Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Borɔn So Adansedi a Etu Mpɔn So
1 “Nyansa teɛm mmorɔn so.” (Mmeb. 1:20) Yesu Kristo kyinkyinii mmeae ahorow na ɔkaa asɛmpa no wɔ baguam. (Luka 8:1) Paulo kaa asɛm wɔ gua so sɛnea Asomafo no Nnwuma 17:17 di ho adanse no. Borɔn so adansedi yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so de asɛmpa no du nkurɔfo nkyɛn nnɛ.
2 Yebetumi ayɛ borɔn so adansedi wɔ bɔs ne ketetke gyinabea ahorow, adwumayɛbea bi anim anaasɛ wɔ baabi a ɛbɛn adan a yɛrentumi nkɔ mu ho. Na mmorɔn so ne ɔmanfo agorudibea nso ɛ? Sɛ yɛreyɛ borɔn so adansedi adwuma a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛrennyina aguadidan mu nneɛma anim anaasɛ yɛrensiw nnipa a wɔretwam no kwan.
SƐNEA WOBƐYƐ NO
3 Kɔ nnipa no nkyɛn! Wɔ eyi yɛ mu no, ɛho hia sɛ yɛyɛ nyiyim. Adawurubɔfo binom a wɔn ho akokwaw bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ onipa no anim bere a wɔrebɛn no no, na bere a wɔakyia no anigye so akyi no, wɔtoa so de nsɛmma nhoma no ma.
4 Nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔ bere tiaa mu taa yɛ nea eye sen biara. Asemmisa anaasɛ asɛm bi a wobɛka a ɛbɛkanyan onipa a ɔretwam no adwene yɛ nea etu mpɔn kɛse. Sɛ obi kyerɛ ho anigye a, ebia wubetumi agye ne din ne n’address na woakyerɛ sɛ wobɛba ne fi abɛtoa nkɔmmɔbɔ no so.
AHOSIESIE HO HIA
5 sɛ wubetumi ayɛ borɔn so adansedi adwuma ma atu mpɔn a, ahosiesie ho hia. Bɔ mmɔden sɛ wubedi kan akenkan nsɛmma nhoma no na afei woapaw asɛntitiriw biako anaasɛ abien a wugye di sɛ afoforo ani begye ho. Eye sɛ wo ne w’abusua no muni anaasɛ ɔdawurubɔfo foforo bɛbobɔ sɛnea wobɛyɛ no no so ahwɛ. Eyi betumi aboa wo ma woahu faako a wubetumi anya nkɔso.—Mmeb. 27:17.
6 Eye sɛ wubefi borɔn so adansedi ase ntɛm anɔpa bere a nkurɔfo rekɔ adwuma anaasɛ bere a wɔresan aba fie anwummere. Wɔn a wonya borɔn so nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa no anya osuahu ahorow pii a ɛhyɛ nkuran. Yiw, borɔn so adansedi a etu mpɔn bɛma nnipa afoforo pii abenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu. Momma yɛmfa nnamyɛ ne anigye nyɛ!