Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Borɔn So Adansedi A Ɛsow Aba So
1 Borɔn so adansedi nyɛ ade foforo. Wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka n’asɛm no wɔ “Yerusalem mmorɔn so.” (Yer. 11:6) Yesu Kristo kyerɛkyerɛe wɔ nkurow ne nkuraa a ɔkɔɔ mu no “mmɔnten so.” (Luka 13:22, 26) Ɛwom sɛ afie afie nsrahwɛ ne ɔkwan titiriw a Yehowa nnɛyi adansefo fa so kɔ nkurɔfo nkyɛn de, nanso borɔn so adansedi da so ara yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so bɔ Ahenni asɛm no dawuru.
2 Sɛ́ ɛyɛ nea nnakoro nnakoro bi na woyɛ borɔn so adansedi adwuma anaa ɛyɛ nea wode bere pii yɛ ɔsom adwuma yi no, wobɛpɛ sɛ dɔnhwerew biako biara a wode yɛ borɔn so adansedi adwuma no yɛ nea ɛsow aba sɛnea wubetumi. Ɔkwan bɛn so? Dɛn na wubetumi ayɛ? Nea edi kan no, ma ɛntra w’adwene mu sɛ wo botae ne sɛ wo nsa bɛka nkurɔfo na woaka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Bere a saa botae no wɔ w’adwene mu no, paw beae a nkurɔfo pii twam wɔ hɔ bere nyinaa. Ebinom hu sɛ mmeae a wodi gua, mmeae a ɛbɛn bɔs anaa trɔtrɔ gyinabea anaa mmeae a nkurɔfo taa kɔ hɔ kogye wɔn ahome yɛ mmeae pa. Afei nso borɔn so adansedi betumi ayɛ nea etu mpɔn anɔpa ne anwummere bere a nkurɔfo rekɔ adwuma anaa wofi adwuma reba fie no. Yebetumi akɔ nkurɔfo nkyɛn bere a wɔrewura mmeae ahorow a ɛyɛ den sɛ yebenya kwan akɔ hɔ anaa wɔrepue afi hɔ no.
SƐNEA WƆYƐ NO
3 Sɛ wowɔ nipadua mu ahoɔden a wutumi nantew a, ɛyɛ nea mpɛn pii eye sɛ wobɛkɔ nnipa a wɔretwam nkyɛn sen sɛ wobɛtwɛn ma wɔaba wo nkyɛn. Bere a woreyɛ saa no, hwɛ nnipa a ɛsɛ sɛ wokɔ wɔn nkyɛn na fa nhumu ne anidahɔ di dwuma. Wɔ nyansa mu no, nkɔ nnipa a wohwɛ a wɔbɛhaw adwene no nkyɛn. Nea ɛsen ne nyinaa no, yi adamfofa su, anigye ne obu adi bere a wokɔ wɔn nkyɛn no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ wɔn anim. Bɔ mmɔden sɛ wode nsemmisa a ɛyɛ tẽe na ɛkanyan adwene bedi dwuma de akanyan nsɛmma nhoma no ho anigye. Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, fa nyansa kwan so bisa ne din ne n’address sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akɔsra no. Wɔ nsasesin binom mu no ebia ɛbɛyɛ nea eye sɛ wo ne afoforo bɛyɛ adwuma; nanso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ pii no, tew wo ho kakra na yɛ adwuma nanso ma ɛnyɛ nea ɛbɛn a mubetumi aboa mo ho mo ho.
4 Beae koro a wubedi adanse wɔ hɔ bere nyinaa wɔ bere a woahyehyɛ mu betumi ama wo borɔn so adansedi atu mpɔn kɛse. Ebinom a wɔyɛ eyi no ahu sɛ nnipa no ba behu wɔn na wɔne wɔn bɛyɛ nnamfo. Onuawa bi a wanyin yɛɛ eyi wɔ asafo biako mu wɔ United States. Esiane sɛ bere bi mu ɔyare amma wantumi ankɔ beae a ɔkɔ bere nyinaa no nti, nkurɔfo hyɛɛ da kyerɛw asafo no bisaa nea enti a wonhu no.
5 So wontaa nto nnipa pii wɔ w’asasesin no mu? Ɛbaa saa wɔ nnipa baanu bi fam na wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ borɔn so adwuma wɔ baabi a ɛbɛn hɔ. Wɔ dɔnhwerew biako ntam no, wɔn mu biara maa nsɛmma nhoma 17. Nnipa a wɔne wɔn kasae no pii kae sɛ wɔte asasesin a na adawurubɔfo no ayɛ adwuma wom saa anɔpa no mu.
6 Akyinnye biara nni ho sɛ borɔn so adansedi tumi sow aba pa pii na ɛyɛ saa nso. Wɔ a yɛwɔ hɔ wɔ baguam mmeae ahorow no ankasa mpo di asɛm a yekura no ho adanse pa. Canada atesɛm krataa biako kae sɛ: “Ɛbɛyɛ nea egye akokoduru sɛ wubegyina hɔ na wode saa nsɛmma nhoma yi ama nnipa a wɔretwam. Saa Yehowa Adansefo a wɔyɛ saa no ani nwu na wɔnyɛ wɔn a wobu wɔn ho dodo na ɛda adi sɛ wɔn ani gye nsɛmma nhoma no ho.”
7 Wo nso, wubetumi ayɛ borɔn so adansedi adwuma na nneɛma pa betumi afi mu aba. Yehowa Nyankopɔn behyira mmɔden anakasa a wobɔ sɛ wobɛfa ɔsom kwan yi so de aka Ahenni nokware no ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no so.