Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/11 kr. 2
  • Mmorɔn so Adansedi a Etu Mpɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmorɔn so Adansedi a Etu Mpɔn
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Borɔn So Adansedi A Ɛsow Aba So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Borɔn So Adansedi a Etu Mpɔn So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Anigyefo a Yɛbɛhwehwɛ Wɔn Denam Mmɔnten so Adansedi a Etu Mpɔn So
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Borɔn So Ne Asasesin A Nnwuma Ahorow Wom Mu
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 6/11 kr. 2

Mmorɔn so Adansedi a Etu Mpɔn

1. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so asuasua Yesu?

1 Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔne nkurɔfo a ohyiaa wɔn wɔ kwan so ne baguam no bɛkasa. (Luka 9:57-61; Yoh. 4:7) Ná ɔpɛ sɛ ɔka asɛm no kyerɛ nnipa pii sɛnea obetumi. Ɛnnɛ, mmorɔn so adansedi yɛ ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so aboa nnipa ma wɔanya ɔsoro nyansa. (Mmeb. 1:20) Sɛ yebetumi atu mpɔn wɔ eyi mu a, gye sɛ yedi kan da nhumu adi.

2. Sɛ yɛredi adanse wɔ mmorɔn so a, anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ yetu?

2 Di Kan Tu Ho Anammɔn: Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkɔ nnipa no nkyɛn sen sɛ yebegyina baabi anaa yɛbɛtena faako atwɛn sɛ wɔn a wɔretwam no mmom bɛba yɛn nkyɛn. Serew, hwɛ wɔn anim na da odwo ne adamfofa su adi. Sɛ wo ne adawurubɔfo afoforo na ɛnam a, ɛnsɛ sɛ mo nyinaa bom kɔ onipa biako nkyɛn. Afei nso, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wo nsa bɛka wɔn a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye no bio. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne onipa no bɔ nkɔmmɔ wie a, bisa no ma ɔnkyerɛ wo baabi a wobɛsan ahu no. Adawurubɔfo binom taa yɛ adwuma wɔ beae pɔtee bi ma enti wɔne ebinom bɔ nkɔmmɔ mpɛn pii de kanyan wɔn anigye.

3. Sɛ yɛredi adanse wɔ mmorɔn so a, yɛbɛyɛ dɛn ada nhumu adi?

3 Fa Nhumu Yɛ Adwuma: Fa nhumu di dwuma na ama woahu baabi a ɛsɛ sɛ wugyina wɔ mmɔnten so ne nnipa a ɛsɛ sɛ wo ne wɔn kasa. Ɛnyɛ obiara a ɔretwam no na ɛsɛ sɛ wo ne no kasa. Fa w’ani to fam. Sɛ nhwɛso no, sɛ onipa no pɛ ntɛm a, ma no ntwam. Sɛ woredi adanse wɔ baabi a nnwuma wɔ a, da nhumu adi sɛnea ɛbɛyɛ a worenyɛ biribi a ɛbɛhaw adwumawura no. Ɛbɛyɛ papa sɛ wubedi wɔn a wɔapue afi adwumam hɔ no adanse sen sɛ wubedi wɔn a wɔrehyɛn mu no adanse. Sɛ worekɔ nkurɔfo nkyɛn a, mma wɔn koma ntu anaa wɔmmmɔ hu. Afei nso, sɛ wode nhoma rema obi a da nhumu adi. Sɛ onipa no ankyerɛ asɛm no ho anigye kɛse a, mfa nsɛmma nhoma mma no na mmom ma no kratawa.

4. Dɛn nti na mmorɔn so adansedi yɛ akwan a yɛfa so di adanse a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so?

4 Mmorɔn so adansedi boa ma yɛpete nokware aba no pii wɔ bere tiaa bi mu. (Ɔsɛnk. 11:6) Nnipa a yehyia wɔn no mu bi yɛ wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie bere a yɛreyɛ afie afie asɛnka no. Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe mfa wo ho nhyɛ mmorɔn so adansedi, a ɛyɛ asɛnka adwuma no fã a ɛyɛ anigye na etu mpɔn no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena