Ka Asɛmpa no Wɔ Baabiara
1 Tete Kristofo no kaa asɛmpa no wɔ baabiara. Ná wɔyɛ nsi araa ma Yesu Kristo wusɔre no akyi mfe 30 no, na Ahenni asɛm no yɛ nea “wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu.”—Kol. 1:23.
2 Botae koro no ara na esi Yehowa asomfo a wɔyɛ nsi no ani so nnɛ—sɛ́ wɔbɛka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ obiara a wobenya no. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadu saa botae yi ho? Nnipa bebree na wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma, na yɛntaa nto wɔn wɔ fie bere a yɛakɔ hɔ no. Sɛ ɛnyɛ adwuma na wɔreyɛ a, ebia na wɔretu kwan, wɔredi gua, anaa wɔreyɛ nneɛma bi de agye wɔn ani. Ɔkwan bɛn so na yɛreka Ahenni ho asɛm no akyerɛ wɔn a wɔfata wɔ wɔn mu no?—Mat. 10:11.
3 Wɔrekɔ ebinom nkyɛn wɔ wɔn adwuma mu. Nkurow nketewa mpo wɔ aguadibea bi a nnipa pii di da no fã kɛse wɔ hɔ. Wɔ nkurow akɛse mu no, wɔredi nnipa a wɔyɛ adwuma wɔ nnwinnan ne adwumayɛdan akɛse ne wɔn a wɔte adan a nkurɔfo wɛn hɔ denneennen mu no adanse—na wɔ pii fam no, eyi ne bere a edi kan. Wɔ adapɛn awiei no, wɔahu sɛ ebinom a wɔkɔto wɔn sɛ wɔregye wɔn ahome wɔ agodibea, anigyebea, ahɔhodan, anaa danwa ahorow mu anaasɛ bere a wɔretwɛn wɔ faako a wɔde kar asisi anaa adetɔnbea ahorow no tie asɛmpa no.
4 Adawurubɔfo pii rebɔ mmɔden kɛse sɛ wobedi adanse wɔ mmeae a nnipa wɔ, baabi a wobenya nnipa biara. Mfiase no, na saa Adansefo yi twentwɛn wɔn nan ase na wɔbɔ hu kakra efisɛ asɛnka a wɔyɛ no pɔtee te sɛ afie afie de no na na akokwaw wɔn. Seesei wɔte nka dɛn?
5 Onua bi a ne ho akokwaw pae mu ka sɛ: “Ama manya ahoɔden foforo wɔ me som adwuma no mu!” Ɔfoforo de ka ho sɛ: “Ɛma mede m’adwene si nneɛma so.” Ɔkwampaefo bi a ne mfe akɔ anim ka sɛ: “Ahyɛ me den wɔ adwene, honam, ne honhom fam, . . . na migu so renya nkɔso.” Ɔdawurubɔfo bi ka sɛ seesei ɔrenya nnipa pii a wɔne Yehowa Adansefo mmɔɔ nkɔmmɔ da. Mmofra nso de wɔn ho regye adwuma a ɛyɛ anigye yi mu bi. Abofra bi ka n’asɛm sɛ: “Ɛyɛ anigye efisɛ ɛma wutumi ne nnipa bebree kasa!” Ɔfoforo ka sɛ: “Merema nsɛmma nhoma pii sen bere biara a atwam!” Eyi nyinaa rekɔ so wɔ nsasesin a wɔyɛ mu adwuma mpɛn pii mu.
6 Ahwɛfo Akwantufo Redi Anim: Bere a wɔahu sɛ “wiase yi su resakra” no, Asafo ti no kamfo kyerɛe nnansa yi sɛ ahwɛfo akwantufo nyɛ nsakrae wɔ wɔn asɛnka nhyehyɛe mu dapɛn biara sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa dodow biara a wobenya wɔn. (1 Kor. 7:31, NW) Mfe pii mu no, na amansin so ahwɛfo de dapɛn no mu nna yɛ afie afie adwuma anɔpa, na wɔde awiabere no ayɛ sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua ahorow. Wɔ mmeae bi no, saa nhyehyɛe no betumi akɔ so ayɛ adwuma yiye. Wɔ mmeae foforo no, mfaso pii remma so sɛ wɔbɛyɛ afie afie wɔ dapɛn no mu nna bi anɔpa. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, ɔhwɛfo kwantufo no betumi asi gyinae sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde da no anɔpa bɛyɛ sotɔɔ ahorow mu adwuma anaa mmorɔn so adansedi. Anaasɛ obetumi ayɛ nhyehyɛe ama akuw nketewa akodi adanse wɔ adwumayɛdan akɛse, adetɔnbea ahorow, mmeae a wɔde kar sisi, anaa mmeae foforo a nnipa wɔ. Sɛ adawurubɔfo de bere a wɔwɔ no di dwuma yiye wɔ asɛnka mu a, wobetumi anya nnipa pii.
7 Amanneɛbɔ ahorow a efi aman foforo mu kyerɛ sɛ ahwɛfo akwantufo ne adawurubɔfo nyinaa agye saa nsakrae yi atom kɛse. Mpanyimfo akuw bi de ato ɔmansin sohwɛfo no anim sɛ ɔmfa ntetee mma adawurubɔfo bi wɔ adwuma no afã horow bi a ehia sɛ wɔma wɔn ani kũ ho wɔ wɔn mpɔtam hɔ mu. Nantew a saa adawurubɔfo yi ne ɔhwɛfo kwantufo no anantew bere a ɔreyɛ saa dwumadi ahorow yi mu biako no aboa wɔn. Wɔn nso atumi atete afoforo. (2 Tim. 2:2) Ne saa nti, wɔde asɛmpa no redu nnipa pii nkyɛn nnɛ.
8 Nokwarem no, ɛho nhia sɛ wotwɛn ma ɔmansin sohwɛfo bɛsra mo ansa na woasɔ saa akwan foforo yi a wɔfa so ka asɛm no ahwɛ. Nsɛm bi a wubetumi de ayɛ adwuma wɔ mo asasesin mu na edidi so yi:
9 Mmorɔn So Adansedi: Ɛtɔ mmere bi a, sɛ yɛkɔ baabi a nnipa nni hɔ dapɛn no mu da bi anɔpa a, yetumi bisa sɛ, ‘Ɛhe na nkurɔfo no nyinaa afa?’ Ebia yebehu sɛ ebinom redi nneɛma nketenkete ho dwuma anaa wɔretotɔ nneɛma. Woabɔ mmɔden sɛ wonam mmorɔn so adansedi so benya wɔn? Sɛ wɔyɛ ɔsom adwuma no fã yi yiye a, ebetumi asow aba pii. Sɛ́ anka wubekura nsɛmma nhoma no agyina faako no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛbɛn nkurɔfo na woafi adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ ase. Ɛho nhia sɛ wubedi obiara a ɔretwam adanse. Kasa kyerɛ wɔn a wɔn ho mpere wɔn, te sɛ wɔn a wɔretotɔ nneɛma a wɔasie, wɔn a wɔte kar a esi hɔ mu, anaa nnipa a wɔretwɛn aban kar. Mfiase no, wubetumi akyia no adamfofa kwan so kɛkɛ na woatwɛn ne mmuae. Sɛ onii no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ nkɔmmɔ a, ma ɔnkyerɛ n’adwene wɔ asɛm bi a wote nka sɛ n’ani begye ho ho.
10 Ɔhwɛfo kwantufo bi too nsa frɛɛ adawurubɔfo baasia bɛkaa ɔne ne yere ho ma wɔyɛɛ mmorɔn so adansedi. Dɛn na efi mu bae? Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Yɛn ani gyei anɔpa no. Ná akwansinhunu twa biara nnim. Yɛmaa nsɛmma nhoma aduɔwɔtwe ne nkratawa bebree. Yɛne nnipa pii bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Adawurubɔfo no biako a na ɔreyɛ mmorɔn so adansedi bere a edi kan no paee mu kae sɛ: ‘Matra nokware no mu mfe pii, nanso na minnim nea merehwere!’ Eduu dapɛn no awiei no, na asafo no nsɛmma nhoma a esum hɔ pii no asa.”
11 Bere a ɔmansin sohwɛfo koro no ara kɔsom asafo a edi hɔ no, ɔtee sɛ adawurubɔfo pii de wɔn ho hyɛɛ mmorɔn so adansedi mu anɔpa paa bi ma ansow aba kɛse. Onuawa biako ne nnipa baanu pɛ na ɛkasae wɔ bere a wɔde dii adanse no nyinaa mu, efisɛ na onipa foforo biara a obehyia no no repɛ ntɛm akɔ adwuma. Ɔhwɛfo kwantufo no hyɛɛ nyansa sɛ wɔn nyinaa nsan nkɔ borɔn koro no ara so akyiri yi saa anɔpa no. Wɔyɛɛ saa, na wɔtraa hɔ kosii owigyinae. Onuawa no a anɔpa paa no onyaa nnipa baanu pɛ ne wɔn kasae no bɔɔ mmɔden yiye bere a ɔsan kɔe no. Ɔmaa nsɛmma nhoma 31 ne nhomawa 15, ogyee nnipa baason din ne wɔn address, na ofii ofie Bible adesua abien ase! Kuw no mufo nkae no nso nyaa nkɔanim a ɛhyɛ nkuran saa ara.
12 Sɛ wunya obi a ɔkyerɛ anigye a, bɔ mmɔden gye onii no din, n’address, ne ne telefon nɔma. Sɛ́ anka wubegye ne ho nsɛm tẽẽ no, wubetumi aka sɛ: “M’ani agye nkɔmmɔbɔ yi ho. Ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛbɛtoa so bere foforo anaa?” Anaasɛ bisa sɛ: “Ebetumi ayɛ yiye sɛ mɛba wo fie anaa?” Nnipa pii a wɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ saa kwan yi so no pene sankɔhwɛ so. Hwɛ hu sɛ wobɛtwe wɔn adwene asi nhyehyɛe a wɔayɛ ama asafo nhyiam horow no so.
13 Sɛ wo ne onigyeni bi a ɔte asasesin a ɛhyɛ asafo foforo nsa mu kasa a, ɛsɛ sɛ wode ne ho nsɛm no ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom a wɔwɔ hɔ no betumi akodi anigye no ho dwuma. So mmorɔn so adansedi betumi ayɛ ɔkwan a etu mpɔn a mubetumi afa so atrɛw asɛmpa no mu wɔ mo mpɔtam hɔ? Sɛ saa a, hwehwɛ asɛm “Anigyefo a Yɛbɛhwehwɛ Wɔn Denam Mmɔnten so Adansedi a Etu Mpɔn So” a ɛwɔ July 1994 Yɛn Ahenni Som mu no mu. Afei yɛ nhyehyɛe sɛ wubenya mmorɔn so adansedi mu kyɛfa wɔ da no mu bere a ɛfata a ɛbɛma woanya nnipa pii sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara.
14 Adanse a Wodi Wɔ Ahyɛn a Ɔmamfo Fa Mu: Anɔpa bi, akwampaefo bi yɛɛ wɔn adwene sɛ wobedi adanse akyerɛ nkurɔfo bi a na wɔretwɛn bɔs wɔ kɔlege bi nkyɛn. Ɛwom sɛ wɔne nkurɔfo bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye de, nanso wohyiaa asɛnnennen bi. Edu baabi a nkɔmmɔ no asɔ a, na bɔs no aba, na ɛma nkɔmmɔ no twa pen. Nea akwampaefo no yɛ de dii ɔhaw no ho dwuma ne sɛ wɔtraa bɔs no mu, na wɔtoaa so dii hyɛn no mufo no adanse bere a wɔnam kwan so no. Sɛ bɔs no kodu baabi a ɛrekɔ a, na akwampaefo no asan de bɔs no aba, na wɔreba nyinaa na wɔredi adanse. Bere a wɔkɔ bae mpɛn pii no, wɔkaa nea efii wɔn dwumadi no mu bae no boom: Wɔmaa nsɛmma nhoma bɛboro 200 na wofii Bible adesua asia ase. Hyɛn no mufo no bi fi wɔn pɛ mu de wɔn address ne wɔn telefon nɔma mae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɛsra wɔn wɔ fie. Dapɛn a edi hɔ no, akwampaefo no san kɔɔ bɔs agyinae hɔ, na wɔyɛɛ sɛnea wɔyɛe bere bi a atwam no pɛpɛɛpɛ. Wɔmaa nsɛmma nhoma 164, na wofii Bible adesua biako ase kaa ho. Woduu agyinae biako no, obi foroo bɔs no, na ɔkɔtraa akongua biako pɛ a aka no so—ɔkwampaefo bi nkyɛn pɛɛ. Ɔhwɛɛ onua no anim de serew kae sɛ: “Minim sɛ worebɛma me Ɔwɛn-Aban.”
15 Adawurubɔfo pii di adanse a etu mpɔn bere a wɔte bɔs, keteke, anaa wimhyɛn mu retu kwan no. Wobɛyɛ dɛn atumi ne ɔkwantuni a ɔte wo nkyɛn pɛɛ afi nkɔmmɔbɔ ase? Nea ɔdawurubɔfo bi a wadi mfe 12 yɛe ara ne sɛ ofii ase kenkanee Nyan! bi wɔ bɔs no mu, a na ɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛkanyan abeawa bi a na ɔte ne nkyɛn pɛɛ no anigye. Nea na ɔhwɛ kwan no baa mu. Abeawa no bisaa no dekode a ɔrekenkan no, na aberantewa no buae sɛ ɔrekenkan biribi a ɛfa nsɛnnennen a ɛto mmofra no ano aduru ho. Ɔka kaa ho sɛ wanya asɛm no so mfaso kɛse na ebetumi aboa ɔno nso. Ɔde anigye gyee nsɛmma nhoma no. Nkɔmmɔ no twaa mmofra foforo baanu nso asom, na wɔn nso gyee nsɛmma nhoma no bi. Eyi akyi no, nea ɔka bɔs no gyinae wɔ kwankyɛn, na obisae sɛ adɛn nti na wɔakyerɛ nsɛmma nhoma yi ho anigye pii saa. Bere a ohui no, ɔno nso gyee bi. Nokwarem no, sɛ ɔdawurubɔfo kumaa no nni nsɛmma nhoma dodow a ɛsɛ a obetumi ama obiara a ɔkyerɛɛ ho anigye bi a, anka eyi nyinaa amma!
16 Adanse a Wodi Wɔ Agodibea ne Baabi a Wɔde Kar Sisi: Adanse a wodi wɔ agodibea ne baabi a wɔde kar sisi no yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔnam so nya nkurɔfo. Woabɔ mmɔden sɛ wubedi adanse wɔ baabi a wɔde kar sisi wɔ aguadibea bi? Bere biara fa bere tiaa bi hwɛ wo ho hyia. Hwehwɛ obi a ɔmpɛ ntɛm anaasɛ ɔretwɛn wɔ kar bi a esi hɔ mu, na bɔ mmɔden ne no mfi adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ nkɔmmɔ no toa so a, fa Ahenni no ho asɛm bra mu. Bɔ mmɔden sɛ wo nkutoo wobɛyɛ adwuma, nanso ɛsɛ sɛ wobɛn ɔdawurɔbɔfo foforo. Kwati sɛ wobɛfa bag kakrakaa, a emu yɛ duru anaasɛ wobɛfa akwan foforo so atwe adwene aba w’adwuma no so. Yɛ anifere. Ɛbɛyɛ papa sɛ wubedi bere tiaa bi wɔ baabi a wɔde kar asisi, na woafi hɔ akɔ baabi foforo. Sɛ obi mpɛ sɛ ɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ a, fi obu mu toa so na hwehwɛ onipa foforo kɔ ne nkyɛn. Onua bi faa saa kwan yi so maa nsɛmma nhoma 90 wɔ ɔsram biako mu bere a ɔredi adanse wɔ mmeae a wɔde kar sisi no.
17 Ebinom kɔ agodibea kogye wɔn ahome; afoforo nso kɔ hɔ kodi agoru anaa wɔne wɔn mma kɔtra hɔ. Hwehwɛ hokwan fa di adanse bere a womfa wo ho nnyigye wɔn dwumadi mu ɔkwan a ɛmfata so. Onua bi ne agoprama bi sohwɛfo fii nkɔmmɔbɔ ase, na ohui sɛ na nnubɔne ne ne mma daakye ho asɛm haw no. Wofii ofie Bible adesua ase, na wɔyɛɛ no prama no so daa.
18 Bɔnnɔ So Adansedi Wɔ Adetɔnbea Ahorow: Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ebetumi ayɛ yiye sɛ wobedi adanse ankasa wɔ sotɔɔ dan ahorow mu wɔ adetɔnbea ahorow esiane sɛ wɔbara dwumadi a ɛtete saa wɔ mmeae bi nti no de, nanso adawurubɔfo binom hwehwɛ hokwan de di bɔnnɔ so adanse wɔ hɔ. Wɔtra agua bi so, na wɔne afoforo a wɔtra ase gye wɔn ahome no fi adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ wɔkyerɛ anigye a, wɔfa anifere kwan so de kratawa anaa nsɛmma nhoma ma, na wɔbɔ mmɔden yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe. Bere a wɔde bere tiaa bi adi adanse wɔ adetɔnbea no fã bi no, wɔtoa so ne onipa foforo kɔbɔ nkɔmmɔ wɔ ɔfã foforo. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantwe adwene amma yɛn so sɛnea ɛnsɛ bere a yɛredi adanse bɔnnɔ so wɔ saa kwan yi so no.
19 Sɛ wukyia obi a, fi nkɔmmɔbɔ no ase wɔ adamfofa kwan so. Sɛ wo tiefo no yɛ ho biribi a, bisa no asɛm, na afei yɛ aso tie no yiye bere a ɔkyerɛ n’adwene no. Kyerɛ nea ɔka no ho anigye ankasa. Da no adi sɛ w’ani sɔ n’adwenkyerɛ no. Baabi a ɛbɛyɛ yiye no, kyerɛ sɛ wo ne no yɛ adwene.
20 Onuawa bi ne ɔbea panyin bi bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ dɛ denam ka a ɔkaa sɛnea nneɛma bo akɔ soro ho asɛm no so. Ɔbea no tee ase ntɛm ara, na ɛkowiee nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye mu. Onuawa no tumi gyee ɔbea no din ne n’address, na ɔyɛɛ sankɔhwɛ wɔ dapɛn no ara mu.
21 Sotɔɔ Ahorow Mu Adwumayɛ: Mmeae a nnwuma wɔ ka asafo ahorow bi asasesin a ɛhyɛ wɔn nsa no ho. Onua a ɔyɛ asasesin ho adwuma no betumi ayɛ saa mmeae a nnwuma dɔɔso wɔ hɔ yi ho mfonini soronko. Ɛsɛ sɛ adan ho mfonini biara a nnwuma hyehyem no kyerɛ pefee sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nnwuma ahorow no mu adwuma ka asasesin no ho. Wɔ mmeae foforo no, wobetumi ayɛ nnwuma ne atrae nyinaa mu adwuma abom. Mpanyimfo no betumi ato nsa afrɛ adawurubɔfo a wɔfata ma wɔayɛ nsasesin a nnwuma wom mu adwuma daa, sɛnea ɛbɛyɛ a wommu ani ngu sotɔɔ ahorow mu adwumayɛ so.
22 Sɛ wɔto nsa frɛ wo sɛ bɛyɛ adwuma yi bi na sɛ wonyɛɛ bi da a, ɔkwampa a wubetumi afa so ‘anya nnamyɛ’ ne sɛ wubedi kan ayɛ sotɔɔ nketewa mu adwuma; afei sɛ wote nka sɛ woanya ahotoso pii a, yɛ akɛse no mu adwuma. (1 Tes. 2:2) Sɛ woreyɛ sotɔɔ ahorow mu adwuma a, siesie wo ho sɛnea worekɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so a wobɛyɛ no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kɔ sotɔɔ hɔ bere a adetɔfo biara nni hɔ a wɔretwɛn ma wɔahwɛ wɔn. Ka sɛ wopɛ sɛ wo ne adwumawura no anaa nea ɔda ano no kasa. Da anigye adi, na nea ɛsen biara no, ma w’asɛm nyɛ tiawa. Ɛho nhia sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ nea ba a woaba hɔ no nyɛ ne kwan so. Nnwuma pii hwehwɛ adetɔfo, na wɔhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bedi hɔ akɔneaba.
23 Sɛ wukyia sotɔɔ sohwɛfo bi wie a, wubetumi aka eyi: “Aguadifo nni adagyew koraa ma enti yɛntaa nto wɔn wɔ fie, enti yɛrebɛsra wo wɔ w’adwumam ha abɛma wo asɛm bi a ɛkanyan adwene akenkan.” Afei ka nsɛmma nhoma bi a wode rema mu asɛm biako anaa abien.
24 Anaasɛ wubetumi asɔ eyi ahwɛ bere a woakɔ adwumawura bi hɔ no: “Yɛahyɛ no nsow sɛ aguadifo bɔ mmɔden sɛ wobenya nneɛma ho nimdeɛ pii. Ɔwɛn-Aban (anaa Nyan!) foforo a aba no kura asɛm bi a ɛfa yɛn nyinaa ho sɛ́ ankorankoro.” Kyerɛ dekode a ɛyɛ, na ka eyi fa wie: “Yɛwɔ ahotoso sɛ w’ani begye n’akenkan ho.”
25 Sɛ adwumayɛfo no wɔ hɔ na sɛ ɛfata a, wubetumi de aka ho sɛ: “Metumi aka asɛntiaa koro no ara akyerɛ w’adwumayɛfo no?” Sɛ ɔma ho kwan a, kae sɛ woahyɛ bɔ sɛ w’asɛm bɛyɛ tiawa, na adwumawura no bɛhwɛ kwan sɛ wubedi wo bɔhyɛ so. Sɛ adwumayɛfo bi pɛ sɛ wɔne wo bɔ nkɔmmɔ tenten a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ wɔn afie.
26 Nnansa yi ara, adawurubɔfo bi a wɔwɔ kurow ketewa bi mu ne ɔmansin sohwɛfo no kɔyɛɛ sotɔɔ ahorow mu adwuma. Mfiase no na adawurubɔfo no bi bɔ hu, efisɛ na wɔnyɛɛ saa adwuma no bi da; nanso ankyɛ na wɔkaa wɔn koma too wɔn yam, na wofii ase nyaa mu anigye. Anni dɔnhwerew biako, na wɔne nnipa 37 akasa, na wɔama nsɛmma nhoma 24 ne nhomawa 4. Onua biako kae sɛ mpɛn pii no, wontumi nnya nnipa pii wɔ afie afie adwuma a wɔyɛ no ɔsram biako mu sɛnea wonyae wɔ bere tiaa bi a wɔde yɛɛ sotɔɔ ahorow mu adwuma mu no.
27 Hokwan Ahorow a Yɛbɛma Ada Hɔ Ama Asɛnka: Ɛnyɛ akwan tẽẽ nkutoo so na Yesu nam dii adanse. Ɔtrɛw asɛmpa no mu wɔ bere a ɛfata biara mu. (Mat. 9:9; Luka 19:1-10; Yoh. 4:6-15) Hyɛ sɛnea adawurubɔfo binom rema kwan abɛda hɔ ama wɔde aka asɛm no nsow.
28 Ebinom de yɛ wɔn su sɛ wobedi awofo a wɔretwɛn wɔn mma wɔ sukuu ahorow kwan ano adanse. Esiane sɛ awofo pii du hɔ bɛyɛ simma 20 ansa na bere aso nti, bere wɔ hɔ a wobetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a egyina Kyerɛwnsɛm mu asɛmti bi so.
29 Akwampaefo pii yɛ anidahɔ sɛ wobenya nnipa a ebia wɔn ani gye asɛm pɔtee bi a wɔaka ho asɛm wɔ yɛn nsɛmma nhoma no mu ho kɛse no. Sɛ́ nhwɛso no, bere a onuawa bi de asɛm bi a ɛwɔ afã horow a ɛne “Sukuu Ahorow wɔ Ɔhaw Mu,” a epuee December 22, 1995, Engiresi Nyan! mu no kɔɔ sukuu ahorow asia a ɛwɔ n’asafo no asasesin mu no, nkurɔfo kyerɛɛ ho anigye kɛse. Ɔde nsɛmma nhoma a ɛfa abusua asetra ne mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa ho kɔɔ abusua ho afotufo adwumayɛbea, na wɔne no hyehyɛe sɛ daa ɔmfa nea ɛbɛba a ɛka nneɛma a ɛtete saa ho asɛm mmra. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nea nkurɔfo yɛe wɔ March 8, 1996, Nyan! no ho wɔ adwuma a wonnya nyɛ ho dwumadibea no “boroo so.”
30 Ɔmantam sohwɛfo bi bɔ amanneɛ sɛ daa ɔne ne yere di adanse bɔnnɔ so bere a wɔretotɔ nnuan ho nneɛma no. Wɔtotɔ nneɛma no wɔ da no mu bere a sotɔɔ no mu nkyeree so kɛse, na adetɔfo no nenam nneɛma no ntam bɔkɔɔ no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ wonya nkurɔfo pii ne wɔn bɔ nkɔmmɔ anigye so.
31 Adawurubɔfo pii bɔ amanneɛ sɛ, sɛ wodi adanse wɔ mmeae a ɔmamfo kɔhoro wɔn ntade a, nneɛma pa fi mu ba. Wonnyaw nsɛmma nhoma dedaw anaa nkratawa ngu hɔ kɛkɛ bere a obiara nni hɔ no. Wɔn botae ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo, enti wɔbɔ mmɔden ne wɔn a wɔkɔ hɔ kɔhoro wɔn nneɛma no kasa tẽẽ.
32 Wɔ mmeae bi no, adawurubɔfo bi a wɔapaw wɔn nya tumi krataa de kodi adanse wɔ wimhyɛn gyinabea ahorow. Ɛtɔ mmere bi a wonya anigye bere a wodi akwantufo a wofi amannɔne a wɔte aman a Yehowa nkurɔfo nnɔɔso wɔ hɔ mu no. Baabi a wɔkyerɛ anigye no, wɔma kratawa anaa nsɛmma nhoma.
33 Sɛ wɔmma kwan mma nkurɔfo nni wɔn a wɔtete adan a wɔbɔ ho ban yiye a ɛwɔ asafo no asasesin mu no adanse tẽẽ no, ebinom de yɛ wɔn su sɛ wɔde anifere bedi awɛmfo a wɔwɔ hɔ no anaasɛ office ahorow a ɛwɔ ho no adwumawuranom adanse. Saa kwan no ara na wɔfa so wɔ ankorankoro atrae a awɛmfo bɔ ho ban no mu. Ɔmansin sohwɛfo bi ne adawurubɔfo bi faa saa kwan yi so kɔsrasraa adan akɛse ason. Emu biara mu no, wɔka kyerɛɛ ɛhɔ panyin no sɛ ɛwom sɛ wonni hokwan sɛ wɔkɔ adan no mu sɛnea anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ no de, nanso wɔmpɛ sɛ nsɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma a aba foforo no mu no pa ne ti so. Mpanyimfo a wɔwɔ adan akɛse ason no nyinaa mu de anigye gyee nsɛmma nhoma no na wɔkae sɛ wobehia nea ɛbɛba bio no nso! Afei wɔne wɔn a wɔtete adan no mu no kasa wɔ telefon so.
34 Yere Wo Ho Di Adanse Wɔ Baabiara: Nea ɛka tra a yɛbɛtra ase ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia ho ne sɛ yɛbɛte nka sɛ yɛn adwuma a ɛne Ahenni no ho asɛm a ɛsɛ sɛ yɛka no gye ntɛmpɛ. Nea ɛbɛyɛ na yɛakasa akyerɛ nkurɔfo wɔ bere a eye ma wɔn mu no, ehia sɛ yɛde nea yɛn ankasa pɛ to nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a “ɛyɛ dɛn ara a, [yebegye] ebinom nkwa.” Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa tumi ka nea ɔsomafo Paulo kae yi bi: “Eyi nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya [me ne afoforo anya, NW] emu kyɛfa.”—1 Kor. 9:22, 23.
35 Paulo kyerɛwee bio sɛ: “Enti mede fɛw pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtra me so. . . . Efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.” (2 Kor. 12:9, 10) Ɔkwan foforo so no, yɛn mu biara ntumi mfa n’ankasa ahoɔden nyɛ saa adwuma yi. Ehia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae srɛ ne honhom kronkron a ɛwɔ tumi no. Sɛ yɛbɔ mpae srɛ ahoɔden fi Onyankopɔn hɔ a, yebetumi anya ahotoso sɛ obetie yɛn mpaebɔ. Afei ɔdɔ a yɛwɔ ma nkurɔfo no bɛka yɛn ma yɛahwehwɛ hokwan ahorow de aka asɛmpa no akyerɛ wɔn, wɔ baabiara a yebehu wɔn. Wɔ dapɛn a ɛreba no mu no, dɛn nti na wommɔ mmɔden mfa nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ krataa a ɛhyɛ mfinimfini yi mu no mu biako nni dwuma?