Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase June 27
DAPƐN A EFI ASE JUNE 27
Dwom 123 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 5 ¶17-22 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Dwom 52-59 (Simma 10)
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu (Simma 20)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. “Nnɔnhwerew Ahe na Ɛsɛ sɛ Mibu Ho Akontaa?” Ɔkasa a asafo mu panyin ma. Ɔkasa no akyi no, ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 4 no nyɛ sɛnea yebetumi afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ July mu no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyem.
10 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma Bɛma wɔ July Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien kyerɛ nsɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu. Afei paw emu nsɛm abien anaa abiɛsa na ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wobebisa ne kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan bere a wɔde rema no. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Da Anifere Adi Bere a Woreka Asɛm No. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 197-199 so. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a ɔdawurubɔfo bi anyɛ anifere bere a ɔrebua asɛm a wɔtaa bisa wɔ asɛnka mu no. Afei ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ foforo a ɔdawurubɔfo bi da anifere adi bere a ɔrebua asɛm koro no ara no.
Dwom 92 ne Mpaebɔ