Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase October 8
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 8
Dwom 75 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 27 ¶19-26, nnaka a ɛwɔ nkr. 212, 214, 217 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Daniel 7-9 (Simma 10)
No. 1: Daniel 7:13-22 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So Bible no Kyerɛ sɛ Nokware Kristofo Bɛyɛ Ahyehyɛde?—rs-E kr. 282 ¶1-4 (Simma 5)
No. 3: Akwan Bɛn so na Yehowa Yɛ Ɔnokwafo?—Adi. 15:4; 16:5 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Bere a Obi Ka sɛ, ‘Minni Adagyew.’ Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma no kratafa 19, nkyekyɛm 5, kosi kratafa 20, nkyekyɛm 4 so. Munsusuw mmuae a wɔakyerɛ sɛ yebetumi de ama no ne mmuae afoforo a moatumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no ho. Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien.
10 min: Dɛn na Yesua Fi Mu? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan Mateo 21:12-16 ne Luka 21:1-4. Munsusuw asuade a ɛwɔ kyerɛwtohɔ yi mu no ho.
10 min: “So Wubetumi Adi Adanse Anwummere?” Nsɛmmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, ma atiefo nka osuahu a wɔanya bere a wɔreyɛ anwummere anwummere adansedi no nkyerɛ.
Dwom 92 ne Mpaebɔ