. 20:20.