Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere Adansedi Mu
1 Bere a Yehowa reyɛ anoboaboa adwuma no ntɛmntɛm no, wɔrehyehyɛ asafo afoforo pii wɔ baabiara, adawurubɔfo ne akwampaefo dodow rekɔ anim, na adawurubɔfo pii de bere pii reyɛ adwuma wɔ asɛnka adwuma no mu. Wɔ mmeae horow bi no ɛte sɛ nea asasesin a wɔyɛ mu adwuma no sua dodo. Ebia adawurubɔfo kɔ afie koro no ara mu mpɛn pii. Nanso yɛahyɛ no nsow nso sɛ nnipa no mu pii wɔ hɔ a sɛ yɛkɔ wɔn afi mu awia a yɛnto wɔn, na ɛwom sɛ yɛyɛ asasesin no mu adwuma daa de, nanso ebinom ntaa nnya hokwan nte Ahenni nkrasɛm no.
2 Ɛbɛyɛ nkuranhyɛ ama wo sɛ wubehu sɛ saa tebea yi resakra wɔ asafo ahorow pii a adawurubɔfo no afi ase de wɔn adwene resi anwummere adansedi so no mu. Adawurubɔfo bɔ amanneɛ-sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔto onipa wɔ ofi biara mu wɔ nsasesin bi mu, bere a nnipa kakraa bi na wɔwɔ fie awia wɔ saa mmeae no. Wɔbɔ amanneɛ nso sɛ ɛtaa ba sɛ edu anwummere a na nkurɔfo regye wɔn ahome na sɛ wɔde Ahenni asɛm no kɔ wɔn nkyɛn a wonya ɔpɛ sɛ wobetie.
YƐ OBI A ƆWƆ NTEASE
3 Sɛ yebetumi anya nkɔso wɔ anwummere adansedi mu a nsɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu. Ebia nkurɔfo besuro wɔ ahɔho a wɔnhwɛ wɔn kwan a wonnim wɔn no ho, titiriw no, bere a ade asa no. Ɛsɛ sɛ yesusuw ɔkwan a yɛbɛfa so akɔ afiewuranom nkyɛn no ho. Nea wɔaka wɔ Reasoning nhoma no kratafa 9 no a yebetĩ mu betumi aboa. Ehia sɛ yɛma nkurɔfo no hu sɛ wɔn yiyedi ho asɛm hia yɛn ankasa. Reasoning nhoma no kae yɛn nso sɛ yenni nneɛma a ɛyɛ amanne a wɔhwɛ kwan wɔ ahɔho ho no so. Ebia nea ɛka eyi ho ne sɛ yebekyia ofie hɔfo na yɛada yɛn ho adi wɔ ɔkwan pa so na yɛadi mpɔtam hɔ amanne a ɛfa eyi ho no so.
4 Ɛnsɛ sɛ nsrahwɛ a wɔnhwɛ kwan yi ba wɔ mmere a ɛmfata mu. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma ofiewura no kwan a ɔfa so bɔ ne ho ban no. Sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan ne ɔwɛnfo a ɔwɔ hɔ no kasa a, ɛsɛ sɛ yɛde obu yɛ saa.
5 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye, yɛyɛ wɔn a wɔwɔ ntease, na yɛyɛ anifere bere nyinaa. Ebia mmeae bi wɔ yɛn asasesin no mu a yɛbɛka sɛ ɛhɔ yɛ hu sen mmeae afoforo. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛde ahwɛyiye a ɛfata bedi dwuma bere a yɛreyɛ mmeae a ɛtete saa mu adwuma no.—Yak. 3:17.
EMU MFASO HOROW
6 Ntease pii wɔ hɔ a enti anwummere adansedi betumi ayɛ nea etu mpɔn wɔ mo asafo no mu. Mubetumi adi adanse fefeefe efisɛ moto nnipa pii wɔ afie afie adwuma. no mu. Ɛda adi sɛ sɛ wɔyɛ asasesin no mu adwuma anwummere a, ebia wɔbɛto afiewuranom a wonni fie awiabere anaa dapɛn awiei no mu pii. Ebia adawurubɔfo a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobefi adi akɔ asɛnka dapɛn awiei no betumi de dɔnhwerew biako anaa abien akɔ anwummere afie afie adansedi dapɛn biara. Daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo betumi anya hokwan pii ma wɔne asafo mu adawurubɔfo ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Ebinom ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ ofie Bible adesua anwummere no, bere a wɔde dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa ayɛ afie afie adwuma no akyi.
7 So mo asafo no wɔ kuw nhyehyɛe a wɔde kɔ anwummere adansedi? So wode wo ho ahyɛ saa ɔsom dwumadi yi mu? Nneɛma ho a wodi kan susuw ne ahosiesie ho hia. Nanso wɔn a wɔde hokwan ahorow nyinaa a wonya no di dwuma de wie yɛn asɛmpa no ho ɔsom adwuma no nya nhyira pii.—2 Tim. 4:5.