Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere
1 Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Yesu Kristo tete asuafo no mu binom sɛ, “Mode mo kyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma.” (Aso. 5:28) Na ɛda adi sɛ anuanom no ayɛ adansedi adwuma pa wɔ saa kurow no mu, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔde nsiyɛ yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ obiara a ɔwɔ wɔn asasesin no mu nkyɛn. Wɔkɔɔ so dii adanse fefeefe wɔ hɔ ne mmeae afoforo.—Aso. 8:25.
2 Wɔ mmeae pii nnɛ no, yɛde nokware no ho nkyerɛkyerɛ ahyɛ yɛn asasesin mu ma. Adawurubɔfo no adɔɔso yiye, na ama asafo ahorow no nso dodow akɔ anim saa ara. Nsasesin abɛyɛ nketewa, na yɛyɛ mu adwuma mpɛn pii sɛnea ɛsɛ. Ɛho abehia sɛ yɛtrɛw yɛn asasesin mu na ama yɛde asɛmpa no adu nkurɔfo pii nkyɛn.
ANWUMMERE ADANSEDI MU MFASO HOROW
3 Mprempren wiasefo pii te nka ma ɔman yi mu Yehowa Adansefo. Enti, adawurubɔfo pii ahu sɛ wobetumi atrɛw wɔn asasesin mu denam afie mu a wɔbɛkɔ anwummere no so. Saa bere no wotumi kɔto afiewuranom pii a wɔntaa ntra fie awiabere. Adawurubɔfo akyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ wohu obi wɔ ofie biara mu wɔ wɔn asasesin mu bere a wɔkɔ hɔ anwummere no. Ɛnyɛ sɛ nnipa pii wɔ fie nko, na mmom wɔn a wɔkɔto wɔn no nso wɔ adagyew, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie yɛn nkrasɛm no nso. Amansin so ahwɛfo atumi aboa asafo ahorow bi ma wɔayɛ anwummere adansedi ho nhyehyɛe wɔ wɔn akuw horow mu. Wɔhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa daa Wukuda anwummere adansedi yi wɔ ɔmansin sohwɛfo no nsrahwɛ no mu.
4 So woabɔ mmɔden sɛ wubedi adanse anwummere wɔ w’asasesin no mu? Esiane sɛ ɛda adi sɛ yebehyia nkurɔfo pii a wɔwɔ adagyew anwummere nti, yenya hokwan a ɛbɛma yɛakyɛ kakra asen sɛnea anka yɛbɛyɛ no. Yebetumi de anwummere no fã ayɛ afie afie adansedi wɔ anifere kwan so anaa akɔ wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no nkyɛn. Afei ebia akyiri yi wɔ anwummere no ara mu no, yebetumi akɔyɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua. Wɔ bere a ade sa ntɛm wɔ afe no mu mpo no, yebetumi de anwummere no mu nnɔnhwerew a edi kan no ayɛ afie afie adansedi. Nokwarem no, ehia sɛ yɛde adwene a emu tew di dwuma na yɛyɛ anifere, ne titiriw bere a yɛredi adanse wɔ mmeae a ebia ɛhɔ yɛ hu bere a ade asa no.
SUSUW AFOFORO HO
5 Ɛsɛ yebetumi akɔ anwummere adansedi a, ehia sɛ yɛma nsɛntitiriw bi tra yɛn adwenem. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ nsrahwɛfo a wɔnhwɛ wɔn kwan a wɔreba wɔn fie anwummere betumi ama ehu aka nkurɔfo wɔ mmeae bi nti, yɛpɛ sɛ yɛda anigye ne adamfofa su adi wɔ yɛn nnianim nsɛm mu, na yɛfa teokrase nyansa kwan so da nea enti a yɛaba hɔ no adi pefee ntɛm. Sɛ yebetumi ada no adi sɛ yedwen afiewuranom yiyedi ho wɔ nokwarem a, ɛda adi kɛse sɛ wɔn koma rentu, na wobetumi anya ɔpɛ kɛse sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn adwene pefee.
6 Mmeae bi no, afiewuranom ayɛ nhyehyɛe ahorow de bɔ wɔn ho ban. Eyi betumi ahwehwɛ sɛ yɛbɛbɔ dɔn bi wɔ ɔpon no ano, anaa yɛde biribi foforo bedi dwuma, a egyina sɛnea asasesin no mu te so. Sɛ yɛkyerɛ obu ma nhyehyɛe a ofiewura no ayɛ no a, ebia ɔbɛpene so kɛse sɛ obetie nokware ahorow a yɛpɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ no no.
7 Asafo ahorow pii ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔde dapɛn no mu anwummere biako anaa nea ɛboro saa bɛkɔ kuw adansedi. Eyi ama adawurubɔfo a wɔyɛ bere nyinaa honam fam adwuma no anya hokwan kɛse de nya ɔsom adwuma no mu kyɛfa, na wɔne adawurubɔfo binom mpo a wɔne wɔn nyɛɛ adwuma da esiane wɔn adwuma bere nhyehyɛe a enhyia nti no yɛ adwuma. Anwummere adansedi ama adawurubɔfo binom atumi ama bere a wɔde kɔ asɛnka no adɔɔso, na eyi nso ama wɔn ho akokwaw kɛse wɔ asɛmpa no a wɔka kyerɛ afoforo no mu. Afei nso, ama wɔafi Bible adesua pii ase, efisɛ wɔkɔto nnipa a wontiee Yehowa Adansefo da.
8 So wubetumi anya anwummere adansedi mu kyɛfa, na wode hokwan foforo yi ayɛ “ɔsɛmpakafo adwuma”? (2 Tim. 4:5) Sɛ yɛn mu pii tumi bua saa asemmisa no sɛ yiw a, ebia yɛn nso yɛbɛyɛ adwuma pa wɔ nokware no a yɛde bɛhyɛ yɛn asasesin mu ma no mu.