Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/12 kr. 1
  • So Wubetumi Adi Adanse Anwummere?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Adi Adanse Anwummere?
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Asakra Wo Bere Nhyehyɛe Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Woasɔ Anwummere Adansedi Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere Adansedi Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 10/12 kr. 1

So Wubetumi Adi Adanse Anwummere?

1. Sɛnea ɔbenfo bi kyerɛ no, bere bɛn na na ɔsomafo Paulo ka asɛm no wɔ afie afie?

1 Sɛnea nhoma a wɔfrɛ no Daily Life in Bible Times kyerɛ no, na ɔsomafo Paulo taa yɛ afie afie asɛnka adwuma no “fi anwummere nnɔnnan kosi anadwo.” Yennim sɛ ebia na eyi yɛ nhyehyɛe a Paulo ayɛ de kɔ asɛnka, nanso yenim sɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛyɛ ade nyinaa’ esiane “asɛmpa no nti.” (1 Kor. 9:19-23) Ɛbɛyɛ sɛ eyi ka ho bi nti na na ɔyɛ nhyehyɛe kɔ afie afie bere a na ɔbɛto nnipa dodow no ara no.

2. Dɛn nti na anwummere yɛ bere pa a yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no?

2 Wɔ mmeae pii no, adawurubɔfo taa kɔ afie afie asɛnka anɔpa wɔ dapɛn no mu. Nanso, so eyi da so ara yɛ bere pa a mode yɛ saa wɔ mo mpɔtam hɔ? Ɔkwampaefo bi ka n’asasesin ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ den paa sɛ wobɛto obi wɔ fie wɔ ɛda no mu. Nanso nnipa dodow no ara wɔ fie anwummere.” Anwummere adansedi betumi ama yɛanya hokwan paa de aka asɛmpa no akyerɛ mmarima titiriw. Saa bere no afiewuranom taa gye wɔn ahome ma enti wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ. Sɛ ɛbɛboa a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ anwummere asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe.

3. Dɛn na yɛbɛyɛ de ada nhumu adi bere a yɛredi adanse anwummere no?

3 Da Nhumu Adi: Sɛ woredi adanse anwummere a, ɛho hia sɛ woda nhumu adi. Sɛ nhwɛso no, sɛ wuhu sɛ bere a wokɔɔ hɔ no nye mma ofiewura no, sɛ ebia na ɔredidi a, ɛyɛ papa sɛ wobɛka akyerɛ no sɛ wobɛsan aba akyiri yi. Sɛ ade asa a, gyina baabi a ofiewura no betumi ahu wo, da wo ho adi ntɛm ara, na ka nea enti a woaba hɔ kyerɛ no. Nyansa wom nso sɛ wo ne obi bɛkɔ anaa mobɛbom akɔ sɛ kuw, fa baabi a nkanea wɔ na ntew wo ho. Nkɔ afiewuranom nkyɛn bere a ade asa pii na woankɔhaw wɔn bere a wɔrekɔda. (2 Kor. 6:3) Sɛ ade sa na beae bi yɛ hu a, kɔ hɔ asɛnka bere a anim mmiribirii.—Mmeb. 22:3.

4. Nhyira ahorow bɛn na anwummere adansedi ma yenya?

4 Nhyira Ahorow: Sɛ yenya nkurɔfo di wɔn adanse a, ɛma asɛnka yɛ dɛ paa. Dodow a yenya nkurɔfo di wɔn adanse no, dodow no ara na yebenya hokwan aboa afoforo ma wɔanya ‘ogye ne nokware no ho nimdeɛ.’ (1 Tim. 2:3, 4) So wubetumi asakra wo bere nhyehyɛe na ama woadi adanse anwummere?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena