Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/13 kr. 4-6
  • Akwan Foforo a Yɛbɛfa So Ayɛ Baguam Adansedi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwan Foforo a Yɛbɛfa So Ayɛ Baguam Adansedi
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛkwan Foforɔ a Yɛfa so Di Adanseɛ wɔ Badwam
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Ka Asɛmpa no Wɔ Baabiara
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Akwan a Yɛfa So Ka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Mmorɔn so Adansedi a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 7/13 kr. 4-6

Akwan Foforo a Yɛbɛfa So Ayɛ Baguam Adansedi

1. Nhwɛso bɛn na afeha a edi kan Kristofo no yɛe?

1 Ɛnyɛ afie afie nko na afeha a edi kan Kristofo no kaa asɛm no. Wɔkae wɔ baguam nso. (Aso. 20:20) Sɛ nhwɛso no, wɔkɔɔ asɔrefie efisɛ na wobenya nnipa pii wɔ hɔ. (Aso. 5:42) Bere a na ɔsomafo Paulo wɔ Atene no, da biara da na ɔka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ gua so. (Aso. 17:17) Ɛnnɛ nso, afie afie asɛnka no da so ara yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so ka asɛmpa no. Nanso, yɛsan kɔ mmeae a wɔde kar sisi, nnwuma mu, mmeae a nkurɔfo tena gye wɔn ahome, hyɛn gyinabea ne mmeae afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛka asɛm no akyerɛ nnipa wɔ baabiara a yebenya wɔn. Ɛwom sɛ wɔhyɛ ɔdawurubɔfo biara nkuran sɛ baabi a ɛbɛyɛ yiye biara obetumi adi adanse wɔ baguam de, nanso nnipa pii benya hokwan de wɔn ho ahyɛ akwan foforo abien a yɛbɛfa so ayɛ baguam adansedi a ɛyɛ anigye mu.

2. Nhyehyɛe foforo bɛn na wofii ase sɔ hwɛe wɔ November 2011 mu?

2 Nkurow Akɛse mu Baguam Adansedi Titiriw: Sɛnea wɔde amanneɛbɔ mae wɔ afe 2013 Yearbook no kratafa 16 ne 17 mu no, wofii ase sɔɔ baguam adansedi foforo hwɛe wɔ New York City wɔ November 2011 mu. Wɔhyehyɛ nhoma a ɛwɔ kasa ahorow mu fɛfɛɛfɛ wɔ apon ne trɔk so de sisi mmeae a nkurɔfo taa fa wɔ nkurow akɛse mu. Da biara da, nnipa bi te sɛ wɔn a wɔtete adan akɛse a wɔagye ho ban ne wɔn a yɛntaa nto wɔn wɔ fie mpempem pii di hɔ akɔneaba. Saa nhyehyɛe yi asow aba pii. Nnansa yi ara, wɔ ɔsram biako pɛ mu no, wɔmaa nsɛmma nhoma 3,797 ne nhoma ahorow 7,986. Nnipa pii a wotwam wɔ hɔ no kae sɛ wɔne wɔn mmesua Bible. Esiane sɛ atirimpɔw no ne sɛ wɔde bɛhyehyɛ Bible adesua nti, sɛ anigyefo de wɔn address ma a, ntɛm ara wɔde mena asafo a ɛbɛn no no ma wɔkɔhwehwɛ no.

3. Ɔkwan bɛn so na wɔretrɛw dwumadi foforo yi mu?

3 Esiane sɛ dwumadi yi asow aba nti, seesei wɔpɛ sɛ wɔtrɛw mu kɔ nkurow akɛse a wobenya nnipa pii wɔ hɔ mu wɔ wiase baabiara. Wɔ ɔman biara mu no, Betel adwumayɛbea a ɛwɔ hɔ no na ɛbɛkyerɛ nkurow a wɔbɛyɛ bi wom. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wɔpaw nkurow a hyɛn gyinabea, nnwuma bebree anaasɛ adan akɛse wowɔ hɔ ma enti nnipa pii di hɔ akɔneaba. Ɛno akyi no, Betel adwumayɛbea ne asafo ahorow a wɔbɛyɛ bi no bedi nkitaho ama wɔn adwuma no ho akwankyerɛ pii. Daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw na wɔtaa de wɔn di dwuma, nanso wɔ mmeae bi no, wɔma akwampaefo aboafo nso boa.

4. Ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ nkurow akɛse mu baguam adansedi titiriw no?

4 Sɛnea Wɔyɛ Adansedi Adwuma Yi: Wɔn a wɔyɛ nkurow akɛse mu baguam adansedi titiriw yi bi no taa twɛn ma obi ba ɔpon anaa trɔk a wɔahyehyɛ nhoma wɔ so no ho. Sɛ obi begyina ho a, wɔka kyerɛ no sɛ onyi nhoma no mu nea a n’ani gye ho. Sɛ obisa asɛm bi a, akwampaefo no fi Kyerɛwsɛm no mu ma no mmuae. Sɛ oyi nhoma no bi a, akwampaefo no nka ntoboayi ho asɛm. Nanso sɛ obisa ɔkwan a yɛfa so nya sika de yɛ yɛn adwuma no ho asɛm a, wɔka kyerɛ no sɛ obetumi afa address a wɔahyehyɛ wɔ nhoma no mu so de amena asafo no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wobisa no sɛ: “Wopɛ sɛ obi bɛsra wo wɔ wo fie?” anaa “Wunim sɛ yebetumi ne wo asua Bible a wuntua hwee?”

5. Mfaso bɛn na awarefo bi a wɔreyɛ adwuma foforo yi bi anya?

5 Wɔn a wɔreyɛ adwuma yi bi no anya so mfaso pii. Awarefo bi kyerɛw sɛ: “Sɛ yegyina ɔpon no ho na yɛhwɛ sɛnea da biara da nnipa mpempem pii di akɔneaba no a, ɛma yehu sɛ yɛwɔ adwuma kɛse a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de ka asɛm no kyerɛ nnipa wɔ wiase nyinaa. Sɛnea Yehowa dwen nnipadɔm yi mu biara ho no hyɛ yɛn den, na ɛma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma asɛnka adwuma no yɛ yɛn asetenam ade titiriw. Yɛde yɛn adwene bu sɛ Yehowa rehwehwɛ nnipa a wotwam wɔ ɔpon no ho nyinaa koma mu sɛ obehu wɔn a wɔfata. Yɛahu sɛ yɛne abɔfo na ɛreyɛ adwuma no ampa.”

6. (a) Baguam adansedi foforo bɛn na asafo ahorow yɛ ho nhyehyɛe, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ soronko wɔ nkurow akɛse mu baguam adansedi titiriw no ho? (b) Asafo ahorow bɛyɛ dɛn de biakoyɛ ayɛ baguam adansedi no?

6 Baguam Adansedi a Mo Asafo no Ayɛ Ho Nhyehyɛe: Mpanyimfo akuw pii ayɛ nhyehyɛe foforo a wɔnam so bɛyɛ baguam adansedi wɔ wɔn asasesin mu de aka nkurow akɛse mu baguam adansedi titiriw no ho. Adawurubɔfo a wɔreyɛ adwuma yi bi no hyehyɛ nhoma ahorow gu ɔpon anaa trɔk so wɔ mmeae a nkurɔfo pii di hɔ akɔneaba wɔ wɔn asasesin mu. Eyi yɛ soronko wɔ nkurow akɛse mu baguam adansedi titiriw a Betel adwumayɛbea yɛ ho nhyehyɛe no ho. Ɛno de, wɔma wɔpaw anuanom fi asafo ahorow mu ma wɔyɛ adwuma no wɔ mmeae bi a nnipa pii di hɔ akɔneaba.​—Hwɛ adaka “Biakoyɛ Ho Hia.”

7. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔkwan bɛn na mpanyimfo betumi afa so ayɛ baguam adansedi ho nhyehyɛe wɔ wɔn asafo mu?

7 Asafo mu mpanyimfo betumi asusuw ho ahwɛ sɛ mmeae bi wɔ wɔn asasesin mu a nnipa pii di hɔ akɔneaba a ebehia sɛ wɔyɛ baguam adansedi wɔ hɔ anaa. Mmeae a wobetumi de ɔpon anaa trɔk asisi no bi ne hyɛn gyinabea, mmɔnten so, ahomegyebea, akwan a nkurɔfo taa fa so ho, aguadidan ne sukuupɔn ahorow mu, wimhyɛn gyinabea, ne mmeae a wɔbɔ gua. Ɛbɛyɛ papa sɛ mobɛpɛ baabi pɔtee a mode ɔpon no besi, mmere ne nna a mode besi hɔ a morensesa no. Ada adi sɛ, sɛ wɔde apon no sisi aguadidan akɛse mu a, ɛsow aba pii sen sɛ wɔde besi sotɔɔ kɛse biako pɛ anim. Efisɛ mpɛn pii no, wɔn a wɔkɔ sotɔɔ a ɛte saa mu no de wɔn adwene si ade pɔtee nti a wɔrekɔ hɔ no so. Nnipa tumi kyere so wɔ mmeae bi te sɛ anammɔnkwan a ɛda kar kwan ho so, enti sɛ mohyehyɛ nhoma no wɔ trɔk ketewaa so de si hɔ a, ɛbɛboa. Asafo mu mpanyimfo betumi atwe Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ne Bible Kyerɛkyerɛ nhoma a wɔahyɛ da ayɛ ama saa baguam adansedi yi bi wɔ yɛn Intanɛt dwumadibea hɔ. Sɛnea wɔn a wɔyɛ nkurow akɛse mu baguam adansedi titiriw yɛ wɔn adwuma no, saa ara na wɔn a wobenya dwumadi yi mu kyɛfa no nso bɛyɛ wɔn de no, enti ɛsɛ sɛ wodi akwankyerɛ a ɔsom adwuma sohwɛfo de bɛma no akyi pɛpɛɛpɛ. Sɛ wogye obi a ­ɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye address na wohu sɛ onipa no nte wɔn asasesin mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no de ma asafo mu ɔkyerɛwfo no ntɛm ara.

8. Sɛ asafo bi ntumi nyɛ baguam adansedi ho nhyehyɛe a, hokwan ahorow bɛn na wobetumi de adi adanse wɔ baguam?

8 Baguam Adansedi wɔ W’asɛnka Mu: Asafo ahorow bi rennya mmeae a nnipa pii di hɔ akɔneaba wɔ wɔn asasesin mu ma enti ɛho renhia sɛ wɔhyehyɛ nhoma wɔ ɔpon anaa trɔk so sisi hɔ. Nanso wɔhyɛ asafo a ɛte saa mu adawurubɔfo nkuran sɛ wobetumi ayɛ baguam adansedi aka wɔn asɛnka adwuma ho. So baabi a wodi gua anaa sotɔɔ bi a nkurɔfo di mu ahyɛmfiri wɔ mo asasesin mu? Mowɔ baabi a nkurɔfo tena gye wɔn ahome anaa wohyiam? So baabi wɔ hɔ a ɔmanfo bɔ gua? Sɛ saa a, ɛnde wo nso wubetumi adi adanse wɔ baguam.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ka asɛm no kyerɛ nnipa wɔ baabiara a yebenya wɔn?

9 Yehowa pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:4) Ɛno nti, yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛma nnipa pii ate Ahenni no ho asɛm ansa na awiei no aba. (Mat. 24:14) Wɔ mmeae pii no, ɛyɛ den sɛ yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie. Nanso, ebia yebetumi ne wɔn akasa wɔ mmɔnten so bere a wɔafi fie no. Baguam adansedi betumi ayɛ ɔkwan biako pɛ a ebinom nam so bɛte asɛmpa no. Enti, momma yɛnka asɛm no nkyerɛ nkurɔfo wɔ baabiara a yebenya wɔn, na yɛafa so ayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.—2 Tim. 4:5.

[Kratafa 5 adaka]

Biakoyɛ Ho Hia

Wɔde amanneɛbɔ ama sɛ ɛtɔ mmere bi a, adawurubɔfo a wɔwɔ asafo a ɛbemmɛn ho mu kodi adanse wɔ kar kwan koro no ara ho, mmeae a wɔde kar sisi, ne nnwuma koro no ara anim anaa hyɛn gyinabea koro. Adawurubɔfo a wofi asafo ahorow mu de nsɛmma nhoma kogu ahɔhogyebea anaa adan a wɔtwɛn wom koro no ara mu. Eyi nti, sɛ adawurubɔfo kɔ hɔ bere foforo mpo a, nnwumayɛfo ne mpɔtam hɔfo binom bo fuw. Mpɛn pii no, sɛ yɛreyɛ baguam adansedi a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ wɔ yɛn asafo no asasesin nkutoo mu.

Sɛ adawurubɔfo bi pɛ sɛ wodi adanse wɔ asafo a ɛbɛn wɔn asasesin mu a, ɛsɛ sɛ wɔne ɔsom adwuma sohwɛfo no ka ho asɛm. Ɔno nso bɛsrɛ kwan afi saa asafo no mu ɔsom adwuma sohwɛfo no hɔ ansa na wɔakɔyɛ mu adwuma. Baabi a asafo a wɔka kasa ahorow yɛ adwuma wɔ asasesin koro no ara mu no, ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma so ahwɛfo no ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenhyɛ wɔn a wɔte mpɔtam hɔ no abufuw. Sɛ wɔde biakoyɛ yɛ adwuma a, biribiara betumi akɔ so “fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.”—1 Kor. 14:40.

[Kratafa 6 mfonini]

[Kratafa 6 mfonini]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena